Yesaia 20 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Asiriafoɔ nkonimdifoɔ no

1 2 Ah 18.17 Afe a Tartan baa Asdod, berɛ a Asiriahene Sargon somaa no na ɔne Asdod koeɛ na ɔfaeɛ no,

2Hes 24.24 ɛberɛ no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kaa sɛ: Kɔ na kɔyi ayitoma no firi w’asene mu, na sane wo mpaboa firi wo nan ase: Na ɔyɛɛ saa daa adagya de nammɔnhunu nanteeɛ.

3Na AWURADE kaa sɛ: Sɛdeɛ m’akoa Yesaia nam adagya ne nammɔnhunu, na wayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ mfeɛ mmiɛnsa Misraim ne Etiopia ho yi,

4saa ara nso na Asiriahene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia atukɔfoɔ, mmeranteɛ ne mpanin akorɔ na wɔanante adagya ne nnammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.

5Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da soɔ ne Misraim a ɛyɛ wɔn animuonyam no ho,

6na ɛpo yi anofoɔ bɛka no ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛdeɛ yɛn anidasoɔ a yɛdwane kɔhyɛɛ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asiriahene anim no teɛ nie! Na afei yɛn deɛ, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafiri mu?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help