1Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.
2Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.
3Na Saulo agya Kis mfunumu yerae. Na Kis ka kyerɛɛ ne ba Saulo sɛ: Fa asomfoɔ no mu baako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfunumu no.
4Yoh 3.23 Na wɔkɔfaa Efraim bepɔ so, na wɔfaa Salisa asase so, nanso wɔanhu wɔn; na wɔfaa Saalim asase so, nanso na wɔnni hɔ; na wɔfaa Benyamin asase so, nanso wɔanhu wɔn.
5 1 Sa 10.2 Na wɔduruu Suf asase soɔ no, Saulo ka kyerɛɛ abɔfra a ɔka ne ho no sɛ: Bra ma yɛnsane nkɔ, na m’agya annyae mfunumu no deɛ ammɛdi yɛn ho dadwene.
6Nanso ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Nyankopɔn nipa bi wɔ kuro yi mu, na ɔyɛ onipa a n’anim yɛ nyam, deɛ ɔka nyinaa ba mu. Ma yɛnkɔ hɔ, ebia ɔbɛka yɛn ɔkwan a yɛrekorɔ yi ho asɛm bi akyerɛ yɛn.
7Na Saulo bisaa ne somfoɔ no sɛ: Hwɛ, yɛkɔ a, ɛdeɛn na yɛde bɛkɔ akɔma ɔbarima no? Na paanoo asa wɔ yɛn adeɛ mu, na ayɛyɛdeɛ biara nni hɔ a yɛde rekɔma Nyankopɔn nipa no; ɛdeɛn na yɛwɔ?
8Na abɔfra no buaa Saulo bio sɛ: Hwɛ, mekura dwetɛ dwetɛbena abupɛn nnan mu baako, na mede bɛma Nyankopɔn nipa no, na wakyerɛ yɛn yɛn kwan.
92 Ah 17.13; 1 Be 9.22; Num 24.3 (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).
10Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kuro a Nyankopɔn nipa no wɔ mu no mu.
11Na wɔreforo kuro no aforoeɛ no, wɔhunuu mmabaa a wɔrefiri abɛsa nsuo. Na wɔbisaa mmabaa no sɛ: Ɔdehunufoɔ no wɔ hɔ anaa?
12Na wɔbuaa wɔn sɛ: Ɔwɔ hɔ, hwɛ, ɔwɔ w’anim ha yi ara. Yɛ ntɛm, na ɛnnɛ waba kuro no mu, na ɔman no bɔ afɔdeɛ nnɛ, sorɔnsorɔnbea hɔ.
13Moduru kuro no mu ara pɛ a, mobɛhu no ansa na wakɔ sorɔnsorɔnbea hɔ akɔdidi; ɛfiri sɛ ɔman no nnidi kɔsi sɛ ɔbɛba, na ɔno na ɔhyira afɔdeɛ no soɔ ansa na wɔn a wɔahyia wɔn no adidi. Enti momforo nkɔ, na berɛ yi ara na mobɛhu no.
14Na wɔforo kɔɔ kuro no mu. Wɔduruu kuro no mu no, hwɛ, na Samuel refiri adi abɛhyia wɔn aforo akɔ sorɔnsorɔnbea hɔ.
15Nso na AWURADE ayi Samuel asotire da koro ansa na Saulo reba sɛ:
16Ɔkyena sɛsɛberɛ mɛsoma ɔbarima bi afiri Benyamin asase so aba wo nkyɛn, na sra no ngo si no me man Israel so hene, na ɔnnye me man mfiri Filistifoɔ nsam; na mahunu me man, ɛfiri sɛ wɔn su aduru me nkyɛn.
17Na Samuel hunuu Saulo no, AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, onipa a mesee wo sɛ ɔbɛdi me man soɔ no nie.
18Na Saulo twe pinii Samuel kuro pono no ano kaa sɛ: Mesrɛ wo, kyerɛ me deɛ ɔdehunufoɔ no fie wɔ.
19Na Samuel buaa Saulo sɛ: Mene ɔdehunufoɔ no. Foro di m’anim kɔ sorɔnsorɔnbea hɔ, na mo ne me bɛdidi nnɛ, na adeɛ kye a, magya mo kwan; na mɛka wo deɛ ɛwɔ w’akomam nyinaa.
20Na wo mfunumu a wɔyeraa nnansa ne nnɛ no deɛ, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hwan na Israel aboɔdenneɛ nyinaa wɔ no? Ɛnyɛ wo ne w’agya fie nyinaa dea anaa?
211 Sa 15.17 Na Saulo buaa sɛ: Ɛnyɛ Benyaminni ne me na memfiri Israel mmusuakuo mu ketewa no mu, na ɛnyɛ m’abusua ne Benyamin abusuakuo mu mmusua nyinaa mu ketewa anaa? Na adɛn nti na woka saa asɛm yi kyerɛ me?
22Na Samuel faa Saulo ne ne somfoɔ no, na ɔde wɔn kɔɔ adidiiɛ, na ɔmaa wɔn atenaeɛ wɔ wɔn a wɔahyia wɔn no ti: Wɔbɛyɛ nnipa aduasa.
23Na Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no sɛ: Fa nankum a mesee wo sɛ fa sie no bra.
24Na soodoni no kɔfaa ɔsrɛ ne deɛ ɛwɔ ho no de bɛsii Saulo anim; na Samuel kaa sɛ: Hwɛ, deɛ wɔagya nie; fa si w’anim di, ɛfiri sɛ wɔde asie ama wo berɛ a wo ne ɔman no bɛdidie.
Na Saulo ne Samuel didii da no.
25Na wɔfiri sorɔnsorɔnbea hɔ siane baa kuro no mu, na ɔne Saulo kasaa ɛdan atifi.
26Na wɔsɔree nhema; na adeɛ rekye no, Samuel frɛɛ Saulo ɛdan atifi sɛ: Sɔre na mennya wo kwan. Na Saulo sɔree, na wɔn baanu no, ɔno ne Samuel, firii adi.
27Wɔsiane kɔduruu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ka kyerɛ aberanteɛ no na ɔmmɛsene nni yɛn anim nkɔ, na ɔsene kɔ a; wo deɛ, gyina ha na menka wo nhyehyɛɛ a Onyankopɔn wɔ ma wo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.