Yesaia 58 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyamesom huhuo

1 Mika 3.8 Team denden, nnodo ho;

ma wo nne so sɛ totorobɛnto,

na ka me man mmarato ne Yakob fie bɔne kyerɛ wɔn.

2 Yes 43.26 Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara,

na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan,

sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wɔdi asɛntenenee

na wɔnnyaa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no;

wɔbisa me hɔ asɛntenenee,

wɔpɛ sɛ wɔpinkyɛ Onyankopɔn.

3Wɔka sɛ: Adɛn nti na yɛdi mmuada na wonhunu,

yɛbrɛ yɛn kra ase na wonnim yi?

Hwɛ, mo abuada da no,

moyɛ deɛ mo ara mopɛ,

na moteetee mo adwumayɛfoɔ nyinaa.

4Hwɛ, ɔham ne ntɔkwa mu na mode di mmuada,

na mobɔ kuturuku atirimuɔden so.

Ɛnyɛ mo nnɛ yi mmuada yi na ɛbɛma wɔate mo nne wɔ soro.

5 Sak 7.5; Mat 6.16-18 Sɛdeɛ mmuada a mɛpɛ no

ɛda a onipa brɛ ne kra ase no teɛ nie?

Sɛ obi si ne tiri ase sɛ mmɛwa

na ɔsɛ ayitoma ne nso da so a,

yei na wofrɛ no abuadadie

ne da a ɛsɔ AWURADE ani yi anaa?

Mmɔborɔhunu na ɛsɔ Nyankopɔn ani

6Ɛnyɛ yei ne abuadadie a mepɛ?

Sɛ mobɛsanesane abɔnefoɔ apɔ,

ahotiri kɔnnua nhoma,

ama wɔn a wɔhom wɔn soɔ no afa wɔn ho akɔdie,

na moabubu kɔnnua nyinaa?

7 Mat 25.35 Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi,

na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie,

sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho,

na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa?

8 Yes 58.10; Dwom 37.6 Ɛno na wo hann bɛpue sɛ adekyeeɛ,

na w’akwahosan afefɛ ntɛm.

Wo tenenee bɛdi w’anim,

na AWURADE animuonyam abɔ wo kyidɔm.

9 Yes 30.19 Ɛno na wobɛfrɛ, na AWURADE bɛbua,

wobɛteam, na ɔbɛka sɛ: Menie.

Sɛ woyi kɔnnua firi wo mu,

nsateaa tene ne ahuhukasa,

10na wode deɛ wo kra pɛ ma deɛ ɛkɔm de no,

na woma ɔkra a ɔyɛ mmɔborɔ no mee a,

ɛno deɛ wo hann bɛpue sum mu,

na wo kusuu bɛyɛ sɛ awia ketee.

11 Yer 31.12 Na AWURADE bɛkyerɛ wo kwan daa nyinaa,

na ɔde nnepa amee wo kra,

na wahyɛ wo nnompe mu den,

na woayɛ sɛ turo a nsuo sene wɔ mu ne nsuo aniwa a emu nsuo nni hwammɔ.

12 Yes 61.4 Na wo mufoɔ bɛkyekyere tete akurofo,

wobɛma awoɔ ntoatoasoɔ ahodoɔ fapem agyina,

na wɔafrɛ wo ɔpamago,

deɛ ɔtoto akwan sɛ nnipa ntena hɔ.

Homedadie pa so nhyira

13 Yes 56.2, 4 Sɛ wosianka wo nan homeda

na me da kronkron no woanyɛ deɛ wo pɛ,

na wofrɛ me homeda sɛ anigyedeɛ,

ne AWURADE da kronkron no sɛ da a ɛsɛ anidie,

na wodi no ni na woamfa wo ara w’akwan so,

na woanyɛ deɛ wo ara wo pɛ, na woankeka nsɛm hunu a,

14ɛnna w’ani bɛgye AWURADE ho,

na mɛma woafa asase so sorɔnsorɔnbea so,

na mɛma woadi w’agya Yakob agyapadeɛ no,

ɛfiri sɛ AWURADE ano na aka.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help