Yeremia 5 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Yerusalem bɔne

1Montu mmirika nkyini Yerusalem mmorɔno so,

na monhwɛ ɛ, na monhunu,

na monhwehwɛ ne mmɔntene so,

sɛ mobɛhunu onipa bi,

sɛ obi wɔ hɔ a ɔdi asɛntenenee,

na ɔhwehwɛ nokorɛ,

na memfa nkyɛ no.

2Ɛwom sɛ wɔka sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi deɛ,

nanso ntam hunu na wɔkeka.

3 Yer 2.30; Yes 48.4 O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa?

Wobobɔ wɔn,

nanso wɔnte yea biara;

wodwɛre wɔn,

nanso wɔpo atenetene.

Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan,

na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.

4Ɛnna mese: Yeinom yɛ mmɔborɔfoɔ,

nkwaseafoɔ ne wɔn,

ɛfiri sɛ wɔnnim AWURADE kwan

ne wɔn Nyankopɔn mmara.

5 Yer 2.20 Mɛkɔ nnipa akɛseɛ nkyɛn

makɔkasa akyerɛ wɔn,

ɛfiri sɛ wɔn na wɔnim AWURADE kwan

ne wɔn Nyankopɔn mmara no.

Nanso wɔn nyinaa abubu kɔnnua no

atete nkyehoma no mu.

6 Lew 26.22 Saa nti kwaeɛ mu gyata bɛkum wɔn,

anwea pradada so pataku bɛsɛe wɔn,

ɔsebɔ rewɛn wɔn nkuro ho.

Obiara a ɔbɛfiri adie no, wɔbɛtete no asinasini.

Na wɔn mmarato dɔɔso,

na wɔn akyirisan no so.

7Yei deɛ, ɛbɛyɛ dɛn na mede bɛkyɛ woɔ?

Wo mma agya me,

na wɔkeka wɔn a wɔnyɛ anyame ntam.

Na mema wɔmee mpo a,

wɔsɛe awadeɛ ara,

na wɔbɔ yuu kɔ nnwamamfoɔ fie.

8Wɔte sɛ apɔnkɔnini abrane a wɔkɔ anwan,

wɔpore wɔn hwene mu wɔ wɔn mfɛfoɔ yerenom ho.

9 Yer 5.29 Merentua yeinom so ka anaa?

AWURADE asɛm nie,

anaasɛ merentɔ were

ɔman a ɛte sɛɛ so anaa?

10 Yer 4.27 Momforo n’afasuo na monsɛe ne nyinaa,

nanso monnsɛe no nnwie

mompempane ne mman,

na wɔnyɛ AWURADE dea.

11Ɛfiri sɛ Israel fie ne Yuda fie

atwa me nkontompo,

AWURADE asɛm nie.

12Wɔadi torɔ AWURADE ho

aka sɛ: Ɔrenyɛ hwee.

Na bɔne biara remma yɛn so,

na yɛrenhunu afena anaa ɛkɔm.

13Na adiyifoɔ no bɛdanedane mframa

a asɛm biara nni wɔn anomu.

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ wɔn ne no.

14Enti sɛ AWURADE, asafo Nyankopɔn no seɛ nie:

Ɛsiane sɛ moka saa asɛm yi nti,

hwɛ, merema me nsɛm ayɛ ogya w’anomu,

na ɔman yi adane nnyina, na ogya ahye wɔn.

15 Yer 6.22 Hwɛ, mede ɔman bi

mefiri akyirikyiri mereba mo so, Israel fie,

AWURADE asɛm nie.

Ɔman a wɔyɛ ɔmantease,

ɔman a wɔfiri teteete,

ɔman a wonnim wɔn kasa,

na wonte deɛ wɔka no aseɛ.

16Wɔn agyan kotokuo te sɛ damena a ano da hɔ,

wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima.

17Na wɔbɛdi wo nnɔbaeɛ ne w’aduane;

wɔbɛkum wo mmammarima ne wo mmammaa,

na wɔbɛdi wo nnwan ne w’anantwie,

wɔbɛdi wo bobe ne w’aborɔdɔma,

na wɔde afena abobɔ wo nkuro

a ɛyɛ den a wode wo ho too soɔ no.

18Nanso saa nna no mu nso, AWURADE asɛm nie, merensɛe mo menwie.

19Na sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ: Adɛn nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn ayɛ yɛn saa adeɛ yi nyinaa a? Wobɛka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛdeɛ moagya me, na moakɔsom amannɔne anyame mo asase soɔ no, saa ara nso na mobɛsom ahɔhoɔ, asase bi a ɛnyɛ mo deɛ soɔ.

Onyankopɔn bɔ ne nkurɔfoɔ kɔkɔ

20Monka yei Yakob fie,

na momma wɔnte no Yuda sɛ:

21 Yes 6.9-10 Montie yei ɛ, ɔman nkwaseafoɔ a wɔnni tire,

wɔwɔ ani, nso wonhunu adeɛ,

wɔwɔ aso, nso wɔnte asɛm.

22 Hiob 38.8-11 Monsuro me? AWURADE asɛm nie,

anaasɛ mo akoma ntu m’anim?

Me a mede anwea meto po ano hyeɛ,

daa hyeɛ a ɛntumi ntra;

na sɛ mpo n’asorɔkyeɛ bɔ a, ɛntumi no,

na sɛ ɛhuru sɛ deɛn ara a, ɛntumi ntra.

23Na ɔman yi wɔ atuateɛ ne asoɔden akoma;

wɔte atua, na wɔkɔ;

24 Aso 14.17 na wɔnka no wɔn akoma mu sɛ:

Momma yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn,

na ɔno na ɔma osuo tɔ wɔ ne berɛ mu,

asusɔ ne bereamporɔsuo,

ɔhwɛ twaberɛ nnapɛn

a wahyɛ no so ma yɛn.

25 Yes 59.2 Mo amumuyɛ na ama yeinom adane,

na mo bɔne na ama adepa abɔ mo.

26Ɛfiri sɛ wɔhunu abɔnefoɔ me man mu;

wɔtetɛ sɛdeɛ nnomaayifoɔ butubutuo;

wɔsunsum mfidie

yiyi nnipa.

27Sɛdeɛ nnomaa hyɛ kɛntɛn ma no,

sɛ nsisie ayeyɛ wɔn afie mu ma ma ne no.

Enti wɔayɛ akɛseɛ na wɔanya wɔn ho.

28 Eks 22.22; Yes 1.23 Wɔadodɔre sradeɛ, wɔn ho srasra.

Nso wɔdi nsɛmmɔne tra so,

wɔmmu atɛntenenee,

wɔnni nwisiaa asɛm, na ama wɔadi yie;

na ahiafoɔ nso wɔmmu atɛn mma wɔn.

29 Yer 5.9 Merentua yeinom so ka anaa?

AWURADE asɛm nie,

anaasɛ merentɔ

ɔman a ɛte sei so were?

30Ahobodeɛ ne ahodwirideɛ

na wɔayɛ no asase no soɔ.

31Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ,

na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm;

me man nso pɛ no saa,

nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help