1AWURADE adaka no dii Filistifoɔ asase so abosome nson.
2Ɛnna Filistifoɔ frɛfrɛɛ asɔfoɔ ne akɔmfoɔ sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn adekodeɛ a yɛmfa nka ho nkɔ ne siberɛ.
3Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodie afɔdeɛ nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yadeɛ, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfiri mo soɔ yi.
4Yos 13.3 Na wɔkaa sɛ: Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa mma? Na wɔse: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpɔmpɔ nnum ne sika nkura nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ asafohene ano sie, ɛfiri sɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene soɔ.
5Enti monyɛ mo mpɔmpɔ no nsɛsoɔ ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no nsɛsoɔ, na momfa animuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afiri mo ne mo anyame ne mo asase so.
6Eks 8.15; 12.31 Na adɛn nti na moyɛ mo akoma denden sɛdeɛ Misraimfoɔ ne Farao yɛɛ wɔn akoma denden no? Ɛnyɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔn adeɛ wieeɛ no ansa na wɔregya wɔn kwan ama wɔakorɔ?
7Na afei monyɛ teaseɛnam foforɔ, na momfa anantwibereɛ mmienu a wɔma nufoɔ a kɔnnua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no, na montete wɔn mma mfiri wɔn ho nkɔ fie;
8na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinneɛ a mode rekɔyɛ asodie afɔdeɛ ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na monnya no kwan na ɛnkɔ.
9Na monhwɛ, sɛ ɛfa ɛno ara ne hyeɛ so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnneɛ na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa ha yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.
10Na nnipa no yɛɛ saa, na wɔfaa anantwie mmienu a wɔma nufoɔ de wɔn sesaa teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma mu wɔ efie;
11na wɔde AWURADE adaka no sii teaseɛnam no so, na wɔde adakawa a sika nkura ne wɔn mpɔmpɔ nsɛsoɔ no wɔ mu no kaa ho.
12Na anantwie no faa kwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekorɔ no na wɔde su, na wɔammane ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifoɔ asafohene no dii wɔn akyi kɔduruu Bet-semes hyeɛ so.
13Nso na Bet-semesfoɔ retwa wɔn ayuo bonhwa mu; na wɔmemaa wɔn ani so hunuu adaka no, na ne hunu no yɛɛ wɔn anigyeɛ.
14Na teaseɛnam no duruu Bet-semesni Yosua afuo mu na ɛgyinaa hɔ; nso na ɔbo kɛseɛ bi wɔ hɔ; na wɔpaepaee teaseɛnam no nnua, na wɔde anantwie no bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa AWURADE.
15Na Lewifoɔ no yii AWURADE adaka no ne adakawa a ɛka ho a sika nnwinneɛ no wɔ mu no sisii ɔbo kɛseɛ no so; na Bet-semesfoɔ no bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na wɔkunkum okum afɔdeɛ da no ara maa AWURADE.
16Na Filistifoɔ asafohene baanum no hunuiɛ no, wɔsane kɔɔ Ekron da no ara.
17Na yeinom ne sika mpɔmpɔ a Filistifoɔ de yɛɛ asodie afɔdeɛ de brɛɛ AWURADE no: Asdod deɛ baako, Gasa deɛ baako, Askelon deɛ baako, Gat deɛ baako, Ekron deɛ baako;
18ne sika nkura no, sɛdeɛ Filistifoɔ nkuro a ɛyɛ asafohene baanum no deɛ ano sie no, ɛfiri nkuro a wɔatoto ho afasuo soɔ de kɔsi petee mu nkuraa so. Na adanseɛ ne ɔbo kɛseɛ a wɔde AWURADE adaka no sii soɔ no, na ɛwɔ Bet-semesni Yosua afuo mu bɛduru nnɛ da yi.
19 Num 4.20; 2 Sa 6.6-7 Na ɔkumm Bet-semesfoɔ no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na ɔkumm ɔman no mu nnipa aduɔson ne nnipa mpem aduonum. Na ɔman no dii abooboo sɛ AWURADE de ekum kɛseɛ akum ɔman no mu nnipa bie.
20Na Bet-semesfoɔ no kaa sɛ: Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hwan nkyɛn na ɔmfiri yɛn nkyɛn nkorɔ?
21Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.