Hiob 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Sofar asɛnka a ɛdi kan. Ɛsɛ Hiob sɛ ɔbrɛ ne ho ase Nyankopɔn anim

1Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:

2Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi,

anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa?

3Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano anaa?

Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa?

4 Hiob 9.21; 10.7 Na woaka sɛ: Me nkyerɛkyerɛ yɛ gyenegyene,

na me ho te wɔ Onyankopɔn anim.

5 Hiob 38.1 O, anka ma Onyankopɔn nkasa

na ɔmmue n’ano nkyerɛ wo;

6 Dwom 51.6 na ɔnka wo nyansa ahuntasɛm, sɛ emu dɔ yie,

na hunu sɛ Onyankopɔn yi n’ani firi w’amumuyɛ no bi so.

7Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn

anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?

8Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ?

Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?

9Ne nsusuiɛ ware sene asase,

na ɛtrɛ sene ɛpo.

10Sɛ ɔtwam ba na ɔde nnipa gu nnua mu na ɔhyia asennie a,

ɛnneɛ hwan na ɔbɛsianka no?

11Na ɔno na ɔnim nnipa ahuhufoɔ,

na ɔhunu abusudeɛ, nanso ɔmmu.

12Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a,

na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa.

13Sɛ wo deɛ, wosiesie w’akoma,

na wotrɛ wo nsam kyerɛ no a,

14sɛ amumuyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri,

na mma abusudeɛ nntena wo ntomadan mu.

15Ɛno na wobɛma w’ani so a wonni dɛm,

na wobɛtim pintinn a worensuro.

16Na wo werɛ bɛfiri wo haw,

wobɛkae no sɛ nsuo a asene.

17Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee,

esum bɛdane sɛ adekyeeɛ.

18Na wobɛnya abotɔyam sɛ anidasoɔ wɔ hɔ,

na wobɛhwɛ wo ho ahyia na woada dwoodwoo.

19 Dwom 3.5; 4.8 Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu,

na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ adom.

20 Hiob 8.13 Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi

na dwanekɔbea abɔ wɔn,

na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help