1 Makabee 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Bakides ne Alkimus satuo(2 Makabee 14.1-36; 15.1-36)

1Afe ɔha aduonum baako mu no, Seleukus ba Demetrius ne nnipa kakraa bi firii Roma nam ɛpo so kɔɔ mpoano kuro bi mu, na ɔfirii aseɛ dii hene.

2Na ɔgu so rehyɛne ne nananom adehyeɛ ahemfie hɔ no, asraafoɔ no kyeree Antiokus ne Lisias de wɔn brɛɛ no.

3Nanso ɛberɛ a ne nneyɛɛ duruu n’anim no, ɔkaa sɛ: Mommma me nnhu wɔn anim!

4Enti asraafoɔ no kumm wɔn, na Demetrius tenaa n’adwa so wɔ n’ahennie ahennwa so.

5Afei atuatefoɔ ne amumuyɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa baa ne nkyɛn; na Alkimus di wɔn anim, ɔno na na anka ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin.

6Wɔbɛtotoo nnipa no ano kyerɛɛ ɔhene no, sɛ: Yuda ne ne nuanom asɛe wo Nnamfonom nyinaa, na wɔapamo yɛn afiri yɛn asase so.

7Afei soma onipa bi a wogye no die; na ma no nkɔhwɛ afo a Yuda de aba yɛn so wɔ ɔhene asase so, na ma wɔntwe ɔne wɔn a wɔboaa no no nyinaa aso.

8Ɛno nti ɔhene yii Bakides, ɔhene Nnamfonom no mu baako a na ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no Agya; na ɔyɛ onipa kɛseɛ wɔ ahennie no mu, na ɔdi nokorɛ ma ɔhene.

9Ɔsomaa no ne omumuyɛni Alkimus a ɔyɛɛ no ɔsɔfo panin no; na ɔhyɛɛ no sɛ ɔntɔ Israelfoɔ no so were.

10Ɛno nti wɔsii mu ne akofoɔ a wɔdɔɔ so pa ara kɔɔ Yuda asase so; na ɔsomaa abɔfoɔ kɔkaa asomdwoeɛ nsɛm a ɛsane yɛ nkontompo kyerɛɛ Yuda ne ne nuanom.

11Nanso wɔantie wɔn nsɛm no, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ wɔde akofoɔ pii na ɛbaeɛ.

12Ɛnna Atwerɛfoɔ kuo bom baa Alkimus ne Bakides anim sɛ wɔrebɛbisa wɔn asomdwoeɛ nhyehyɛɛ.

13Na Hasideafoɔ yɛ wɔn a wɔdi kan wɔ Israelfoɔ no mu a wɔbɛhwehwɛɛ wɔn nkyɛn asomdwoeɛ,

14ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ: Ɔsɔfoɔ bi a ɔyɛ Aaron aseni ne asraafoɔ no na ɛbaeɛ, enti ɔrenyɛ biribiara nha yɛn.

15Alkimus kaa asomdwoeɛ nsɛm kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛrempɛ sɛ yɛbɛha mo anaasɛ mo Nnamfonom.

16Yei nti, wɔgyee no diiɛ; nanso ɔkyeree wɔn mu aduosia na ɔkumm wɔn da koro, sɛdeɛ na wɔatwerɛ no sɛ:

17 Dwom 79.2-3 W’ahotefoɔ honam ne wɔn mogya no,

wɔhwiee ne nyinaa twaa Yerusalem ho hyiae,

na obiara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn.

18Afei wɔn ho hu ne suro kaa ɔman no nyinaa, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Nokorɛ ne pɛrepɛreyɛ biara nni wɔn mu, ɛsiane sɛ wɔabu nhyehyɛɛ ne ntam a wɔkaeɛ no so.

19Afei Bakides twee ne ho firii Yerusalem na ɔkɔkyeree nsraban wɔ Bet-sait. Na ɔsoma maa wɔkɔkyeree nnipa no mu bebree a na wɔadwane agya no no, ne nkurɔfoɔ no mu bi, na ɔkumm wɔn, na ɔtotoo wɔn guu amena kɛseɛ bi mu.

20Ɔde ɔman no hyɛɛ Alkimus nsa na ɔgyaa no akofoɔ binom sɛ wɔmmoa no; ɛnna Bakides san kɔɔ ɔhene no nkyɛn.

21Alkimus peree sɛdeɛ n’asɔfodie no bɛgyina,

22na wɔn a na wɔreha wɔn nkurɔfoɔ no nyinaa bɛkaa ne ho. Wɔnyaa tumi wɔn Yuda asase so, na wɔsɛe ade kɛseɛ wɔ Israel.

23Na Yuda hunuu bɔne a Alkimus ne wɔn a wɔka ne ho no yɛeɛ wɔ Israelfoɔ mu; na ɛboro deɛ Amanaman no ayɛ no.

24Ɛno nti, Yuda siim kɔɔ mmeammea a atwa Yudea ho ahyia no nyinaa, sɛ ɔretɔ nnipa a wɔadwane na wɔresi wɔn a wɔwɔ kuro no mu, a wɔrefiri adi akɔ ɔman no mu no kwan no so were.

25Ɛberɛ a Alkimus hunuu sɛ Yuda ne wɔn a wɔka ne ho no ho ayɛ den no, na ɔhunuu sɛ ɔrentumi nnyina wɔn anim no, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn na wɔkɔkaa nsɛmmɔne tiaa wɔn.

