1Ɔhene Lemuel nsɛm; ɔkasakyerɛ a ne na de kyerɛkyerɛɛ no.
2Adɛn, me ba, na adɛn, me yafumma?
Na adɛn, me bɔhyɛ ba?
3 Deut 17.17; 1 Ah 11.1 Mfa w’ahoɔden mma mmaa,
na mfa w’akwan nyɛ deɛ ɛsɛe ahemfo.
4 Mmb 20.1 Ɛnsɛ ahemfo, Lemuel, ɛnsɛ ahemfo, sɛ wɔbɛnom nsa,
anaa atitire, sɛ wɔbɛdi nsaden akyire,
5na wɔannom na wɔn werɛ amfiri mmara a wɔahyɛ,
na wɔannane amanehunufoɔ nyinaa nsɛm ani.
6Fa nsaden ma deɛ ɔresɛeɛ,
ne bobesa ma awerɛhofoɔ.
7Ma no nnom na ne werɛ mfiri ne hia,
na wankae n’amaneɛ bio.
8 Hiob 29.12, 15 Bue w’ano ma emum,
ma mma a wɔagya wɔn nyinaa asɛm.
9Bue w’ano, bu atɛntenenee,
na di mmɔborɔni ne ohiani asɛm.
Ɔyere pa ayeyie10 Mmb 12.4; 18.22 Ɔyepa, hwan na ɔbɛnya?
Nso ne boɔ sene nhwene pa koraa.
11Ne kunu akoma da ne so,
na siadeɛ adeɛ nhia no.
12Ɔyɛ no yie, na ɔnyɛ no bɔne biara,
ne nkwa nna nyinaa.
13Ɔdwene kuntu ne asaawa ho,
na ɔde ne nsa yɛ adwuma fɛ so.
14Ɔte sɛ odwadini ahyɛn,
ɔde n’aduane firi akyirikyiri ba.
15Adeɛ nnya nkyee a, na wɔasɔre,
na wama ne fiefoɔ aduane,
na wama ne mmaawa nnwuma.
16Ɔdwene afuo ho na ɔtɔ,
ɔde ne nsa ano aba yɛ bobeturo.
17Ɔde ahoɔden bɔ n’asene,
na ɔhyɛ n’abasa mu den.
18Ɔte ne dwumadie mu dɛ;
ne kanea nnum anadwo.
19Ɔtene ne nsa sɔ ɔtadua mu,
na ne nsateaa sɔ kyekye mu.
20Ɔbae ne nsam ma mmɔborɔni,
na ɔtene ne nsa ma ohiani.
21Ɔnsuro sukyerɛmma mma ne fiefoɔ,
na ne fiefoɔ nyinaa firafira atankɔkɔɔ.
22Wanwono mmommo afa,
ne ntoma yɛ nwera pa ne beredum.
23Wɔnim ne kunu kuro apono mu,
berɛ a ɔte asase no so mpanimfoɔ mu.
24 Aso 9.39 Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn,
na ɔde abɔsoɔ ma odwadini.
25 Hiob 5.22; Mat 6.34 Ahoɔden ne nidie ne n’aduradeɛ,
na ɔnsuro mmerɛ a ɛwɔ n’anim.
26Ɔbue n’ano nyansa mu,
na adɔeɛ nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkyerɛma so.
27Ɔhwɛ ne fiefoɔ korɔ-ne-ba,
na ɔnni aniha aduane.
28Ne mma sɔre, na wɔfrɛ no nhyira,
ne kunu nso, ɔyi no ayɛ sɛ.
29Mma mmaa pii ayɛ yie,
na wo deɛ, wosene wɔn nyinaa.
30 Mmb 11.22 Osoowayɛ yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ yɛ ahuhudeɛ,
ɔbaa a ɔsuro AWURADE na wɔbɛyi no ayɛ.
31Momma no ne nsa ano aba bi,
na ne nneyɛɛ nyi no ayɛ kuro apono mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
