Yosua 8 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Wɔdi Ai so nkonim

1Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro, na mma w’akoma nntu. Fa akofoɔ dɔm no nyinaa ka wo ho, na sɔre foro kɔ Ai: Hwɛ, mede Ai hene ne ne man ne ne kuro ne n’asase mahyɛ wo nsa.

2Yos 6.21 Na yɛ Ai ne ne hene sɛdeɛ woyɛɛ Yeriko ne ne hene no: Emu asadeɛ ne mmoa nko na momfom mfa. Fa atɛfoɔ ma wɔnkɔtɛ kuro no akyiri mma wo.

3Na Yosua sɔree, ɔno ne akofoɔ dɔm no nyinaa sɛ wɔreforo akɔ Ai. Na Yosua yiyii mmarima akofoɔ mpem aduasa, na ɔgyaa wɔn kwan anadwo.

4Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ: Monhwɛ, monkɔtɛ kuro no, kuro no akyiri nohoa; mommma mo ne kuro no ntam nnware bebree, na mo nyinaa nnyina ahoboa mu.

5Na me deɛ, me ne nnipa a wɔka me ho no nyinaa bɛtwe apini kuro no; na sɛ wɔfiri adi bɛhyia yɛn sɛ akane no a, yɛbɛdwane afiri wɔn anim;

6Yos 7.5 na wɔbɛfiri adi abɛdi yɛn akyi akɔsi sɛ yɛbɛtwe wɔn afiri kuro no mu; na wɔbɛka sɛ: Wɔredwane afiri yɛn anim sɛ akane no; enti yɛbɛdwane afiri wɔn anim.

7Na mo deɛ, monsɔre mfiri ɔtɛ no mu, na momfa kuro no, na AWURADE mo Nyankopɔn de bɛhyɛ mo nsa.

8Na sɛ monya fa kuro no a, monto kuro no mu gya; monyɛ no sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no; monhwɛ, hyɛ na mahyɛ mo no.

9Ɛnna Yosua gyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔe kɔtɛe. Na wɔtenaa Betel ne Ai ntam, Ai atɔeɛ fam; na Yosua daa ɔman no mu anadwo no.

10Na Yosua sɔree anɔpahema siesiee ɔman no, na ɔno ne Israel mpanimfoɔ foro dii ɔman no anim kɔɔ Ai.

11Na akofoɔ dɔm a wɔka ne ho nyinaa foro kɔe, na wɔtwe pinii, na wɔduruu kuro no ntentensoɔ, na wɔbɔɔ nsraban Ai atifi fam, na bonhwa wɔ wɔn ne Ai ntam.

12Na ɔde nnipa bɛyɛ mpemnum kɔtetɛɛ Betel ne Ai ntam, kuro no atɔeɛ fam.

13Na wɔde dɔm no sisii, ɛdɔm a wɔwɔ kuro no atifi fam ne akyire atɛfoɔ no a ɛwɔ kuro no atɔeɛ fam no nyinaa; na Yosua kɔɔ bonhwa no mu anadwo no ara.

14Na Ai hene hunuiɛ no, ɔne ne man nyinaa, kuro no mu mmarima no, yɛɛ ntɛm tuaa ahema kɔɔ deɛ wɔahyɛ hɔ, mpaperɛ no anim, sɛ wɔrebɛhyia Israel ne wɔn ako; nso na ɔnnim sɛ wɔretɛ no kuro no akyi.

15Na Yosua ne Israel nyinaa maa wɔpamm wɔn wɔn anim, na wɔdwane faa ɛserɛ so kwan so.

16Ɛnna wɔteaa mu frɛɛ ɔman a wɔwɔ kuro no mu nyinaa sɛ wɔmmɛti wɔn; na wɔtii Yosua, na wɔtwee wɔn firii kuro no mu.

17Na ɔbarima biara anka Ai ne Betel a wamfiri adi ankɔdi Israel akyire; na wɔgyaa kuro no hɔ maa ano daa hɔ kɔdii Israel akyi.

18Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Tene pea a ɛwɔ wo nsam no kyerɛ Ai, na mede bɛhyɛ wo nsa. Na Yosua tenee ne pea a ɛwɔ ne nsam no kyerɛɛ kuro no.

