Deuteronomium 13 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ahonisom ho kɔkɔbɔ

1Sɛ odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ bi sɔre wo mu, na ɔma wo nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ bi,

2na nsɛnkyerɛnneɛ anaa anwanwadeɛ a ɔka kyerɛɛ woɔ no ba mu na ɔka sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔdi anyame foforɔ a wonni wɔn akyi nkɔsom wɔn a,

3Deut 8.2 ntie odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no nsɛm no. Ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn resɔ mo ahwɛ na wahunu sɛ mode mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa bɛdɔ no anaa.

4AWURADE mo Nyankopɔn akyi na monnie, na ɔno na monsuro no, na ne mmara nsɛm so na monnie, na ne nne na montie, na monsom no, na mommata ne ho.

5Deut 18.20; 1 Ko 5.9, 13 Na odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no, monku no, ɛfiri sɛ wakasa sɛ mommane mfiri AWURADE mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii Misraim asase soɔ na ɔgyee mo firii nkoafie no ho de retwetwe wo afiri ɔkwan a wahyɛ wo sɛ nante mu no so; na tu bɔne no firi wo mu.

6Sɛ wo nuabarima, wo na ba anaa wo babarima anaa wo babaa anaa wo yere a ɔda wo kokom anaa w’adamfo a ɔte sɛ wo ara wo kra redaadaa wo kokoam sɛ: Ma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a wo ne wo nananom nnim wɔn,

7amanaman a wɔatwa wo ho ahyia a wɔbɛn woɔ anaasɛ wɔmmɛn woɔ firi asase ano kɔsi asase ano nohoa anyame bi, a,

8mpene no na ntie no, na mma w’ani nnhu no mmɔbɔ, nanso mma no nnyɛ wo mmɔbɔ na mfa no nhunta.

9Na kum na ku no, wo nsa na ɛnni kan ntɔ ne so sɛ woreku no, na ɛno akyiri no ɔman no nyinaa nsa;

10na si no aboɔ ma no nwu, ɛfiri sɛ ɔrehwehwɛ atwetwe wo afiri AWURADE wo Nyankopɔn a ɔyii wo Misraim asase soɔ firii nkoafie no ho;

11na Israel nyinaa ntie na wɔnsuro, na wɔankɔ so anni wo mu asɛmmɔne a ɛte seyie.

12Sɛ wote wo nkuro a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woatena mu no bi nka sɛ:

13Mmarima mmabusufoɔ bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfoɔ sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn a,

14ɛnneɛ hwehwɛ mu na bisabisa mu yie; na hwɛ sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyiwadeɛ yi wɔ wo mu a,

15Num 21.2 kum na fa nkrantɛ kum kuro no mufoɔ. Fa nkrantɛ sɛe ɛno ne deɛ ɛwom nyinaa ne emu afieboa pasapasa;

16na boaboa emu asadeɛ nyinaa ano gu abɔntene so, na fa ogya hye kuro no ne emu asadeɛ no nyinaa sɛ afɔdeɛ mu ma AWURADE wo Nyankopɔn, na ɛnyɛ daa amamfo a wɔnnkyekyere bio.

17Yos 7 Na mma abusudeɛ no bi nnka wo nsam; na AWURADE nnane mfiri n’abufuhyeɛ no ho, na ɔnhu wo mmɔbɔ, na ne yam nhyehye no mma wo, na ɔmma wonnɔɔso sɛdeɛ ɔkaa wo nananom ntam no.

18Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne adi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so ayɛ deɛ ɛtene AWURADE wo Nyankopɔn ani so a.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help