1 Ate 20.18 Na Yosua wuo akyiri no, Israelfoɔ bisaa AWURADE sɛ: Yɛn mu hwan na ɔntu kane ne Kanaanfoɔ nkɔko?
2Na AWURADE kaa sɛ: Yuda ntu, hwɛ, mede asase no mahyɛ ne nsa.
3Na Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simeon sɛ: Ɛne me nkɔ me kyɛfa mu na yɛne Kanaanfoɔ nkɔko, na me nso me ne wo bɛkɔ wo kyɛfa mu. Na Simeon ne no kɔe.
4Na Yuda tu kɔe, na AWURADE de Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no hyɛɛ ne nsa, na wɔkum nnipa mpem du wɔ Besek.
5Na wɔhunuu Adoni-besek wɔ Besek, na wɔne no koe, na wɔkum Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ no.
6Na Adoni-besek dwanee, na wɔtii no kɔkyeree no, na wɔtwitwaa ne nsa ne ne nan kokurobetie.
7Ɛnna Adoni-besek kaa sɛ: Ahemfo aduɔson a wɔn nsa ne wɔn nan kokurobetie atwitwa tasetasee me pono ase; sɛdeɛ meyɛeɛ no, saa ara na Onyankopɔn ahyɛ me ananmu. Na wɔde no baa Yerusalem, na ɔbɛwuu wɔ hɔ.
8Na Yudafoɔ no bɛnee Yerusalem koe, na wɔfae, na wɔkum wɔn nkrantɛ ano, na wɔtoo kuro no mu gya.
9Yos 10.40; 11.22 Ɛno akyiri no, Yudafoɔ no sianee na wɔne Kanaanfoɔ a wɔte bepɔ soɔ ne Negeb asase soɔ ne po ho mpaperɛ soɔ no kɔkoe.
10Yos 15.13-19 Na Yuda sii mu kɔɔ Kanaanfoɔ a wɔte Hebron no ho, (nso akane no na Hebron din ne Kiriat-arba), na wɔkum Sesai ne Ahiman ne Talmai.
11Na wɔfiri hɔ kɔɔ Debirfoɔ ho. Akane no na Debir din ne Kiriat-sefer.
12Na Kaleb kaa sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ Kiriat-sefer na ɔbɛfa no, mede me babaa Aksa bɛma no aware.
13Na Kaleb nua kumaa Kenas ba Otniel kɔfae, na ɔde ne babaa Aksa maa no awareɛ.
14Na ɔbaa no kɔɔ Otniel nkyɛn no, ɔhyɛɛ Otniel sɛ ɔmmisa n’agya Kaleb hɔ asase bi. Na ɔfiri n’afunumu so sii fam. Na Kaleb ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na worehwehwɛ?
15Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ma me akyɛdeɛ bi ɛ, na Negeb asase na wode ama me, na ma me mmasuo nso. Na Kaleb maa no atifi mmasuo ne anafoɔ mmasuo.
16 Ate 4.11, 17; Num 10.29; Yos 12.14 Na Mose ase Kenini no mma ne Yuda mma firi nkyiresua kuro no mu foro baa Yuda serɛ a ɛwɔ Arad anafoɔ fam no so na wɔkɔ kɔtenaa ɔman no mu.
17Num 21.2 Na Yuda ne ne nua Simeon sii mu kɔe kɔkunkumm Kanaanfoɔ a wɔte Sefat no, na wɔsɛee no pasapasa, na wɔfrɛɛ kuro no din Horma.
18Na Yuda kɔfaa Gasa ne ne hyeɛ ne Askelon ne ne hyeɛ ne Ekron ne ne hyeɛ.
19Na AWURADE dii Yuda akyi na ɔdii bepɔ no so; na mmɔnsefoɔ no deɛ, wɔannya wɔn atuyɛ, ɛfiri sɛ na wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam.
20Yos 14.6-15 Na wɔde Hebron maa Keleb, sɛdeɛ Mose kaeɛ no, na ɔtuu Anak mma baasa no firii hɔ.
21 Yos 15.63; 18.28 Na Yebusifoɔ a wɔte Yerusalem no deɛ, Benyaminfoɔ no antu wɔn, na Yebusifoɔ no ne Benyaminfoɔ no atena Yerusalem de bɛduru nnɛ ara.
22Na Yosef fie nso foro kɔɔ Betel, na AWURADE dii wɔn akyi.
23Gye 28.19 Na Yosef mma no soma maa wɔkɔsraa Betel. (Akane no na kuro no din de Lus.)
24Na asrafoɔ no hunuu ɔbarima bi a ɔfiri kuro no mu, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ yɛn kuro no mu ahyɛneeɛ, na yɛne wo bɛdi no adɔeɛ so.
25Yos 6.25 Na ɔkyerɛɛ wɔn kuro no mu ahyɛneeɛ, na wɔde nkrantɛ ano bɔɔ kuro no, na ɔbarima no ne n’abusua nyinaa deɛ, wɔgyaa wɔn.
26Na ɔbarima no sii mu kɔɔ Hetifoɔ asase so kɔkyekyeree kuro, na ɔtoo no din Lus. Ɛno ne ne din de bɛsi nnɛ.
27 Yos 17.11-13 Na Manase antu Bet-sean ne ɛho nkuraa ne Taanak ne ɛho nkuraa ne Dor ne ɛho nkuraa ne Yibleam ne ɛho nkuraa ne Megido ne ɛho nkuraa mufoɔ. Ɛno nti Kanaanfoɔ no tumi tenaa asase yi so.
28Na Israel ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn.
29 Yos 16.10 Na Efraim antu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu wɔ Geser.
30 Yos 19.15 Na Sebulon antu Kitronfoɔ ne Nahalolfoɔ; na Kanaanfoɔ no tenaa wɔn mu, na wɔmaa wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.
31Aser antu Akofoɔ ne Sidonfoɔ ne Ahlab ne Aksib ne Helba ne Afik ne Rehob;
32na Aserfoɔ no tenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu, na wɔantu wɔn.
33 Yos 19.38 Naftali antu Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ, na wɔtenaa Kanaanfoɔ a wɔte asase no soɔ no mu. Na Bet-semesfoɔ ne Bet-anatfoɔ no de ɔsom adwuma yii wɔn toɔ.
34Na Amorifoɔ no kaa Danfoɔ no kɔɔ bepɔ no so, na wɔamma wɔansiane ansi mmɔnseɛ.
35Yos 19.42 Na Amorifoɔ no tumi tenaa Heres bepɔ so wɔ Ayalon ne Saalbim, nanso Yosef fie nsa yɛɛ wɔn so den, na wɔde ɔsom adwuma yii toɔ.
36Na Amorifoɔ hyeɛ firi Akrabim aforoeɛ, ɛfiri Sela rekorɔ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.