2 Korintofoɔ 3 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Paulo ahotosoɔ di n’adwuma ho adanseɛ

1 2 Ko 5.12 Yɛrefiti aseɛ bio ayi yɛn ho ayɛ anaa? Anaasɛ ɛhia ma yɛn sɛ yɛde ayeyie krataa brɛ mo anaasɛ yɛnya bi firi mo nkyɛn, sɛdeɛ ebinom yɛ no anaa?

21 Ko 9.2 Mone yɛn krataa a wɔatwerɛ no yɛn akoma mu a nnipa nyinaa hunu na wɔkenkan,

3Eks 24.12 na moda adi sɛ moyɛ Kristo krataa a wɔnam yɛn som so twerɛeɛ; wɔamfa adubire, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ, ɛnyɛ aboɔ apono so, na mmom akoma ho nam apono so.

Onyankopɔn ma Paulo fata n’adwuma

4Saa ahotosoɔ yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Nyankopɔn fam.

52 Ko 2.16 Ɛnyɛ sɛ yɛn ara yɛfata sɛ yɛbɛsusu ahunu biribi sɛdeɛ ɛfiri yɛn ara yɛn mu, na mmom yɛn fata a yɛfata no firi Nyankopɔn mu.

6Yer 31.31; 1 Ko 11.25; Rom 7.6; Yoh 6.63 Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ ho asomfoɔ, nyɛ atwerɛdeɛ mu, na mmom honhom mu, ɛfiri sɛ atwerɛdeɛ deɛ, ɛkum, na honhom deɛ ɛma nkwa.

Gyidie foforɔ animuonyam

7 Eks 34.30 Na sɛ owuo som no a wɔde atwerɛdeɛ kurukyire wɔ aboɔ soɔ no nyaa animuonyam maa Israel mma antumi annyene wɔn ani anhwɛ Mose anim, n’anim animuonyam a na ɛretwa mu no nti a,

8Gal 3.2; 3.5 ɛbɛyɛ dɛn na honhom som no mmom rennya animuonyam?

9Deut 27.26; Rom 1.17; 3.21 Na sɛ afobuo som no yɛ animuonyam a, ɛnneɛ na tenenee som no mmom boro so pii animuonyam mu.

10Na mpo, deɛ wɔahyɛ no animuonyam no nni yei fam animuonyam, animuonyam a ɛboro soɔ no nti.

11Na sɛ deɛ ɛretwa mu no nam animuonyam so a, ɛnneɛ na deɛ ɛtena hɔ no mmom wɔ animuonyam pii.

12Na sɛ yɛwɔ saa anidasoɔ yi nti, yɛde akokoɔduro kasa,

13Eks 34.33; 34.35 na yɛnte sɛ Mose a ɔde nkatanimu kataa n’anim, na Israel mma antumi annyene wɔn ani anhwɛ deɛ ɛretwa mu no awieeɛ,

14Rom 11.25 nanso wɔn adwenem yɛɛ wɔn sum, na ɛde bɛsi nnɛ mpo, nkatanimu no da so ara da apam dada kenkan so a wɔnnya nyiiɛ, ɛfiri sɛ Kristo mu (nko) na wɔyie.

15Na ɛde bɛsi nnɛ mpo, sɛ wɔkenkan Mose nwoma a, nkatanimu no da so kata wɔn akoma so;

16Rom 11.23; 11.26 na sɛ wɔdane ba Awurade nkyɛn a, wɔbɛyi nkatanimu no.

17Na Awurade ne honhom no; na faako a Awurade honhom wɔ no, ɛhɔ na ahofadie wɔ.

18Na yɛn nyinaa de yɛn ani a ɛso da hɔ hwɛ Awurade animuonyam no sɛ wɔhwɛ ahwehwɛ mu, na wɔsakyera yɛn kɔ suban korɔ no ara mu firi animuonyam mu kɔ animuonyam mu, na yei ɛfiri Awurade honhom no ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help