Yudit 16 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Ɛnna Yudit too dwom kaa sɛ:

Momfa akasae nhyɛ dwontoɔ ase ma me Nyankopɔn,

momfa nnonno nto dwom ma m’Awurade.

Monto dwom foforɔ ma no;

momma no so, na mommɔ ne din.

2Na Awurade ne Onyankopɔn a ɔka akodie hyɛ;

ɔde ne ntomadan si ne nkurɔfoɔ mu;

na ɔgye me firi m’atifoɔ nsam.

3Asiriafoɔ no firii atifi mmepɔ so baeɛ;

ɔne n’akofoɔ pii baeɛ;

wɔn dodoɔ asi mmonhwa no,

na wɔn apɔnkɔsotefoɔ akata nkokoɔ no so.

4Ɔka de hoahoaa ne ho sɛ ɔbɛhye me man,

na ɔde afena akunkum me mmeranteɛ,

na ɔde me nkokoaa ahwehwe fam,

na wakyere me mmɔfra sɛ asadeɛ,

na wafa me mmabunu sɛ fomadeɛ.

5Nanso Awurade Tumfoɔ

nam ɔbaa nsa so ama no ayɛ kwa.

6Ɛfiri sɛ wɔn katakyie no antɔ wɔ mmeranteɛ nsa ano,

ɛnna ɛnyɛ Titan mma na wɔkumm no,

anaa abrane na wɔto hyɛɛ ne soɔ;

na mmom Merari babaa Yudit,

n’anim fɛfɛ no na ɔde nyaa no.

7Na ɔyii ne kunayɛ ntoma guu hɔ

na ɔde ama wɔn a wɔrehyɛ wɔn soɔ no so wɔ Israel.

Ɔde sradehwan sraa n’anim;

8ɔsiesiee ne ti yɛɛ no takuwa

na ɔhyɛɛ nwera atadeɛ de daadaa no.

9Ne mpaboa yɛɛ n’ani so fɛ,

n’ahoɔfɛ faa n’adwene dommum,

na nkrantɛ twaa ne kɔn!

10Persiafoɔ no ho popoo wɔ n’akokoɔduro ho,

Medefoɔ no ho dwirii wɔn wɔ ne nnamyɛ ho.

11Afei me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no teaam;

me nkurɔfoɔ a wɔyɛ mmerɛ no suiɛ, na ɔtamfoɔ no ho popoeɛ;

wɔmaa wɔn nne so, na ɔtamfoɔ no sanee n’akyi.

12Mfenaa mmammarima hwiree wɔn mu,

na wɔapira wɔn sɛ akobɔfoɔ mma;

wɔwuwuiɛ wɔ m’Awurade asraafoɔ anim.

13 Dwom 144.9 Mɛto dwom foforɔ ama me Nyankopɔn:

O Awurade, woyɛ kɛseɛ ne onimuonyamfoɔ,

ɔnwanwani wɔ ahoɔden mu, a wɔnhu wo.

14Ma w’abɔdeɛ nyinaa nsom wo,

ɛfiri sɛ wokasae na wɔbaeɛ.

Wosomaa wo honhom, na ɛbɔɔ wɔn;

obiara nni hɔ a ɔtumi si deɛ woaka no kwan.

15Ɛfiri sɛ mmepɔ bɛwoso akɔduru wɔn fapem;

na nsuo nso bɛwoso akɔduru wɔn fapem;

mmotan bɛnane sɛ sradeɛ ntentan wɔ w’anim.

Na mmom wɔn a wɔsuro wo no,

wohu wɔn mmɔbɔ.

16 1 Sa 15.22; Dwom 51.16-17; Hos 6.6 Ɛfiri sɛ afɔrebɔ biara a ɛyɛ ohwam afɔrebɔ yɛ ade ketewa,

na sradeɛ a ɛwɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mu no nyinaa no yɛ wo ade ketewa bi;

na mmom obiara a ɔsuro Awurade no bɛkɔ so ara ayɛ kɛseɛ.

17Nnome nka aman a wɔsɔre tia me nkurɔfoɔ!

Awurade Tumfoɔ no bɛtɔ wɔn so were wɔ atemmuo da no;

na ɔbɛsoma ogya ne mmoaa akɔ wɔn honam mu;

na wɔbɛsu wɔ yea mu afebɔɔ.

18Ɛberɛ a wɔduruu Yerusalem no, wɔsomm Onyankopɔn. Na nkurɔfoɔ no tee wɔn ho ara pɛ no, wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, mmasoɔ afɔdeɛ na wɔde wɔn akyɛdeɛ maeɛ.

19Yudit de Holoferne agyapadeɛ a nkurɔfoɔ no de ama no no nyinaa maa Onyankopɔn, na ntoma a na ɛkata mpadua no ho a ɔfa firii dabekyire no, ɔde maa sɛ anohoba afɔdeɛ.

20Na abosome mmiɛnsa na nnipa no gu so ara wɔ apontoɔ mu wɔ kronkronbea hɔ wɔ Yerusalem, na Yudit ne wɔn tenaa hɔ.

Yudit din gyeɛ ne ne wuo

21Na yeinom nyinaa baa awieeɛ no, obiara sane kɔɔ ne fie, wɔn agyapadeɛ ho, na Yudit sane kɔɔ Betulia kɔtenaa n’agyapadeɛ ho. Na ne nkwa nna a aka nyinaa wɔhyɛɛ no animuonyam wɔ ɔman no mu nyinaa.

22Mmarima bebree na wɔpɛɛ sɛ wɔware no, nanso wamfa ne ho amma ɔbarima biara wɔ ne nkwa nna nyinaa mu, ɛfiri berɛ a ne kunu Manase wuiɛ na ɔtoaa n’agyanom wɔ nseɛdo no akyi no.

23Ɔkɔɔ so ara gyee din, na ɔnyini bɔɔ aberewa wɔ ne kunu fie, na ɔdii mfeɛ ɔha ne nnum. Ɔde n’abaawa no ho kyɛɛ no. Yudit wui wɔ Betulia, na wɔsiee no wɔ ne kunu Manase bodan mu;

24na Israel fie suu no nna nson. Ansa na ɔrebɛwuo no, ɔkyekyɛɛ n’agyapadeɛ maa ne kunu Manase nkurɔfoɔ a wɔbɛn no no, ne ɔno ara nso nkurɔfoɔ a wɔbɛn no no.

25Na ne berɛ so anaa ne wuo akyi mmerɛ tentene bi mu no, obiara ammɛteetee Israelfoɔ no bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help