Yesaia 62 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Sion daakye animuonyam

1Sion nti meremmua m’ano,

na Yerusalem nti merenyɛ komm,

de bɛkɔ akɔsi sɛ ne tenenee bepue sɛdeɛ adekyeeɛ haran,

na ne nkwagyeɛ adɛre sɛ tɛnee.

2

ne w’asase nso sɛ: Beula,

ɛfiri sɛ AWURADE ani sɔ wo,

na w’asase nso, wɔbɛware no.

5 Sef 3.17 Na sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaa no,

sɛ wo mma bɛware woɔ ne no.

Sɛdeɛ ayeforɔkunu ho sɛpɛ no ayeforɔ ho no,

saa ara nso na wo Nyankopɔn ho bɛsɛpɛ no wo ho.

6 Yes 52.8 W’afasuo so, O Yerusalem,

na mede awɛmfoɔ maduadua.

Adekyeeɛ nyinaa ne anadwo nyinaa daa,

wɔremmua wɔn ano;

mo a mokae AWURADE no,

monnyɛ komm koraa.

7Na mommma no nnye n’ahome

kɔsi sɛ ɔbɛtoto Yerusalem

ama no asi hɔ ayɛ ayeyie wɔ asase soɔ.

8 Yes 65.21-22 AWURADE aka ne nifa ne

ne tumi basa ho ntam sɛ:

Meremfa w’ayuo memma

w’atamfo nni bio,

na ananafoɔ mma rennom wo nsa

a wobrɛɛ ho no.

9Na wɔn a wɔboa ano na wɔbɛdi

ayi AWURADE ayɛ,

na wɔn a wɔde ba efie no bɛnom,

wɔ me kronkronbea abannwa so.

10 Yes 57.14 Monsene, monsene mfa kuro apono no mu,

mommɔ ɔman no kwan;

montu ngu so, montu ngu so nyɛ no tempɔn,

montase so aboɔ;

monsi aman no so frankaa.

11 Sak 9.9; Yes 40.10; Adi 22.12 Hwɛ, AWURADE ama wɔate

akɔduru asase awieeɛ nohoa sɛ:

Monka nkyerɛ Sion babaa sɛ:

Hwɛ, wo nkwagyeɛ reba;

hwɛ, n’akatua ka ne ho,

na n’ananmuhyɛ di n’anim.

12 Yes 35.10 Na wɔbɛfrɛ wɔn sɛ ɔman kronkron,

wɔn a AWURADE agye wɔn,

na wo nso, wɔbɛfrɛ wo Deɛ wɔahwehwɛ n’akyiri kwan,

kuro a wɔannyaa no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help