1Mehunuu AWURADE sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ:
Bɔ atifi pɔ no ma aponnwa nwoso,
na dwiri gu wɔn nyinaa atifi!
Na akyirikafoɔ no, mede afena bɛkunkum wɔn;
odwanefoɔ rennwane mma wɔn,
na mfirimufoɔ remfiri mu mfi mma wɔn.
2 Dwom 139.8 Sɛ wɔfunifuni kɔ Asamando a,
me nsa bɛfa wɔn afiri hɔ aba,
na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a,
mede wɔn bɛfiri hɔ asiane.
3Na sɛ wɔde wɔn ho kɔsie Karmel atifi a,
mɛtwee wɔn makɔfa wɔn afiri hɔ.
Na sɛ wɔfiri m’anim kɔhunta ɛpo ase a,
ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ na wakeka wɔn;
4 Yer 44.11 na sɛ wɔkɔ nnommumfa mu, wɔn atamfoɔ anim a,
ɛhɔ na mɛhyɛ afena na akunkum wɔn,
na mede m’ani bɛhwɛ wɔn
mama bɔne na ɛnyɛ papa.
5 Amos 8.8 Na AWURADE, asafo AWURADE
ne deɛ ɔka asase ma no nane
na ɛsofoɔ nyinaa di abooboo,
na ne mu no nyinaa puhu sɛ Nil,
na ɛtwe sɛ Misraim asuo no.
6 Amos 5.8 Ɔsi ne nsamsoɔ ɔsoro,
na ɔto ne kuntunu fapem, asase so,
ɔfrɛ po mu nsuo
na ɔhwie gu asase ani,
AWURADE ne ne din.
7 Deut 7.7; Yer 47.4 Monyɛ me sɛ Etiopiafoɔ,
mo Israel mma anaa? AWURADE asɛm nie.
Ɛnyɛ Israel na meyii no firii Misraim asase soɔ,
na Filistifoɔ nso firi Kaftor, na Siriafoɔ nso firi Kir?
8Hwɛ, AWURADE Nyankopɔn ani sa bɔne ahennie no,
na mɛsɛe no afiri asase ani,
nanso sɛeɛ no meremfa mensɛe Yakob fie no koraa,
AWURADE asɛm nie.
9Na hwɛ, mɛhyɛ
na masɔne Israel fie so amanaman nyinaa mu,
sɛdeɛ wɔsɔne adeɛ soɔ sɔneeɛ mu,
nanso ayufua rentɔ fam.
10 Amos 6.3 Afena ano na me man mu nnebɔneyɛfoɔ nyinaa bɛwuwuo,
wɔn a wɔka sɛ: Bɔne no renso yɛn so na ɛrento yɛn no.
Daakye nkwagyeɛ berɛ11 Aso 15.16-17 Ɛda no, mɛma Dawid sese
a ahwe aseɛ no agyina hɔ,
na mapempam wɔn mpaepaeɛ no,
na magyina n’afasusini,
na mato no sɛ tete nna no.
12Na wɔafa Edom nkaeɛ adi,
ne amanaman a wɔbɛbɔ me din afrɛ wɔn no nyinaa;
AWURADE a ɔyɛ yeinom no asɛm nie.
13 Lew 26.5; Yoel 3.18 Hwɛ, nna bi reba, AWURADE asɛm nie,
sɛ deɛ ɔfɛntɛm bɛka deɛ ɔtwa,
na deɛ ɔtiatia bobe aba soɔ bɛka deɛ ɔgu ayuo,
na mmepɔ bɛsosɔ nsamono,
na nkokoɔ nyinaa ahono.
14 Deut 30.3; Yes 65.21 Na mɛdane me man Israel nnommumfa no,
na wɔabɛkyekyere nkuro agoago no atena mu,
na wɔatɛ bobe nturo na wɔanom mu nsa,
na wɔayɛ nturo na wɔadi mu aba.
15Na mɛdua wɔn wɔn asase so,
na wɔrentu wɔn mfiri
wɔn asase a mede mama wɔn no so bio,
AWURADE wo Nyankopɔn na ɔseɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
