1 Heb 11.35-36 Ɛbaa nso sɛ, wɔkyeree nuammarima baason ne wɔn na, na ɔhene no de mmaa ne nhoma yɛɛ wɔn ayakayakadeɛ, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnwe prakonam a mmara mma ho kwan no.
2Wɔn mu baako a ɔyɛɛ wɔn kasamafoɔ no kaa sɛ: Ɛdeɛn na mopɛ sɛ mobisa na mohunu firi yɛn hɔ? Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛwu sene sɛ yɛbɛfom yɛn nananom mmara no.
3Ɔhene no bu fui, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkua nkyɛnsee ne nnadesɛn ase gya ma no nnɔ.
4Wɔmmaa no yɛɛ hye ntɛmntɛm, na ɔhyɛɛ sɛ wɔntwa wɔn kasamafoɔ no tɛkyerɛma na wɔnwerɛ ne tiri ho nam na wɔntwitwa ne nsa ne ne nan, wɔ berɛ ko a ne nuanom ne ne na rehwɛ.
5Na ɛberɛ a wayɛ kɛgyaa na ɔntumi nnyɛ ne ho hwee no, ɔhene no hyɛɛ sɛ wɔmfa no nkɔ ogya no ho, na ahome da so ara wɔ ne mu no wɔnkye no wɔ kyɛnsee mu. Wisie a ɛfiri kyɛnsee no mu no yɛɛ hɔ nyinaa kumoo, nanso anuanom no ne wɔn na no hyehyɛɛ wɔn ho nkura sɛ wɔnwu animuonyam mu. Wɔkaa sɛ:
6Deut 32.36 Awurade rehwɛ yɛn na ampa ara ɔbɛhu yɛn mmɔbɔ, sɛdeɛ Mose kae wɔ ne nnwom mu a ɛdi adanseɛ tia nkurɔfoɔ wɔ wɔn anim, ɛberɛ a ɔkaa sɛ: Na ɔbɛhu ne nkoa mmɔbɔ.
7Ɛberɛ a onua a ɔdi kan wui wɔ saa ɔkwan yi so no, wɔde deɛ ɔtɔ so mmienu bae sɛ wɔrebɛgoro ne ho. Wɔwerɛɛ ne tiri ho nam kaa tirinwi no ho, na wɔbisaa no sɛ: Wɔbɛwe nam no sene sɛ wɔbɛteetee wo nipadua, atwitwa wo nsa ne wo nan anaa?
8Ɔbuaa sɛ: Dabi. Saa nti ɔfaa amanehunu mu sɛdeɛ onua a ɔdi kan no hunuiɛ no.
9Na ɛberɛ a ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: Atirimuɔdenfoɔ a wɔadome mo, moregya yɛn kwan afiri seesei nkwa mu deɛ, nanso wiase nyinaa Hene no bɛnyane yɛn akɔ daa nkwa foforɔ mu, ɛfiri sɛ ne mmara nti na yɛawuwuo.
10Ɔno akyi, deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no nso wɔde no ba bɛgoroo ne ho. Ɛberɛ a wɔbisaa no no, ntɛm ara na ɔtwee ne tɛkyerɛma na ɔde akokoɔduro tenetenee ne nsa,
11na ɔkaa no animuonyam mu sɛ: Menyaa yeinom firi Ɔsoro, na ɛnam ne mmara so nti na memmu no hwee, na ne nkyɛn na menim sɛ mɛsan anya no bio.
12Yei maa ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no ho dwirii wɔn wɔ abarimaa no honhom ho, ɛfiri sɛ wammu n’amanehunu no hwee.
13Ɔno nso wuiɛ akyire no, deɛ ɔtɔ so nan no, wɔteetee no yɛɛ no ayakayakadeɛ wɔ saa ɔkwan no ara so.
