1Na ɛbaa sɛ wɔtoo afasuo no, na mesii apono no, wɔhyehyɛɛ apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ ne Lewifoɔ.
2Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree,
3na mesee wɔn sɛ: Mommma wɔnnhini Yerusalem apono gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ no wɔnkeka apono no ntoto mu, na montoto akyire. Na momfa Yerusalemfoɔ awɛmfoɔ nsisi hɔ, onipa biara nnyina ne wɛn so, ne fie ntentensoɔ.
4Na na kuro no mu bae tɛtrɛtɛɛ na ɛso, na nnipa a wɔwɔ mu no sua, na adan no nso, na wɔnsisii.
Wɔkan ɔman no5Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:
6 Esra 2 Yeinom ne ɔmantam no mufoɔ a wɔfiri nnommum a Babelhene Nebukadnessar de wɔn kɔeɛ no mu foro baeɛ na wɔsane baa Yerusalem ne Yuda wɔn nkuro mu.
7Wɔne Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum, Baana na ɛbaeɛ.
Israel man mu mmarima dodoɔ nie:
8Paros mma: Mpennu ɔha aduɔson mmienu.
9Sefatia mma: Ahasa aduɔson mmienu.
10Arah mma: Ahansia aduonum mmienu.
11Pahat-Moab mma: Yesua ne Yoab mma deɛ: Mpennu ahanwɔtwe ne dunwɔtwe.
12Elam mma: Apem ahanu aduonum nnan.
13Satu mma: Ahanwɔtwe aduanan nnum.
14Sakai mma: Ahanson aduosia.
15Binui mma: Ahansia aduanan nwɔtwe.
16Bebai mma: Ahansia aduonu nwɔtwe.
17Asgad mma: Mpennu ahasa aduonu mmienu.
18Adonikam mma: Ahansia aduosia nson.
19Bigwai mma: Mpennu aduosia nson.
20Adin mma: Ahansia aduonum nnum.
21Ater mma: Hesekia deɛ, aduɔkron nwɔtwe.
22Hasum mma: Ahasa aduonu nwɔtwe.
23Besai mma: Ahasa aduonu nnan.
24Harif mma: Ɔha ne dummienu.
25Gibeon mma: Aduɔkron nnum.
26Betlehem ne Netofa mmarima: Ɔha aduɔwɔtwe nwɔtwe.
27Anatot mmarima: Ɔha aduonu nwɔtwe.
28Bet-asmawet mmarima: Aduanan mmienu.
29Kiriat-yearim, Kefira ne Beerot mmarima: Ahanson aduanan mmiɛnsa.
30Rama ne Geba mmarima: Ahansia aduonu baako.
31Mikmas mmarima, ɔha aduonu mmienu.
32Betel ne Ai mmarima, ɔha aduonu mmiɛnsa.
33Nebo baako no mmarima: Aduonum mmienu.
34Elam baako no mma: Apem ahanu aduonum nnan.
35Harim mma: Ahasa aduonu.
36Yeriko mma: Ahasa aduanan nnum.
37Lod, Hadid ne Ono mma: Ahanson aduonu baako.
38Senaa mma: Mpensa ahankron aduasa.
39Asɔfoɔ no: Yedaia mma, Yesua fie deɛ: Ahankron aduɔson mmiɛnsa.
40Imer mma: Apem aduonum mmienu.
41Pasur mma: Apem ahannu aduanan nson.
42Harim mma: Apem ne dunson.
43Lewifoɔ: Yesua mma: Kadmiel deɛ, Hodewa mma deɛ: Aduɔson nnan.
44Nnwontofoɔ: Asaf mma: Ɔha aduanan nwɔtwe.
45Apono ano ahwɛfoɔ: Salum mma, Ater mma, Talmon mma, Akub mma, Hatita mma, Sobai mma: Ɔha aduasa nwɔtwe.
46Nsɔfokwaa: Siha mma, Hasufa mma, Tabaot mma,
47Keros mma, Sia mma, Padon mma,
48Lebana mma, Hagaba mma, Salmai mma,
49Hanan mma, Gidel mma, Gahar mma,
50Reaia mma, Resin mma, Nekoda mma,
51Gasam mma, Usa mma, Pasea mma,
52Besai mma, Meunim mma, Nefusesim mma,
53Bakbuk mma, Hakufa mma, Harhur mma,
54Baslit mma, Mehida mma, Harsa mma,
55Barkos mma, Sisera mma, Tema mma,
56Nesia mma, Hatifa mma.
57Salomo nkoa mma: Sotai mma, Soferet mma, Perida mma,
58Yala mma, Darkon mma, Gidel mma,
59Sefatia mma, Hatil mma, Pokeret-hasebaim mma, Amon mma.
60Nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no nyinaa: Ahasa aduɔkron mmienu.
61Na yeinom ne wɔn a wɔfiri Tel-mela, Tel-harsa, Kerub, Adon, Imer foro baeɛ, na wɔantumi ankyerɛ wɔn mpanimfie ne wɔn ase sɛ Israel mu na wɔfire.
62Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma: Ahansia aduanan mmienu.
63Na asɔfoɔ mu: Habaia mma, Hakos mma, Barsilai (a ɔwaree Gileadni Barsilai mmammaa mu bi, na wɔde wɔn din too ne mma),
64yeinom hwehwɛɛ wɔn mmusua atwerɛ, na wɔanhunu. Na wɔbuu wɔn sɛ wɔn ho nteɛ nti, wɔyii wɔn firii asɔfodie mu.
65Na amrado no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnnni akronkronneɛ mu adekronkron no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi de urim ne tumim bɛkyerɛ.
66Badwa mu no nyinaa ano si mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia,
67ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso wɔyɛ mpemnson ahasa aduasa nson. Na wɔwɔ nnwontofoɔ mmarima ne mmaa ahanu aduanan nnum.
68Wɔn apɔnkɔ yɛ ahanson aduasa nsia, wɔn mfunumupɔnkɔ, ahanu aduanan nnum.
69Yoma: Ahanan aduasa nnum. Mfunumu: Mpemnsia ahanson aduonu.
Ayamyi adeɛ70 Neh 7.65 Na agyanom atitire no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho adeɛ: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkoraa aduonum, asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akoradeɛ no mu.
71Na agyanom atitire no mu binom maa adwuma no ho akoradeɛ sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ahanu.
72Deɛ ɔman no nkaeɛ no maeɛ ne sika nsuruboaa mpemaduonu ne dwetɛ mmɛnaa mpennu ne asɔfotadeɛ aduosia nson.
73Na asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne apono ano ahwɛfoɔ ne nnwontofoɔ no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkuro mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.