Sirak 49 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yosia ne Afoforɔ binom a wɔfata

1Yosia din te sɛ aduhwam mfrafraeɛ

a aduhwamni de ne nimdeɛ asiesie;

ne nkaeɛ yɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ obiara anomu,

na ɛte sɛ dwom wɔ nsa apontoɔ ase.

2Ɔyɛɛ deɛ ɛtene sɛ ɔsakyeraa ɔman no,

na ɔyii amumuyɛ akyiwadeɛ no firii hɔ.

3Ɔde n’akoma too Awurade so;

na mmaratoɔ mmerɛ mu ɔmaa nyamesuro gyinae.

4Wɔyi Dawid, Hesekia ne Yosia si nkyɛn a,

nkaeɛ no nyinaa yɛ bɔneyɛ mu akukudam,

ɛfiri sɛ wɔgyaa Ɔsorosoroni no mmara hɔ;

Yuda ahemfo no baa awieeɛ.

5Wɔde wɔn tumi maa afoforɔ,

ne wɔn animuonyam maa ananafoɔ man bi,

6 Yer 1.4-10; 39.8 wɔn a wɔtoo kuro a ɛyɛ kronkronbea no mu gya,

na wɔmaa ne mmɔntene so danee amamfo,

sɛdeɛ na Yeremia aka no.

7Ɛfiri sɛ na wɔayɛ no ayayadeɛ,

ɔno a na wɔfiri yafunu mu ate ne ho sɛ odiyifoɔ no,

sɛ ɔntutu, ɔnnwiri na ɔnsɛe,

na saa ara na ɔnsi na ɔnnua.

8 Hes 1.3-15; 14.14-20 Hesekia ne deɛ ɔhunuu animuonyam adehunu no,

Onyankopɔn yi kyerɛɛ no wɔ soro kerubim teaseɛnam no.

9Ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɔɔ Hiob din,

ɔno a ɔkuraa atɛntenenee akwan nyinaa mu no.

10Ma Adiyifoɔ Dummienu no nnompe

nsoma nkwa foforɔ mfiri faako a wɔdeda hɔ mmra,

ɛfiri sɛ wɔn na wɔkyekyeree Yakob nkurɔfoɔ no werɛ

na wɔde nnamyɛ anidasoɔ gyee wɔn.

11 Esra 3.2; Hag 2.23 Yɛbɛyɛ dɛn akorɔn Serubabel?

Na ɔte sɛ nsa nifa so nsɔano pɛtea,

12 Hag 1.1, 12 na saa ara na Yosadak ba Yosua teɛ;

wɔsii ɛdan no wɔ wɔn berɛ so

na wɔpagyaa asɔredan kronkron sii hɔ maa Awurade,

a wɔasiesie ama animuonyam afebɔɔ.

13 Neh 6.15 Nehemia ho nkaeɛ nso bɛkyɛre;

ɔsii yɛn afasuo a abubuo,

na ɔsii apono ne adaban,

na ɔsane sisii yɛn adan a abubuo no.

Nnoɔma a abɛsene korɔ

14Nnipa kakra bi na wɔbɔɔ wɔn asase so te sɛ Henok,

ɛfiri sɛ wɔmaa ne so firii asase so kɔɔ soro.

15Na obiara nni hɔ a wɔwoo no te sɛ Yosef;

ne nnompe mpo, na wɔhwɛ so.

16Wɔhyɛɛ Sem, Set ne Enos animuonyam,

na mmom abɔdeɛ mu biara deɛ ɔkyɛn so ne Adam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help