2 Korintofoɔ 4 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Agyapadeɛ a ɛgu dɔteɛ anwenneɛ mu

1 2 Ko 3.6; 1 Ko 7.25 Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,

22 Ko 2.17; 1 Te 2.5 na mmom yɛapo aniwudeɛ a ɛhunta no, na yɛnnante anifire mu, anaasɛ yɛmfra Nyankopɔn asɛm no mu, na mmom yɛda nokorɛ no adi, de yi yɛn ho kyerɛ nnipa nyinaa, Nyankopɔn anim.

31 Ko 1.18 Na sɛ yɛn asɛmpa so akata a, ɛso akata wɔ wɔn a wɔreyera no mu;

4Heb 1.3 wɔn mu na wiase nyame afira wɔn a wɔnnye nnie no adwene ani, na Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn suban no animuonyam asɛmpa no hann anhyerɛn amma wɔn.

52 Ko 1.24 Na ɛnyɛ yɛn ho asɛm na yɛka, na mmom Kristo Yesu, sɛ ɔne Awurade, ɛne yɛn nso, sɛ Yesu nti yɛyɛ mo nkoa.

6Gye 1.3; 2 Ko 3.18 Ɛfiri sɛ ɛyɛ Onyankopɔn a ɔkaa sɛ hann mfiri esum mu nhyerɛn no na wahyerɛn yɛn akoma mu, sɛ Nyankopɔn animuonyam a ɛwɔ Kristo anim no ho nimdeɛ hyerɛn.

Paulo ahoɔden firi Nyankopɔn nkyɛn

7 2 Ko 5.1 Na yɛwɔ saa agyapadeɛ yi wɔ dɔteɛ anwenneɛ mu, sɛdeɛ wɔbɛma no ada adi pefee na tumi a ɛboro soɔ no ayɛ Nyankopɔn dea, na amfiri yɛn mu.

82 Ko 1.8; 7.5 Ade nyinaa mu wɔhiahia yɛn ho, nanso yɛn home ntee; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee.

9Wɔtaataa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi; wɔabɔ yɛn ato fam, nanso wɔnsɛee yɛn.

101 Ko 15.31 Daa yɛso Awurade Yesu wuo no wɔ yɛn nipadua mu nam, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn nipadua mu.

11Rom 8.36 Ɛfiri sɛ yɛn a yɛte aseɛ yi, daa Yesu nti, wɔyi yɛn ma owuo, na Yesu nkwa no nso ada adi yɛn honam a ɛbɛwuo no mu.

12Enti owuo di dwuma wɔ yɛn mu, na nkwa di dwuma wɔ mo mu.

Daa nkwa ho anidasoɔ

13 Dwom 116.10 Na sɛ yɛwɔ gyidie honhom korɔ no ara nti, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Megye mediiɛ, na mekasaeɛ, yɛn nso yɛgye di na enti yɛkasa nso;

141 Ko 6.14 na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.

152 Ko 1.3-6 Aane, mo nti na ne nyinaa yɛ, na adom no adɔɔso afa nnipa pii so ama aseda aboro so ama Onyankopɔn animuonyam.

Ɛtumi ba sɛ wɔnam seesei amanehunu so nya daa animuonyam

16 2 Ko 4.10; Efe 3.16 Yei nti na yɛmpa aba, na sɛ yɛn honam ani nipa yi resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dane foforɔ daa daa.

17Rom 8.17-18 Na yɛn seesei amanehunu a ɛyɛ hare yi resiesie daa animuonyam a ɛso kokuroo tra so pii ama yɛn,

18Heb 11.1 na yɛnhwɛ nnoɔma a wɔhunu, na mmom yɛhwɛ nnoɔma a wɔnhunu; ɛfiri sɛ nnoɔma a wɔhunu no nkyɛ na atwa mu; na nnoɔma a wɔnhunu no na ɛtena hɔ daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help