1 Makabee 6 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Antiokus Epifanes nna a ɛdi akyire(2 Makabee 1.11-17; 9.1-29; 10.9-11)

1Na Ɔhene Antiokus retwam wɔ atifi mantam mu na ɔtee sɛ Elimais a ɛwɔ Persia no agye din wɔ ne sika ne dwetɛ ahodeɛ nti.

2N’asɔrefie no wɔ ahonyadeɛ pii, ɛwɔ sika akyɛm, nkataboɔ ne akodeɛ a Filipo ba Aleksandro, Makedonia hene a ɔdii kan dii hene wɔ Helafoɔ soɔ no gyaa hɔ no.

3Enti ɔbae na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa kuro no na wafom mu nnoɔma, nanso wantumi ɛfiri sɛ, na ne tirimbɔ no ada adi ama nnipa a wɔtete mu no ahu,

4na wɔne no gyinaeɛ wɔ ɔko mu. Ɛno nti ɔde abasamtuo dwane firii hɔ san kɔɔ Babel.

5Ɛnna obi baa ne nkyɛn wɔ Persia na ɔbɛkaa sɛ atamfoɔ a wɔkɔɔ Yuda asase so no, wɔapamo wɔn;

6sɛ Lisias na ɔdii kan de asraafoɔ a wɔn ho yɛ den kɔɔ hɔ, nanso ɔdanee ne ho dwane firii Yudafoɔ no anim; na Yudafoɔ no ho ayɛ den ɛsiane akodeɛ, nnoɔma ne asadeɛ a ɛdɔɔso a wɔsesa firii asraafoɔ a wɔakunkum wɔn no nkyɛn;

7

17Ɛberɛ a Lisias tee sɛ ɔhene no awu no, ɔfaa Antiokus, ɔhene ba no sii no hene. Lisias atete no firi ne mmɔfra ase; ɔtoo ne din Eupator.

Siria sane hyɛ ntɔkwa ase bio(2 Makabee 13.1-26; 11.22-26)

18Afei bansifoɔ a wɔwɔ abankɛseɛ no mu no kɔɔ so ara kaa Israel miaeɛ wɔ kronkronbea no ho. Wɔfaa ɔkwan biara so sɛ wɔbɛdi wɔn dɛm na wɔahyɛ Amanaman no den.

19Ɛno nti Yuda bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wɔn, na ɔboaboaa nkurɔfoɔ no nyinaa ano sɛ wɔntu wɔn so sa.

20Wɔboaa wɔn ho ano na wɔtuu abankɛseɛ no so sa wɔ afe ɔha aduonum mu, na ɔsisii abantenten ne akodeɛ a wɔde dwiri fasuo.

21Nanso abansifoɔ no mu binom dwanee firii ɔko no mu, na Israelfoɔ a wɔnni nyamesuro no binom de wɔn ho kɔbɔɔ wɔn ho.

22Wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na wobɛkɔ so ara remmu atɛntenenee na wontɔ yɛn nuanom so were?

23Yɛn ani gyee sɛ yɛbɛsom w’agya, yɛbɛdi nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn no soɔ, na yɛadi ne mmara soɔ.

24Yei ho nti na yɛn man mu nnipa ato ahyɛ abankɛseɛ no so na wɔretane yɛn no; bio, wɔakunkum yɛn mu dodoɔ a wɔn nsa kaa wɔn no, na wɔagyegye yɛn agyapadeɛ.

25Ɛnyɛ yɛn nko ara na wɔatene wɔn nsa aka yɛn; na wɔato ahyɛ nsase a ɛwowɔ wɔn ahyeɛ so nyinaa.

26Na hwɛ, ɛnnɛ wɔakyere nsra atia abankɛseɛ no wɔ Yerusalem sɛ wɔrefa; kronkronbea no ne Betsur nyinaa wɔabɔ ho ban;

27gye sɛ wosi wɔn kwan ntɛmntɛm, anyɛ saa a wɔbɛkɔ so ara ayɛ nnoɔma akɛseɛ, na worentumi nsi wɔn ho kwan.

28Ɔhene bo fui ɛberɛ a ɔtee yei no. Ɔboaboaa ne Nnamfonom, asraafoɔ asafohene ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa ano.

