Nnwom 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Mmoa ho mpaebɔWɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Seminit” sankuo nne so. Dawid dwom.

1O AWURADE, boa na ahotefoɔ rewie sa,

na nokwafoɔ ase rehye nnipa mma mu.

2Obiara twa ne yɔnko nkontompo,

ano fremfrem ne akoma nta na wɔde kasa.

3Ma AWURADE ntwa ano dɛfɛdɛfɛ nyinaa

ne tɛkyerɛma a ɛka nsɛnkɛseɛ,

4 Dwom 73.8-9 wɔn a wɔse: Yɛn tɛkyerɛma na yɛde di mmaninsɛm,

yɛn ano wɔ hɔ, hwan na ɔbɛdi yɛn soɔ?

5Mmɔborɔfoɔ so hyɛ ne ahiafoɔ apinisie nti mɛsɔre afei,

sɛ AWURADE seɛ ni,

mɛgye deɛ ɔgu ahome repɛ nkwagyeɛ no nkwa.

6 Dwom 19.8 AWURADE bɔhyɛ yɛ bɔhyɛ kronkron, te sɛ dwetɛ

a wɔanane no ananeeɛ a asene fam

a wɔayiyi mu mprɛnson.

7Ao, AWURADE, hwɛ yɛn so,

na kora yɛn firi nnɛ mma yi mu daa.

8 Mmb 28.12 Sɛ ahuhusɛm ahoran nnipa mma mu yi,

abɔnefoɔ abu so nenam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help