19Ɛnna atɛfoɔ no sɔree ntɛm firii wɔn afa hɔ, na ɔtenee ne nsa no, wɔtutuu mmirika kɔhyɛnee kuro no mu na wɔfae, na wɔyɛɛ ntɛm de ogya too kuro no mu.

20Na Ai mmarima no danedanee wɔn ani hwɛɛ wɔn akyiri no, na hwɛ, na kuro no mu wisie retu kɔ soro, na wɔnnya kwan nnwane nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a wɔdwane kɔɔ ɛserɛ soɔ no danedanee wɔn ho tiaa atifoɔ no.

21Na Yosua ne Israel nyinaa hunuu sɛ atɛfoɔ no afa kuro no, na kuro no mu wisie retu kɔ soro no, wɔsanee wɔn akyi bɛkunkumm Ai mmarima no.

22Na yeinom nso firii adi firii kuro no mu bɛhyiaa wɔn, na wɔtɔɔ Israel ntam, yeinom wɔ ha, na yeinom nso wɔ ha; na wɔkunkumm wɔn ara kɔsii sɛ wɔn mu anikanfoɔ anaa odwanefoɔ biara anka.

23Na Ai hene no, wɔkyeree no animono, na wɔde no brɛɛ Yosua.

24Na Israel wiee Aifoɔ nyinaa kum wɔ ɛserɛ so petee mu, faako a wɔbɛtii wɔn no, na wɔn nyinaa totɔɔ nkrantɛ ano kɔsii sɛ wɔsaeɛ no, Israel nyinaa sane kɔɔ Ai de nkrantɛ ano kunkumm wɔn.

25Na nnipa a wɔtotɔɔ da no nyinaa, mmarima ne mmaa yɛ mpem dummienu, Aifoɔ nyinaa.

26Eks 17.11-13 Na Yosua antwe ne nsa a ɔde tenee ne pea no de kɔsii sɛ wɔsɛee Aifoɔ nyinaa pasapasa.

27Kuro no mu mmoa ne asadeɛ nko na Israel fom faeɛ, sɛ AWURADE asɛm a ɔde hyɛɛ Yosua no teɛ no.

28Na Yosua hyee Ai na ɔyɛɛ no daa amamfo sie de bɛsi nnɛ yi.

29Yos 10.27; Deut 21.23 Na Ai hene no deɛ, ɔsɛnee no dua so kɔsii anwummerɛ; na owia kɔtɔeɛ no, Yosua hyɛɛ sɛ wɔnkɔyi ne funu no mfiri dua no so, na wɔde no too kuro no pono ano, na wɔhɔree ne so aboɔsie kɛseɛ a ɛwɔ hɔ bɛsi nnɛ yi.

Yosua si afɔrebukyia, na ɔtwerɛ mmara no gu aboɔ so

30 Deut 27.2-8 Ɛnna Yosua kɔsii afɔrebukyia maa AWURADE Israel Nyankopɔn Ebal bepɔ soɔ,

31sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma no mu no, afɔrebukyia a wɔde aboɔ amuamu a obi mmaa dadeɛ so wɔ so pɛn asie; na wɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE, na wɔkunkumm asomdwoeɛ afɔdeɛ.

32Na aboɔ no so hɔ na ɔtwerɛɛ Mose mmara ntimu a ɔtwerɛɛ no Israelfoɔ anim no.

33Deut 11.29; 27.12-13 Na Israel nyinaa ne wɔn mpanimfoɔ ne ahwɛfoɔ ne wɔn atemmufoɔ gyinaa adaka no ho ha ne ha, asɔfoɔ Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no anim, ɔhɔhoɔ ne ɔmanba nyinaa. Wɔn mu fa wɔ Gerisim bepɔ ntentensoɔ, na ɔfa nso wɔ Ebal bepɔ ntentensoɔ, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ sɛ wɔnhyira ɔman Israel kane no.

34Na ɛno akyiri no, ɔkenkanee mmara mu nsɛm no nyinaa, nhyira no ne nnome no, sɛdeɛ wɔatwerɛ no nwoma no mu nyinaa.

35Deɛ Mose hyɛeɛ no nyinaa mu asɛm biara nni hɔ a Yosua ankenkan no Israel dwabɔ nyinaa ne mmaa ne mmɔfra ne ɔhɔhoɔ a ɔnam wɔn mu no anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help