29Apaafoɔ asraafoɔ nso fifiri ahennie afoforɔ mu ne ɛpo ahodoɔ mu nsupɔ so baa ne nkyɛn.

30Na n’akofoɔ no dodoɔ yɛ asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, ɔpeha, apɔnkɔsotefoɔ, mpem aduonu, ne asono a wɔtaa kɔ ɔko, aduasa mmienu.

31Wɔnam Idumea bae na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Betsur, na wɔkoo nna pii na wɔyɛɛ akodeɛ a wɔde bubu fasuo; nanso Yudafoɔ no firii adi koe akokoɔduro so, na wɔde ogya hyee yeinom.

Wɔtu sa wɔ Bet-sekaria

32Ɛnna Yuda firii abankɛseɛ no mu kɔkyeree nsraban wɔ Bet-sekaria a ɛwɔ ɔhene nsraban no ntentensoɔ.

33Anɔpatutu na ɔhene no sɔre faa n’asraafoɔ nam ɔhyɛ so faa Bet-sekaria kwan so, na n’asraafoɔ no asiesie wɔn ho ama ɔko, na wɔhyɛnee wɔn totorobɛnto.

34Wɔde bobe aba mu nsuo ne mulberi maa asono no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛkanyan wɔn de akɔ ɔko.

35Wɔkyekyɛɛ mmoa no mu maa abansifoɔ akuakuo no; wɔde ɔsono baako biara gyinaa mmarima a wɔahyehyɛ akotadeɛ, na wɔde yaawa kyɛ ahyehyɛ wɔn ti; na wɔde apɔnkɔsotefoɔ a wɔayi wɔn ahanum maa aboa baako biara.

36Yeinom dii kan gyinagyinae baabiara a aboa no wɔ; baabiara a ɔkɔeɛ no wɔne no kɔe, na wɔanyae ne nko ara.

37Wɔde abantenten a wɔde dua ayɛ a ɛyɛ den na wɔakata ho sisii asono no akyi; wɔde adeɛ sononko bi na akurakura mu wɔ aboa biara so, na emu biara wɔ mmarima baanan a wɔamia, na wɔtumi ko firi hɔ, na Indiani a wɔka aboa no nso ka ho bi.

38Wɔde apɔnkɔsotefoɔ nkaeɛ no gyinagyina kaa asraafoɔ afanu no ho wɔ afa mmienu no, sɛ wɔnha atamfoɔ no wɔ berɛ ko a abansifoɔ akuakuo no rebɔ wɔn ho ban.

39Ɛberɛ a owia hyerɛnn wɔ sika ne yaawa akyɛm no soɔ no, nkokoɔ no so yɛɛ hyerɛn na ɛtetee yerɛyerɛ te sɛ ogyatɛnee.

40Afei wɔde ɔhene asraafoɔ no bi kɔguu nkokoɔ atenten so, na akofoɔ no bi wɔ asasetam so, na afei wɔtu tenee nkakrankakra a wɔtoatoa so yie.

41Wɔn a wɔtee ɛdɔm no dedeyɛ no nyinaa ho popoe, ɛsiane ɛdɔm no anammɔntutuo ne wɔn akodeɛ a ɛregyegyeɛ no, ɛsiane sɛ na asraafoɔ no yɛ ɛdɔm kɛseɛ a wɔdɔɔso pa ara.

42Nanso Yuda ne n’asraafoɔ no kɔɔ ɔko no anim, na ɔhene asraafoɔ no mu ahansia totɔe.

43Afei Eleasa a wɔfrɛ no Awaran no hunuu sɛ wɔde ahemfo akodeɛ na ahyehyɛ mmoa no mu baako. Na na ɛware sene nkaeɛ no, na ɔdwenee sɛ ɔhene no te ɛno so.

44Ɛno nti ɔde ne nkwa mae sɛ ɔbɛgye ne man na wagye edin ama ne ho afebɔɔ.

45Ɔde akokoɔduro tuu mmirika kɔɔ abansifoɔ akuakuo no mu kɔduruu ho; na ɔkumm nnipa wɔ benkum ne nifa, na wɔbuee mu maa no afanu nyinaa.

46Ɔkɔhyɛɛ ɔsono no ase, na ɔde nkrantɛ wɔɔ no firii n’ase, na ɔkumm no; nanso ɔsono no bu hwee ne so wɔ fam, na ɔwui.

