Numeri 21 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Israelfoɔ sɛe Kanaanfoɔ

1Na Arad hene a ɔyɛ Kanaanni a ɔte Negeb no tee sɛ Israel aba Atarim kwan soɔ no, ɔne Israel bɛkoe, na ɔfaa wɔn mu binom nnommum.

2Kɔbere ɔwɔ

4 Num 11.1-6; 14.2 Na wɔtu firii Hor bepɔ ho faa Mmɛwa Po kwan so sɛ wɔretwa Edom asase ho kɔntɔnkrɔn akɔ. Na ɔman no ahome tee wɔn ho pii ɔkwan no so.

5Na ɔman no kasa tiaa Onyankopɔn ne Mose sɛ: Adɛn nti na moyii yɛn firii Misraim sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ soɔ? Na aduane biara nni hɔ, na nsuo biara nso nni hɔ, na aduane hunu yi afono yɛn.

61 Ko 10.9 Ɛnna AWURADE somaa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ baa ɔman no mu bɛkekaa ɔman no, na Israel mu nnipa pii wuwui.

7Ɛnna ɔman no baa Mose nkyɛn bɛkaa sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛkasa tiaa AWURADE ne woɔ; pa AWURADE kyɛw na ɔmmɛyi awɔ no mfiri yɛn so. Na Mose paa kyɛw maa ɔman no.

8Yoh 3.14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Yɛ ɔwɔ a n’ano wɔ borɔ nsɛsoɔ, na fa no sɛne frankaa dua so; na obiara a ebi aka no no, sɛ ɔhwɛ a, ɔbɛnya nkwa.

9Na Mose yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no, na ɔde no sɛnee frankaa dua no so, na sɛ ɔwɔ ka obi na ɔhwɛ kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ no a, na wanya nkwa.

Israelfoɔ toa wɔn akwantuo no so

10Na Israelfoɔ no tu kɔkyeree nsraban wɔ Obot.

11Na wɔtu firii Obot kɔkyeree nsraban Iye-haabarim, ɛserɛ a ɛwɔ Moab anim, owia puebea no so.

12Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Sared subonhwa mu.

13Ɛhɔ na wɔfiri tu kɔkyeree nsraban wɔ Asubɔnten Arnon a ɛsene serɛ soɔ a ɛfiri Amori hyeɛ soɔ no agya, ɛfiri sɛ Arnon ne ɛhyeɛ a ɛda Moab ne Amori ntam.

14Yos 10.13 Enti wɔka no AWURADE akodie nwoma no mu sɛ:

Wɔnam ahumtuo so ko faa Waheb

ne Arnon nsubɔnhwa no,

15ne deɛ nsubɔnhwa no sene a

ɛdane kɔ Ar tenabea

na ɛtwere Moab hyeɛ ho no.

16Ɛhɔ na wɔfiri kɔɔ Beer, asubura a AWURADE kaa ho asɛm kyerɛɛ Mose sɛ: Boa ɔman no ano na mɛma wɔn nsuo anom, no.

17Ɛberɛ no mu na Israel too dwom yi sɛ:

Asubura, tue! Monnye no so!

18Asubura a atitire tuiɛ

na ɔman mu mmapɔmma funufunuiɛ,

wɔde ahempoma ne wɔn mpoma.

Na wɔfiri serɛ so kɔɔ Matana;

19na wɔfiri Matana kɔɔ Nahaliel; na wɔfiri Nahaliel kɔɔ Bamot;

20na wɔfiri Bamot kɔɔ bonhwa a ɛwɔ Moab petee mu, Pisga atifi a ɛkyerɛ anwea pradada soɔ no mu.

Wɔdi Sihon ne Og so nkonim

21 Deut 2.26-37 Na Israel somaa abɔfoɔ kɔɔ Amorifoɔ hene Sihon nkyɛn kɔkaa sɛ:

22Num 20.17 Ma memfa w’asase so; yɛremmane mfuo mu ne nturo mu, yɛrennom abura mu nsuo bi; ɔhene tempɔn so na yɛbɛnanteɛ akɔsi sɛ yɛbɛtwam w’asase soɔ.

23Na Sihon amma Israel antwam n’asase so; na ɔboaa ne man nyinaa ano firi bɛhyiaa Israel, ɛserɛ so, na ɔbaa Yahas ne Israel bɛkoe.

24Na Israel kumm no nkrantɛ ano faa n’asase firi Arnon kɔɔ Yabok so kɔduruu Amonfoɔ ho, ɛfiri sɛ na Amonfoɔ no hyeɛ so hɔ yɛ den.

25Na Israel faa nkuro yi nyinaa, na Israel tenaa Amorifoɔ nkuro no nyinaa mu, Hesbon ne ɛho nkuro nyinaa mu;

26na Hesbon ne Amorifoɔ hene Sihon kuro, ɔno na ɔne kane Moabhene koeɛ, na ɔgyee ne nsam n’asase nyinaa kɔsii Arnon ano.

27Ɛno nti na mmebufoɔ no ka sɛ:

Mommra Hesbon!

Momma wɔnkyekye na wɔnsiesie Sihon kuro no.

28Na ogya bi firii Hesbon,

ogyaframa firii Sihon kuro kɛseɛ mu;

ɛhyee Moab kuro Ar,

Arnon sorɔnsorɔmmea so awuranom.

29 Ate 11.24; 1 Ah 11.7 Wo Moab, due!

Kemos man, moayera!

Wama ne mmammarima adwanedwane,

na ne mmammaa adane

Amorifoɔ hene Sihon nnommum.

30Na yɛabɔ wɔn agu, Hesbon ayera akɔduru Dibon;

yɛasɛe wɔn akɔfa Nofa

de akɔduru Medeba.

31Na Israelfoɔ no tenaa Amorifoɔ asase so.

32Na Mose somaa maa wɔkɔsraa Yaser, na wɔfaa ne nkuraa, na ɔtuu Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no.

33Deut 3.1-11 Na wɔdanee wɔn ho foro kɔɔ Basan kwan so. Na Basan hene Og firii adi bɛhyiaa wɔn, ɔno ne ne man nyinaa, sɛ wɔrebɛko wɔ Edrei.

34Dwom 136.17-22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Nsuro no, na mede no ne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

35Na wɔkunkum no ne ne mma ne ne man nyinaa a obiara antumi anya kwan anwanne, na wɔfaa asase no dii so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help