Nikanor wɔ Yudea

26Afei ɔhene no somaa Nikanor, a ɔyɛ atitire animuonyamfoɔ no mu baako a ɔkyiri na ɔtan Israel, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔsɛe ɔman no.

27Ɛno nti Nikanor de akofoɔ pii baa Yerusalem, na ɔnam nkontompo kwan so soma de asomdwoeɛ asɛm kɔmaa Yuda ne ne nuanom sɛ:

28Mma ɔko mmɛda mo ne me ntam; me ne nnipa kakraa bi bɛba abɛhu wo anim ne anim wɔ asomdwoeɛ mu.

29Enti ɔkɔɔ Yuda nkyɛn, na wɔde asomdwoeɛ nkyea kyeakyeaa wɔn ho; nanso na ɔtamfo no resiesie ne ho sɛ ɔbɛkye Yuda.

30Yuda hunuu sɛ Nikanor nam nkontompo kwan so na aba ne nkyɛn, na ɔsuroo no, na wampɛ sɛ ɔhyia no bio.

31Ɛberɛ a Nikanor hunuu sɛ n’adwene a ɔwɔ no ada adie no, ɔfirii adi kɔhyiaa Yuda ne no koe wɔ baabi a na ɛbɛn Kafar-salama.

32Nnipa bɛyɛ ahanum totoe, na nkaeɛ no dwane kɔɔ Dawid kuro mu.

Nikanor hunahuna sɛ ɔbɛsɛe Asɔredan no

33Nsɛm a ɛsisiiɛ yi akyiri no, Nikanor foro kɔɔ Bepɔ Sion so. Asɔfoɔ binom a wɔfiri kronkronbea hɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ bae sɛ wɔrebɛkyea no asomdwoeɛ mu, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ ama ɔhene no abɛkyerɛ no.

34Nanso ɔsii wɔn atwetwe, dwoodwoo wɔn na ɔguu wɔn ho fi de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn,

35na ɔde abufuo kaa ntam yi sɛ: Gye sɛ wɔde Yuda ne n’asraafoɔ ahyɛ me nsa saa berɛ yi ansa, na sɛ mesan kɔ dwoodwoo a, mɛhye saa fie yi. Na ɔde abufuo kɛseɛ firii adi kɔe.

36Yei mu na asɔfoɔ no kɔɔ mu na wɔkɔgyinaa afɔrebukyia no ne asɔredan no anim; wɔsui kaa sɛ:

37Woyii saa fie yi sii hɔ sɛ wɔmfa wo din mfrɛ,

na ɛbɛyɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ fie ama wo man.

38Tɔ saa onipa yi ne n’asraafoɔ so were,

na ma wɔn nwuwu wɔ nkrantɛ ano;

kae wɔn abususɛnka no,

na mma wɔn ntena ase bio.

Nikanor wuo

39Afei Nikanor firii Yerusalem na ɔkɔkyeree nsraban wɔ Bet-horon, na Siriafoɔ asraafoɔ no bɛkaa ne ho.

40Yuda ne mmarima mpem mmiɛnsa kyeree nsraban wɔ Adasa. Afei Yuda bɔɔ mpaeɛ sɛ:

412 Ah 19.35 Ɛberɛ a abɔfoɔ a wɔfiri ɔhene hɔ no kaa abususɛm no, wo bɔfoɔ firii adi kɔkunkumm Asiriafoɔ no mu mpem ahanwɔtwe nnum.

42Saa ara nso na ka saa asraafoɔ a wɔgyina yɛn anim nnɛ yi guo; na ma nkaeɛ no nhunu sɛ Nikanor aka abususɛm atia kronkronbea no, na fa saa amumuyɛ yi so bu no atɛn.

43Enti asraafoɔ hyiaa ɔko mu wɔ bosome Adar da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu. Wɔkaa Nikanor asraadɔm no guiɛ, na ɔno ne onipa a ɔdii kan wuiɛ wɔ ɔko no mu.

44Ɛberɛ a n’asraafoɔ no hunuu sɛ Nikanor awu no, wɔtotoo wɔn akodeɛ gui na wɔdwanee.

45Yudafoɔ no tii wɔn da koro akwantuo firi Adasa kɔduruu Gasara, na ɛberɛ a na wɔsa wɔn no, wɔkɔɔ so ara hyɛnee totorobɛnto de frɛɛ ɔko.

46Nnipa fifiri nkuraaseɛ a atwa Yudea ho ahyia no bae, na wɔtwaree ɔtamfo no na ɔpamoo wɔn sane brɛɛ wɔn atifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ nkrantɛ ano; na wɔn mu fua mpo anka.

47Ɛnna afei Yudafoɔ no gyegyee wɔn nnoɔma ne asadeɛ no; na wɔtwaa Nikanor ti ne ne nsa nifa a ɔtenee no wɔ ahantan so, na wɔde baeɛ bɛkyerɛɛ wɔ Yerusalem adihɔ pɛɛ.

48Ɔman no dii ahurisie kɛseɛ na wɔdii ɛda no sɛ ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ da.

49Wɔhyɛɛ sɛ wɔnni saa da yi afe biara, bosome Adar ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu.

50Ɛno nti Yuda asase no nyaa ahome nna kakraa bi mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help