47Ɛberɛ a Yudafoɔ no hunuu ɔhene ahoɔden ne akofoɔ no aniɛden ntɔkwa no no, wɔdanee wɔn ho dwaneeɛ.

Wɔtua Asɔrefie no

48Na ɔhene asraafoɔ no foro kɔɔ Yerusalem kɔhyiaa wɔn, na ɔhene kyeree nsraban wɔ Bepɔ Sion so wɔ Yudea.

49Ɔne Bet-surfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ, na wɔfiri kuro no mu kɔe, ɛfiri sɛ na wɔnni aduane a wɔde bɛgyina ɔko anim, ɛsiane sɛ na ɛyɛ homeda afe ma asase no.

50Enti ɔhene faa Bet-sur na ɔde ɔwɛmfoɔ gyinaa hɔ sɛ ɔnhwɛ so.

51Ɛnna afei ɔkyeree nsra wɔ kronkronbea hɔ nna pii. Ɔsisii asayɛ abantenten, akodeɛ a wɔde bɛtoto ogya ne aboɔ, akodeɛ a wɔde bɛtoto agyan ne ohim aboɔ.

52Yudafoɔ no nso yɛɛ akodeɛ a ɛte sɛ wɔn deɛ no ara, na wɔne wɔn koe nna pii.

53Nanso na wɔnni aduane biara a wɔde asie, ɛfiri sɛ na ɛyɛ homeda afe; wɔn a na wɔadwane afiri Amanaman mu akɔsie Yudea no, na wɔadi aduane a aka a wɔde asie no.

54Nnipa kakraa bi pɛ na ɛkaeɛ wɔ kronkronbea hɔ; nkaeɛ no dwane kokɔɔ wɔn nkuro so, ɛsiane sɛ na ɛkɔm no ano yɛ den dodo ma wɔn.

Siria yɛ asomdwoeɛ ho nhyehyɛɛ

55Ɛnna Lisias tee sɛ Filipo a, ɛberɛ a Ɔhene Antiokus te ase no, ɔyii no sɛ ɔntete ne ba Antiokus ma no mmɛdi hene no,

56ɔne asraafoɔ a wɔn ne ɔhene kɔeɛ no asane firi Persia ne Media aba, na ɔrebɔ mmɔden sɛ amammuo mu tumi no bɛba abɛdi ne nsam.

57Enti, ntɛm ara na wɔhyɛɛ sɛ wɔnsan, na ɔka kyerɛɛ ɔhene, asafohene, akofoɔ ne nnipa no sɛ: Yɛreyɛ mmerɛ da biara, yɛn aduane sua, beaeɛ a yɛreko no yɛ den, na ahennie no mu nsɛmnsɛm adere yɛn so dendeenden.

58Afei momma yɛn ne nkurɔfoɔ yi nyɛ nhyehyɛɛ, na yɛmma asomdwoeɛ mmɛda yɛne wɔn ne aman no nyinaa ntam.

59Momma yɛmpene so ma wɔmfa wɔn mmara ntena ase sɛdeɛ na wɔteɛ dada no; ɛfiri sɛ ɛyɛ wɔn mmara a yɛtwaam no nti na wɔn bo fui, na wɔreyɛ yeinom nyinaa.

60Asɛm yi sɔɔ ɔhene ne asahene no ani, enti ɔsoma de asomdwoeɛ ho asɛm kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn, na wɔgye tomm.

61Enti ɔhene ne asafohene no kaa wɔn ntam. Ɛnam saa nhyehyɛɛ yi so na Yudafoɔ no firii aban no mu hɔ.

62Nanso ɛberɛ a ɔhene hyɛnee Bepɔ Sion soɔ na ɔhunuu sɛdeɛ ɛhɔ si yɛ den fa no, ɔsɛee ntam a ɔkaa wɔn no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnnwiri ɛho afasuo a atwa ahyia no ngu fam.

63Afei ɔyɛɛ ntɛmntɛm firi hɔ san baa Antiokia. Ɔbɛhunuu Filipo sɛ ɔno na ɔdi kuro no so deɛ, nanso ɔne no koe na ɔde ɔhyɛ gyee kuro no fae.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help