Nnwom 23 - Twer? Kronkron(ASWDC)

AWURADE ne odwanhwɛfoɔ paDawid dwom.

1 Gye 48.15; Yoh 10.12-16 AWURADE ne me hwɛfoɔ, hwee renhia me.

2 Hes 34.14; Adi 7.17 Ɔma meda adidibea a ɛhɔ wira yɛ frɔmfrɔm,

ɔgya me kɔ nsuo a ɛho dwoɔ ho.

3 Yer 31.25 Ɔdwodwo me kra,

ɔde me fa akwantenenee so,

ne din nti.

4 Dwom 46.2 Sɛ mpo menam owuo sum kabii bɔn no mu a,

mensuro bɔne biara,

ɛfiri sɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ,

w’abaa ne wo poma

na ɛkyekyere me werɛ.

5 Dwom 36.8 Woto me pono,

m’atamfoɔ anim,

wode ngo fɔ me tirim,

me kuruwa yɛ ma bu so.

6 Dwom 84.3-4 Ampa ara yie ne adɔeɛ nko na ɛbɛdi m’akyiri

me nkwa nna nyinaa,

na mɛtena AWURADE fie

daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help