Yesaia 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Bobeturo ho bɛ

1 baako pɛ.

11Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpatutu

di mmorosa akyire,

wɔn a wɔsiri pɛ

ma nsa bo wɔn!

12 Amos 6.5-6; Dwom 28.5 Na wɔwɔ sankuten ne bɛnta,

ne mpintin ne atɛntɛbɛn ne nsa wɔ wɔn apontoɔ aseɛ,

na AWURADE nneyɛɛ deɛ, wɔnhunu,

na ne nsa ano adwuma nso, wɔnhunu.

13Enti wɔrebɛtu me man akɔ, nimdeɛ a wɔnnie nti;

na ɛkɔm bɛkum n’animuonyamfoɔ,

na sukɔm ade wɔn dɔm;

14enti Asamando atrɛ n’akɔnnɔ mu,

na ahaa n’anomu bayaa,

na Yerusalem animuonyamfoɔ ne nnipadɔm ne wɔn a wɔn ani ka wɔ mu no asiane akɔ hɔ.

15 Yes 2.11 Na wɔabrɛ nnipa ase, na wɔde mmarima ahwe fam,

na wɔabrɛ ahantanfoɔ aniwa ase;

16na asafo AWURADE, deɛ wɔma no so wɔ atɛntenenee mu,

na Kronkron Nyankopɔn ate ne ho, tenenee mu.

17Ɛnna nnwammaa bɛdidi wɔn adidibea,

na ananafoɔ adidi taamudifoɔ amamfo so.

18Wɔnnue, wɔn a wɔde atorosɛm homa twe amumuyɛ,

na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne,

19 Yer 17.15; 2 Pe 3.4 wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare

nyɛ n’adwuma ntɛm

na yɛnhunu!

Na ma Israel Kronkronni no agyina mmɛn

na ɛmmra ma yɛnhunu!

20Wɔnnue, wɔn a wɔfrɛ bɔne sɛ papa

ne papa sɛ bɔne,

wɔn na wɔde sum yɛ hann,

na wɔde hann yɛ sum,

wɔde nwononwono yɛ fremfrem,

na wɔde fremfrem yɛ nwononwono!

21 Mmb 3.7; Rom 12.17 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ara ani so anyansafoɔ

na wɔyɛ wɔn ani so nhunumufoɔ no.

22Wɔnnue, nsanom mu akatakyie

ne nsafra mu ahoɔdenfoɔ!

23Wɔn a wɔbu ɔbɔnefoɔ bem gye adanmudeɛ,

na wɔmfa deɛ ɔdi bem no bem mma no.

Ɔsɛeɛ atemmuo

24Enti, sɛdeɛ ogyaframa di nkyɛnkyɛmma

na ogyaframfram hye wira dwaneeɛ no,

saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ,

na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ mfuturo,

ɛfiri sɛ wɔapo asafo AWURADE mmara,

na wɔabu Israel Kronkronni no asɛm animtia.

25 Yes 9.12 Yei nti AWURADE bo fuu ne man,

na ɔtenee ne nsa tiaa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn,

na ɛmaa mmepɔ wosoeɛ,

na wɔn afunu yɛɛ sɛ mmorɔno so wira dodoɔ.

Yei nyinaa mu no n’abufuo no nnyaee,

na ne nsa mu atene ara.

26Na ɔbɛsi frankaa ama amanaman a ɛwɔ akyirikyirie,

na wabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asase ano,

na hwɛ, wɔreba ɛherɛ so, ntɛm so.

27Deɛ ɔbrɛ ne deɛ ɔsunti nni mu,

wɔrentɔ nko na wɔn ani renkum,

wɔn asene mu abɔsoɔ rensane,

na wɔn mpaboa homa rente.

28Wɔn agyan ano yɛ hwerɛmhwerɛm,

na wɔn tadua nyinaa akuntunkuntunu;

wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ,

na wɔn nteaseɛnam nante sɛ kyinhyia mframa.

29Wɔn mmobomu te sɛ gyata deɛ,

na wɔbobom sɛ agyataburuwa,

wɔpɔ so kyere wɔn hanam,

wɔde kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

30Na wɔbɛworo atia wɔn da no

sɛdeɛ ɛpo worɔ,

na wɔhwɛ asase a,

na hwɛ, ahohiahia ne sum nie,

na hann redane wɔn so sum wɔ wiem hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help