1Na Mose frɛɛ Israel nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Israel, montie ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a mereka magu mo aso mu nnɛ yi, na monsua, na monni so nyɛ.
2Deut 29.1; Eks 19.5 AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so;
3Deut 29.15 ɛnyɛ yɛn nananom na AWURADE ne wɔn pam apam yi, na ɛyɛ yɛn a ɛnnɛ yɛn nyinaa tete aseɛ yi ara.
4Deut 5.24; Eks 19.19 AWURADE firi ogya no mu bepɔ no ho ne mo dii nhwɛanim na ɔkasaeɛ.
5Eks 19.16 Me deɛ, na megyina AWURADE ne mo ntam saa berɛ no, sɛ merekyerɛ mo AWURADE asɛm, ɛfiri sɛ mosuroo ogya no anim na moamforo bepɔ no. Na ɔkaa sɛ:
6 Eks 20 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo firii Misraim asase soɔ, nkoafie mu no.
7Deut 11.16, 28 Nnya anyame afoforɔ nka me ho.
8 Deut 27.15 Nyɛ ohoni, adeɛ a ɛwɔ wiem ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ɛfam ne deɛ ɛwɔ nsuo mu asase ase suban mfa; nkoto wɔn na nsom wɔn.
9Na me AWURADE wo Nyankopɔn meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma soɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ,
10na meyɛ awoɔ ntoatoasoɔ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm so adɔeɛ.
11Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.
12Di homeda na hwɛ yɛ no kronkron, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no.
13Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa;
14na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn, nyɛ adwuma biara, wo ne wo babarima ne wo babaa, ne w’akoa ne w’afenaa, ne wo nantwie ne w’afunumu ne wo mmoa nyinaa, ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo kuro apono mu, na w’akoa ne w’afenaa ahome sɛ wo.
15Deut 15.15; 16.12; 24.18 Na kae sɛ woyɛɛ akoa Misraim asase so, na AWURADE wo Nyankopɔn de nsa a ɛyɛ den ne basa a wɔatene mu yii wo firii hɔ, enti na AWURADE wo Nyankopɔn hyɛ wo sɛ di homeda no.
16Di w’agya ne wo na ni, sɛdeɛ AWURADE wo Nyankopɔn ahyɛ woɔ no, na wo nna aware na asi wo yie, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so.
17Nni awu.
18Na nsɛe awadeɛ.
19Na mmɔ korɔno.
20Na nni wo yɔnko ho adansekurumu.
21Na mma wo kɔn nnɔ wo yɔnko yere. Na mma w’ani mmmere wo yɔnko fie, n’asase ne n’akoa ne n’afenaa, ne nantwie ne n’afunumu ne biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.
22 Eks 31.18 Nsɛm yi na AWURADE firi ogya mununkum ne esum kabii no mu de nne kɛseɛ ka kyerɛɛ mo badwa nyinaa, bepɔ no soɔ, na wamfa bi anka ho; na ɔtwerɛɛ no aboɔpono mmienu so de maa me.
23Na motee ɛnne no firi esum no mu na bepɔ no redɛre no, motwe pinii me nkyɛn, mo mmusuakuo mu atitire nyinaa ne mo mpanimfoɔ
24Deut 4.33 bɛkaa sɛ: Hwɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn ama yɛahunu n’animuonyam ne ne kɛseyɛ, na yɛate ne nne afiri ogya no mu, ɛnnɛ da yi na yɛahunu sɛ Onyankopɔn ne onipa kasa nanso ɔnya nkwa.
25Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu.
26Na honam nyinaa mu hwan na wate Nyankopɔn teasefoɔ no nne sɛ ɛrekasa firi ogya mu, sɛ yɛn, na wanya nkwa?
27Wo na twe pini hɔ na tie deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka nyinaa, na bɛka yɛn deɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛka akyerɛ woɔ nyinaa, na yɛbɛtie na yɛayɛ.
28Na morekasa akyerɛ me no, AWURADE tee mo nsɛm no, na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Mate ɔman yi nsɛm a wɔaka akyerɛ woɔ no, deɛ wɔaka nyinaa, wɔaka no yie.
29Deut 29.4; Num 11.29 O, sɛ anka wɔbɛnya akoma a ɛte seyie na wɔde asuro me adi me mmara nsɛm so nna nyinaa, na asi wɔn ne wɔn mma yie daa ɛ!
30Kɔ na kɔka kyerɛ wɔn sɛ: Monsane nkɔ mo ntomadan mu.
31Na wo deɛ, gyina me nkyɛn ha, na menka mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn no nyinaa menkyerɛ wo na wɔnyɛ wɔ asase a mede merema wɔn sɛ wɔmfa no so.
32Yos 1.7; Mmb 4.27 Enti monhwɛ na monyɛ sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no; mommmane nifa anaa benkum;
33ɔkwan a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ mo no nyinaa so na monnanteɛ na moanya nkwa, na asi mo yie, na mo nna aware asase a morekɔnya no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.