14Ɛberɛ a ɔbɛnee owuo no, ɔkaa sɛ: Onipa ntumi gye sɛ ɔpene so wu wɔ nnipa nsam na ɔma n’ani gye anidasoɔ a Onyankopɔn ma sɛ ɔbɛnyane no bio no ho. Mmom mo a mowɔ hɔ yi deɛ, owusɔreɛ biara nni hɔ ma mo!
15Wɔde deɛ ɔtɔ so nnum baeɛ na ɔyɛɛ no ayakayakadeɛ.
16Nanso ɔhwɛɛ ɔhene no na ɔkaa sɛ: Ɛsiane sɛ wowɔ tumi wɔ nnipa so, enti na wo nso a anka woyɛ onipa deɛ, nanso woyɛ adeɛ a wopɛ. Nanso nnwene sɛ Onyankopɔn apo ne nkurɔfoɔ.
17Kɔ so ara, na wobɛhu sɛdeɛ ne tumi bɛma wo ne w’asefoɔ ho ahiahia mo!
18Ɔno akyi no, wɔde deɛ ɔtɔ so nsia bae. Na ɛberɛ a ɔrebɛwuo no, ɔkaa sɛ: Monnnaadaa mo ho ara kwa. Ɛyɛ yɛn ara yɛn nti na yɛrehu amaneɛ yi, ɛsiane bɔne a yɛayɛ atia yɛn ankasa yɛn Nyankopɔn. Saa nti na nnoɔma huhu yi asisie yi.
19Nanso monnnwene da sɛ mobɛfa mo ho adi, sɛ moayere mo ho ako atia Onyankopɔn no!
20Wɔn na no ne deɛ ne ho yɛ nwanwa na ɔfata animuonyam nkaeɛ. Ɛwom sɛ ɔhunuu ne mma baason no sɛ wɔrewuwu da koro deɛ, nanso ɔde akokoɔduro penee so ɛsiane n’anidasoɔ a ɔwɔ wɔ Awurade mu no nti.
21Ɔde ne nananom kasa hyɛɛ wɔn mu biara nkuran. Honhom pa ahyɛ ne ma no, ɔde ɔbarima akokoɔduro hyɛɛ ne mmaa adwene no den, na ɔkaa sɛ:
22Mennim sɛdeɛ ɛyɛeɛ a mobɛhyɛɛ m’awotwaa mu. Ɛnyɛ me na memaa mo nkwa ne ahome, ɛnna nso ɛnyɛ me na mehyehyɛɛ akwaa a ɛwowɔ mo mu biara mu no.
23Saa nti Ɔdomankoma bɔrebɔre a ɔbɔɔ wiase no, ɔno a ɔhyehyɛɛ onipa bɔbea firii mfitiaseɛ no na ɔyɛɛ nnoɔma nyinaa ahyɛaseɛ no, ɔnam ne mmɔborɔhunu so bɛma mo nkwa ne ahome bio, ɛfiri sɛ seesei mo werɛ afiri mo ho ɛsiane ne mmara nti.
24Antiokus nyaa atenka bi sɛ wɔrebu no animtia, na ɔhunuu adwemmɔne wɔ ne nne a ayɛ awerɛhoɔ no mu. Na onua kumaa no da so te ase no, ɛnyɛ srɛ nko na ɔkasa srɛɛ no, na mmom ɔdi nsedie hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma no ayɛ ɔdefoɔ ne deɛ nnipa ani bere no, sɛ ɔbɛdane ne ho afiri ne nananom akwan so a, na ɔbɛfa no ayɛ n’Adamfo na ɔde ɔman no mu dwumadie ahyɛ ne nsa.
25Ɛsiane sɛ na abarimaa no ntie no koraa nti no, ɔhene frɛɛ ne na brɛɛ no, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔntu abɔfra no fo na ɔnye ne ho nkwa.
26Afei ɔhyɛɛ no, hyɛɛ no, hyɛɛ no no, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛkasa akyerɛ ne ba no.
