Hiob 37 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Aane, yei ho na m’akoma tutuo,

na ɛpopo firi n’afa.

2 Dwom 29.3 Tie na montie ne nne huuyɛ,

ne mmobom a ɛfiri n’anomu no.

3Ɔgyaa mu ɔsoro ase nyinaa,

na ne hann kɔduru asase anoano.

4Aprannaa bobom di akyire,

ɔde ne kɛseyɛ nne no bobom.

Sɛ wɔte ne nne a, ɔrensianka wɔn.

5Onyankopɔn de ne nne prannaa bobom ma no yɛ nwanwa,

ɔyɛ adeɛ akɛseɛ a yɛnhunu mu,

6 Dwom 147.16; Hiob 38.28 na ɔka kyerɛ sukyerɛmma sɛ: Tɔ gu asase so!

ne osukɛseɛ nso saa ara sɛ: Tue! ne n’ahoɔden suo akɛseɛ no.

7Ɔsɔ nnipa nyinaa nsa ano,

sɛ nnipa a ɔbɔɔ wɔn nyinaa nhunu de.

8 Dwom 104.22 Ɛnna mmoadoma kɔ wɔn atu mu,

na wɔtenatena wɔn tenabea.

9Ahum firi mpiakyire hɔ ba,

na awɔ nso firi atifi fam.

10Nyankopɔn home na ɛma nsuo nkyenkyeneeɛ,

na ɛma nsuo a ɛtrɛ nso da.

11Nsuo ara nko na ɔde soa mununkum,

ɔtrɛ ne hann mununkum no mu.

12Na ɔma no di kyinhyia sɛdeɛ n’akwankyerɛ teɛ,

sɛ ɛnkɔyɛ deɛ ɔhyɛ no nyinaa,

wiase nyinaa ne asase ani;

13sɛ ɛyɛ atenetene nti oo, sɛ ɛyɛ n’asase nti oo,

sɛ ɛyɛ n’adɔeɛ so oo, ɔma no ba ara.

14Hiob, yɛ aso wɔ yei ho,

gyina hɔ dwene Nyankopɔn anwanwadeɛ ho.

15 Hiob 38 Wonim berɛ a Onyankopɔn susuo ho,

na ɔma ne mununkum mu hann hyerɛn?

16Wonim mununkum nkariiɛ,

nimdeɛ mu mudifoɔ no anwanwadeɛ no?

17Sɛdeɛ wo ntadeɛ mu hyeɛ,

berɛ a anafoɔ mframa ma asase yɛ dinn no?

18Wo ne no na ɛde ewiem tɔnn a ɛwɔ hɔ pintinn

sɛ ahwehwɛ a wɔaguo no trɛɛ hɔ?

19Ma yɛnhunu deɛ yɛnka nkyerɛ no;

esum nti yɛrenhunu deɛ yɛnka.

20Wɔnka nkyerɛ no sɛ mɛkasa?

Anaasɛ obi bɛpɛ sɛ wɔmene no?

21Na afei wɔnhunu hann sɛ ɛhyerɛn hyɛnn ewiem tɔnn,

na mframa twam a, ɛma ewiem hɔ te.

22Atifi fam asase so na sika firi ba,

Nyankopɔn ho na animuonyam a ɛyɛ hu wɔ.

23 Hiob 28.12-28 Otumfoɔ deɛ, yɛnhu no;

ɔyɛ tumi mu ɔkɛseɛ,

na ɔrenkyea atemmuo ne tenenee a ɛdɔɔso.

24Enti nnipa suro no,

ɔmmu akoma mu nyansafoɔ biara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help