Sirak 14 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Nhyira ne wɔn a wɔmfa wɔn ano nyɛ mfomsoɔ,

na ɛnhia wɔn ahonu wɔ bɔne ho.

2Nhyira ne wɔn a wɔn akoma mmu wɔn fɔ,

na wɔn anidasoɔ nsaeɛ.

Ahonyadeɛ ho ahwɛyie

3Ahonya nyɛ mma onipa a n’adwene sua;

na mfasoɔ bɛn na pɛpɛɛfoɔ bɛnya wɔ ahonya mu?

4Deɛ ɔde kame ne ho no, ɔboa ano ma afoforɔ;

na afoforɔ de ne nnoɔma no yɛ wɔn akɔnnɔdeɛ.

5Sɛ obi nsa akyi yɛ den ma ɔno ara a, hwan na ɔbɛyɛ no adɔeɛ?

Ɔrenya n’ahodeɛ mu anigyeɛ.

6Obiara nyɛ nsene onipa a ne bo nnwo ne ho;

na yei ne ne nsaden ho asotwe.

7Na sɛ ɔyɛ papa mpo a, na ɛnam mfomsoɔ so na ɛbaeɛ;

na akyire no, ɔyi ne nsaden no adi kyerɛ.

8Ɔpɛpɛɛfoɔ yɛ omumuyɛni;

ɔdane ne ho na ɔmmu nnipa.

9Onipa oniberefoɔ ani nsɔ ne kyɛfa ho;

na adufudepɛ ntɛnkyea ma ɔkra kusa.

10Ɔpɛpɛɛfoɔ ani nsɔ aduane,

nso ɔnni bi wɔ ne pono so.

11Me ba, hwɛ wo ho so yie, sɛdeɛ w’ahonya teɛ,

na fa afɔdeɛ a ɛsom boɔ brɛ Awurade.

12Kae sɛ owuo ntwɛn,

na Asamando mmara no, wɔmfa nkyerɛɛ wo.

13Yɛ ayɔnkofoɔ papa ansa na woawu,

na tene wo nsa ma wɔn dodoɔ biara a wobɛtumi.

14Mfa da koro mu anigyeɛ nkame wo ho;

na mma deɛ wopɛ a ɛyɛ wo kyɛfa no nsiane wo ho nkɔ.

15Worennyae wo nsa ano adwuma mu aba mma ɔfoforɔ,

na deɛ woabrɛ anya no, wɔatwe so ntonto de akyɛ anaa?

16Ma, na gye, na sɛpɛ wo ho,

ɛfiri sɛ obi ntumi nhwehwɛ akɔnnɔdeɛ wɔ Asamando.

17Ateasefoɔ nyinaa twam te sɛ ntoma,

ɛfiri sɛ mmara a ɛwɔ hɔ firi tete ne sɛ: Ɛsɛ sɛ wowu!

18Sɛdeɛ nhahan dɔɔso wɔ dua a atrɛtrɛ soɔ

na ebi reteɛ na ebi refefɛ no,

saa ara nso na honam ne mogya awoɔ ntoatoasoɔ teɛ.

Obi wu na wɔawo obi.

19Adwuma biara porɔ na ɛba awieeɛ,

na onipa a ɔyɛeɛ no ne no bɛtwam akɔ.

Anigyeɛ a ɛwɔ nyansa hwehwɛ mu

20Nhyira ne onipa a ɔdwendwene nyansa ho

na ɔdwene nyansa mu,

21na ɔdwendwene n’akwan ho wɔ n’akoma mu

na ɔsusu ne kokoam ho,

22ɔti no sɛ ɔbɔmmɔfoɔ,

na ɔda ne kwan mu dinn twɛn no;

23ɔhwɛ no wɔ ne mpomma mu

na ɔtie no wɔ n’apono ho;

24ɔkyere ne nsraban de bɛn ne fie

na ɔde ne mpɛɛwa tintim ne fasuo ho;

25ɔsi ne ntomadan de bɛn ne deɛ,

na ɔtena beaeɛ a ɛyɛ tenebea papa;

26Ɔde ne mma hyɛ ne suhyɛ ase,

na ɔtena ne nkorabata ase;

27ɔma no nwunu de gye no firi ɛhyeɛ no ase,

na ɔbɛtena n’animuonyam no mfimfini.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help