1Na ɛyɛ Nebukadnessar ahennie afe a ɛtɔ so dummienu, ɛberɛ a na ɔte Ninewe kuropɔn mu di Asiria so hene, na na Arfaksad te Ekbatana di Medefoɔ so hene.
2Ɔde aboɔ a wɔatwitwa no basafa baako ne fa ne trɛ mu, na basafa mmiɛnsa ne tentene mu; na ɔtoo afasuo no basafa aduasa nnum ne korɔn mu na basafa aduonu nnum ne tɛtrɛtɛ mu twaa Ekbatana ho hyiae.
3Na ɔtoo abantenten wɔ apono no ho a ne korɔn yɛ basafa aduonum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduasa wɔ fapem no mu.
4Ɔyɛɛ n’apono no tenetene basafa aduasa nnum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa aduonu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na n’asraafoɔ bɛtumi abɔ nsra, na n’asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu bɛtumi ahyehyɛ wɔn ho wɔ wɔn dibea mu.
5Afei Ɔhene Nebukadnessar ne Ɔhene Arfaksad de ɔko hyehyɛɛ so wɔ petee kɛseɛ a ɛwɔ Ragau ahyeɛ soɔ so.
6Nkurɔfoɔ a wɔtete aman a ɛwɔ nkokoɔ soɔ no bɛkaa ne ho, ɛne wɔn a wɔtete Eufrate, Tigris ne Hadaspes ne petee mu faako a Ariok di hene wɔ Elemaefoɔ so. Aman bebree bɛkaa Kaldea asraafoɔ no ho.
Nebukadnessar hyɛ ɛberɛ a ɛtwa toɔ7Afei Nebukadnessar a ɔyɛ Asiriafoɔ hene no somaa abɔfoɔ kɔɔ wɔn a wɔtete Persia nyinaa ne wɔn a wɔte apueeɛ, wɔn a wɔtete Kilikia ne Damasko, Lebanon ne Antilebanon, ne wɔn a wɔtete mpoano hɔ nyinaa,
8ne wɔn a wɔwɔ Karmel ne Gilead, Galilea Atifi ne Esdraelon petee kɛseɛ no so,
9ne wɔn a wɔwɔ Samaria ne ne nkuro a atwa ho ahyia, ne deɛ ɛdeda Yordan akyi de kɔduru Yerusalem ne Betania ne Kyelous ne Kades ne Misraim asubɔntene no ho, ne Tefanes ne Raamses ne Gosen asase nyinaa so,
10mpo ɔtraa Tanis ne Memfis, ne wɔn a wɔtete Misraim de kɔpem Etiopia ahyeɛ so nyinaa.
11Nanso wɔn a na wɔte amantam no mu nyinaa ammu Nebukadnessar a ɔyɛ Asiriafoɔ hene no frɛ no, na wɔampɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔka ne ho wɔ ɔko mu; ɛfiri sɛ na wɔnsuro no, na wɔbuu no sɛ ɔyɛ onipa baako ara, na wɔpamoo n’abɔfoɔ no ma wɔde nsapan ne ahohora san kɔe.
12Ɛnna Nebukadnessar bu fuu saa mantam mu yi nyinaa, na ɔde n’adwa ne n’ahemman kaa ntam sɛ ɔbɛtɔ were wɔ Silikia, Damasko ne Siria mantam mu nyinaa so, na ɔde nkrantɛ ano bɛkunkum nnipa a wɔtete Moab asase so ne Amonfoɔ, ne Yudea nyinaa, ne wɔn a wɔwɔ Misraim nyinaa, de kɔsi ɛpo mmienu no mpoano hɔ.
Arfaksad di nkoguo13Afe a ɛtɔ so dunson no mu na ɔdii ne dɔm anim kɔtuu Ɔhene Arfaksad so sa na ɔdii ne so nkonim. Na ɔtuu Arfaksad asraafoɔ nyinaa ne n’apɔnkɔsotefoɔ ne ne nteaseɛnam nyinaa guiɛ.
14Sei na ɛyɛeɛ maa ɔfaa nkuro no dii soɔ, na ɔbaa Ekbatana bɛgyee n’abantenten. Ɔfomm ne dwam nnoɔma faeɛ, na ɔdanee n’animuonyam no ahohora.
15Ɔkyeree Arfaksad wɔ Ragau mmepɔ so na ɔde mpea wowɔɔ no too fam, na ɔsɛee no koraa.
16Afei ɔsanee n’akyi kɔɔ Ninewe; ɔne n’asraafoɔ a wɔaka abɔ mu nyinaa, ɛdɔm kɛseɛ pa ara, na ɛhɔ na ɔne n’asraafoɔ no homeeɛ na wɔdidiiɛ nna ɔha ne aduonu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.