27Na mmom ɔtwi bɛnee ne ba no, na ɔde wɔn kurom kasa ka kyerɛɛ no de dii otirimuɔdenfoɔ no ho fɛw sɛ: Me ba, hu me mmɔbɔ. Menyinsɛnee wo abosome nkron wɔ m’awotwaa mu, na mehwɛɛ wo mfeɛ mmiɛnsa, na meyɛnee wo na matete wo ama woabɛduru ɛberɛ yi mu wɔ w’abrabɔ mu, na mahwɛ wo so.
28Mesrɛ wo, me ba, sɛ hwɛ ɔsoro ne asase na hu biribiara a ɛwɔ mu, na kae hu sɛ Onyankopɔn amfa nnoɔma a na ɛwɔ hɔ na ɛyɛeɛ. Na saa ara nso na nnipa baeɛ.
29Nsuro saa nankwaaseni yi, na mmom kyerɛ sɛ wofata wo nuanom no. Pene so sɛ wobɛwu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛnam Onyankopɔn mmɔborɔhunu so mɛsane anya wo aka wo nuanom ho bio.
30Ɛberɛ a ɔda so rekasa no ara, aberanteɛ no kaa sɛ: Ɛdeɛn na moretwɛn? Ɛnyɛ adeɛ a mɛdi deɛ ɔhene ahyɛ no so, na mmom mɛyɛ setie ama mmara no ahyɛdeɛ no a wɔnam Mose so de maa yɛn nananom no.
31Na mmom wo a woayɛ amumuyɛ ahodoɔ nyinaa bi de atia Hebrifoɔ no, ɛnyɛ adeɛ a wobɛtumi adwane afiri Onyankopɔn nsam.
32Na yɛn ankasa yɛn bɔne nti na yɛrehu amane.
33Na sɛ yɛn Awurade teasefoɔ no bo afu yɛn ɛberɛ tiawa bi sɛ ɔreka yɛn anim na watea yɛn a, ɔbɛsane nso aka yɛn ne nkoa abom bio.
34Na mmom wo, otirimuɔdenfoɔ a wo ho nteɛ, nnipa nyinaa mu kwaseampanin, mma w’ani nnye hunu ara kwa na ɛmmema wo ho so wɔ anidasoɔ a ɛnni hɔ mu, ɛberɛ a woama wo nsa so atia ɔsoro mma no.
35Wonnya nnwane mfirii ohuntahunu Nyankopɔn no, otumfoɔ no atemmuo mu ɛ.
36Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a yɛn nuanom ahu amane berɛ tiawa bi mu yi, wɔanom daa nkwa a ɛtene, a ɛwɔ Onyankopɔn apam mu; na mmom wo, wonam Onyankopɔn atemmuo so bɛnya w’ahantan ho asotwe.
37Me nso, te sɛ me nuanom no, mede me nipadua ne me nkwa bɛto hɔ ama yɛn nananom mmara no, na yɛasrɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhu yɛn man mmɔbɔ ntɛm, na ɛnam sɔhwɛ ne ɔhaw so bɛma woapae mu aka sɛ ɔno nkutoo ne Onyankopɔn,
38na ɛnam me ne me nuanom so bɛma Otumfoɔ no abufuhyeɛ a ɛfata sɛ ɛba yɛn man mu nyinaa soɔ no to atwa.
39Ɔhene no bo fui, na ɔmaa wɔyɛɛ no deɛ ɛsene nkaeɛ no deɛ no, n’animtiabuo ho abufuo a ɛyɛɛ no no nti.
40Enti ɔwui wɔ ne mudie mu, na ɔde ne werɛ nyinaa hyɛɛ Awurade mu.
41Deɛ ɛdi akyire koraa no, ɛna no nso wui kaa ne mma no ho.
42Afei, momma yei ara nnɔɔso, deɛ ɛfa afɔrebɔ nnoɔma a wɔdie ne ayayadeɛ mmorosoɔ ho no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.