1 Ahemfo 17 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Elia hyɛ ɔhaw ho nkɔm

1 Yak 5.17; Adi 11.6 Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!

2Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

3Firi ha kɔ, na dane wo ho kɔ apueeɛ, na kɔhunta asuo Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho.

4Na wobɛnom asuo no mu nsuo, na mahyɛ anene sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ.

5Na ɔsii mu kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ, na ɔkɔ kɔtenaa asuo Kerit a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho.

6Na anene brɛɛ no paanoo ne nam anɔpa, ne anwummerɛ, na ɔnomm asuo no mu nsuo bi.

7Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, asuo no wee, ɛfiri sɛ osuo antɔ asase no so.

Elia wɔ Sarefat ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn

8Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

9Luk 4.25-26 Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfoɔ deɛ no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbaa kunafoɔ bi wɔ hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.

10Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.

11Na ɔrekɔ akɔsa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma kura wo nsam brɛ me.

121 Ah 18.10 Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.

13Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛdeɛ woaka no, na kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi nso ma me kane, na fa brɛ me, na ɛno akyiri no yɛ wo ne wo ba deɛ.

142 Ah 4.2-4 Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Esiam kuruwa no so renhwan, na ngo toa no so rente de bɛkɔ akɔsi da a AWURADE bɛma osuo atɔ agu asase no soɔ.

15Na ɔkɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na ɔdii, ɔno ne ɔbaa no ne ne fiefoɔ, nna pii;

16na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.

17Na nsɛm yi akyiri no, ɔbaa fiewura no babarima yaree, na ne yadeɛ no mu yɛɛ den pii kɔsii sɛ ɔwuiɛ.

18Luk 5.8 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!

19Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ɔgyee no firii ne kokom de no kɔɔ abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so.

20Na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbaa kunafoɔ yi nso a mabɛsoɛ ne nkyɛn yi, wode mmusuo reba ne so sɛ worekum ne ba yi?

212 Ah 4.34; Aso 20.10 Na ɔtenee ne mu butuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abɔfra yi kra nsane mmra ne mu.

22Na AWURADE tiee Elia nne, na abɔfra no kra sane baa ne mu, na ɔnyaa nkwa.

23Luk 7.15; Heb 11.35 Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa.

24Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w’anomu yɛ nokorɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help