Nehemia 11 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Nkuro mufoɔ ne nkuraasefoɔ

1 Neh 7.5 Na ɔman no akannifoɔ no te Yerusalem; na ɔman no nkaeɛ twee ntonto sɛ wɔde nnipa du mu baako bɛtena Yerusalem, kuro kronkron no mu, na baakron atenatena nkuro mu.

2Na ɔman no hyiraa mmarima a wɔyii wɔn yam sɛ wɔrebɛtena Yerusalem no nyinaa.

3 1 Be 9.2-17; Neh 7.57 Na ɔmantam no so atitire a wɔtenaa Yerusalem no nie: Nso Yuda nkuro no mu deɛ, wɔn nyinaa tenatenaa wɔn agyapadeɛ so wɔ wɔn nkuro mu. Israel yɛ asɔfoɔ ne Lewifoɔ ne nsɔfokwaa ne Salomo nkoa mma no.

4Na Yerusalem deɛ, Yuda mma no bi ne Benyamin mma no bi tenaa hɔ. Yuda mma no mu: Usia ba Ataia, Sakaria ba, Amaria ba, Sefatia ba, Mahalalel ba a ɔfiri Peres mma no mu.

5Ne Baruk ba Maaseia, Kol-hose ba, Hasaia ba, Adaia ba, Yoiarib ba, Sakaria ba, Siloni ba.

6Peres mma a wɔtenaa Yerusalem nyinaa yɛ ahanan aduosia nwɔtwe, mmarima a wɔtumi wɔn ho.

7Na Benyamin mma nie: Mesulam ba Salu, Yoed ba, Pedaia ba, Kolaia ba, Maaseia ba, Itiel ba, Yesaia ba;

8na n’akyiri no: Gabai, Salai: Ahankron aduonu nwɔtwe.

9Na Sikri ba Yoel ne wɔn so hwɛfoɔ; na Senua ba Yuda di kuro no fa a ɛtɔ so mmienu no so.

10Asɔfoɔ mu: Yoiarib ba Yedaia, Yakin;

11Hilkia ba Seraia, Mesulam ba, Sadok ba, Meraiot ba, Ahitub ba a ɔyɛ Nyankopɔn fie panin;

12ne wɔn nuanom a wɔyɛ efie no mu adwuma no, ahanwɔtwe aduonu mmienu; ne Yeroham ba Adaia, Pelalia ba, Amsi ba, Sakaria ba, Pasur ba, Malkia ba,

13ne ne nuanom, agyanom so atitire, ahanu aduanan mmienu. Ne Asarel ba Amasai, Ahsai ba, Mesilemot ba, Imer ba,

14ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho: Ɔha aduonu nwɔtwe; na wɔn so hwɛfoɔ ne Hagedolim ba Sabdiel.

15Lewifoɔ mu nso: Hasub ba Semaia, Asrikam ba, Hasabia ba, Buni ba

16ne Sabetai ne Yosabad, wɔdi Nyankopɔn fie anihumafoɔ so, wɔfiri Lewifoɔ atitire no mu;

17ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitire a ɔfiri aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a ɔdi hɔ ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba.

18Lewifoɔ a wɔwɔ kuro kronkron no mu no nyinaa ano si ahanu aduɔwɔtwe nnan.

19Na apono ano ahwɛfoɔ no: Akub, Talmon ne wɔn nuanom a wɔwɛn apono ano no: Ɔha aduɔson mmienu.

20Na Israel nkaeɛ no, asɔfoɔ no, Lewifoɔ no wɔ Yuda nkuro mu tete wɔn agyapadeɛ so.

21Na nsɔfokwaa no tenaa Ofel. Na Siha ne Gispa di nsɔfokwaa no so.

22Na Lewifoɔ a na wɔte Yerusalem no so hwɛfoɔ ne Bani ba Usi, Hasabia ba, Matania ba, Mika ba, Asaf mma no mu nnwontofoɔ wɔ hɔ ma Nyankopɔn fie adwuma no.

23Na ɔhene mmara nsɛm wɔ wɔn ho, na wɔahyɛ kyɛfa bi ama nnwontofoɔ no, da biara ne ne deɛ.

24Na Mesesabel ba Petahia a ɔfiri Yuda ba Sera mma mu no hyɛ ɔhene ase ɔman no ho asɛm nyinaa mu.

Nkuraa a ɛwɔ Yerusalem akyi

25 Yos 20.7; 21.11 Na wɔn adɔsase so nkuraa no deɛ, Yudafoɔ no mu bi tenatenaa Kiriat-arba ne ɛho nkurowa mu, ne Dibon ne ɛho nkurowa mu, ne Yekabseel ne ɛho nkuraa mu,

26ne Yesua ne Molada ne Bet-pelet,

27ne Hasar-sual ne Beer-seba ne ɛho nkurowa mu,

28Yos 15.31 ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu,

29ne En-rimon, ne Sora, ne Yarmut,

30Sanoa, Adulam ne wɔn nkuraa mu, Lakis ne ɛho mfofowa so, Aseka ne ɛho nkurowa mu, na wɔtenatenaa firi Beer-seba kɔsii Hinom bonhwa mu.

31Yos 18.22 Na Benyamin mma a wɔfiri Geba no tenaa Mikmas ne Aia ne Betel ne ɛho nkurowa mu,

32Anatot, Nob, Anania,

33Hasor, Rama, Gitaim,

34Hadid, Seboim, Nebalat,

35Lod ne Ono, adwumfoɔ tenaa bonhwa mu.

36Na Lewifoɔ no mu nkyekyɛmu a wɔyɛ Yuda deɛ no bi fraa Benyamin mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help