1 Hos 1.2 Israel, mma w’ani nnnye
na nni ahurisie sɛ aman bi,
ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman.
Woapɛ apɛdeɛ ayuporebea nyinaa so.
2Ayuporebea ne nsa-kyi-amena renyɛne wɔn,
na nsamono no bɛdi wɔn hwammɔ.
3 Hos 8.13 Wɔrentena AWURADE asase so,
na Efraim bɛsane akɔ Misraim,
na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.
4Wɔremfa ahwiesa mmrɛ AWURADE,
na wɔn kum afɔdeɛ renyɛ no dɛ;
wɔn aduane bɛyɛ wɔn sɛ akyiduane,
wɔn a wɔdie nyinaa ho bɛgu fi;
na wɔn aduane yɛ wɔn ara wɔn deɛ,
ɛremma AWURADE fie.
5Ɛdeɛn na mobɛyɛ afahyɛ da no
ne AWURADE dapɔnna no?
6 Hos 10.8 Na hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔatu kɔ;
Misraim bɛboa wɔn ano,
Memfis bɛsie wɔn;
wɔn dwetɛ nnwinneɛ ananmu na nnɛnkyɛnse bɛsie,
na nkasɛɛ bɛfu deɛ wɔn ntomadan siiɛ no.
7Asotwe nna no anya aba,
aweretɔ nna no anya adu;
Israel bɛhunu sɛ
odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ,
na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ,
amumuyɛ dodoɔ
ne ɔtane a ɛso pii no nti.
8 Hos 5.1 Odiyifoɔ no ne me Nyankopɔn
yɛ ɔwɛmfoɔ ma Efraim,
nanso anomayini fidie wɔ n’akwan nyinaa mu,
ɔtane no wɔ ne Nyankopɔn fie.
9 Ate 19.22-30; 20.13 Wɔama ɔsɛeɛ a wɔasɛe no
mu adɔ sɛ Gibea nna no mu,
ɔbɛkae wɔn amumuyɛ,
ɔbɛtwe wɔn aso, wɔn bɔne ho.
Wɔnnim Nyankopɔn dɔ10 Deut 32.10; Num 25.3 Mehunuu Israel
sɛ ɛserɛ so bobe aba,
mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔmakan,
ne bereɛ a ɛdi kan mu;
nanso wɔkɔɔ Baal-peor nkyɛn,
na wɔdwiraa wɔn ho de maa aniwudeɛ,
na wɔn ho yɛɛ nwunu sɛ nnoɔma a na wɔpɛ no ara.
11Efraim deɛ, wɔn animuonyam bɛtu sɛ anomaa,
awoɔ ne afurofa ne nyinsɛn nni wɔn mu.
12Na sɛ wɔyɛne wɔn mma mpo a,
mɛma wɔadi awommawuo na obi anka;
na sɛ metwe me ho mefiri wɔn ho a,
wɔnnue ara!
13 Hes 27.3 Efraim a meyii no sɛ ɔnyɛ sɛ Tiro a wɔadua no asase pa soɔ no,
Efraim no ara bɛyi ne mma afiri akɔma okumfoɔ.
14AWURADE, ma wɔn ɛ! —
Ɛdeɛn na wobɛma wɔn?
Ma wɔn ɔyafunu a ɛpɔn,
ne nufoɔ a emu aweɛ.
15Wɔn bɔne nyinaa wɔ Gilgal,
na ɛhɔ na mefiri metanee wɔn;
wɔn nneyɛɛ bɔne nti
mɛpamo wɔn afiri me fie,
merenna so mennɔ wɔn;
wɔn mmapɔmma nyinaa yɛ atuatefoɔ nko.
16Wɔde adeɛ abɔ Efraim;
wɔn ase nhini akyenkyen;
aba nso wɔrenso;
sɛ wɔwo nso a,
mɛkum wɔn yafunum mma a wɔdɔ wɔn no.
17Me Nyankopɔn apo wɔn,
ɛfiri sɛ wɔantie no;
na wɔbɛyɛ abatafoɔ amanaman mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
