Hiob 10 - Twer? Kronkron(ASWDC)

1Me nkwa yɛ me kra nwunu,

mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu,

mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.

2Mɛse Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ,

ma menhunu adekodeɛ a enti wo ne me ham yi.

3Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa,

sɛ wopo wo nsa ano adwuma

na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?

4 1 Sa 16.7 Wowɔ honam aniwa

anaasɛ wohunu adeɛ sɛ ɔdasani hu no?

5Wo nna te sɛ ɔdasani nna

anaa wo mfeɛ te sɛ onipa nna anaa?

6Sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ akyiri kwan

na wodi me bɔne akyire?

7Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ,

na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.

8 Dwom 139.14 Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛyɛɛ me,

me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi.

9 Hiob 33.6; Gye 2.7; 3.19 Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ,

na wobɛma madane mfuturo bio anaa?

10Anaa woanhwie me angu sɛ nufosuo na womaa mepii sɛ nufosuo a akyenkyen ɛtoa?

11Wode wedeɛ ne nam na ɛhyɛɛ me,

na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu.

12Nkwa ne adɔeɛ na wode ayɛ me,

na wo hwɛ nso wɛn me honhom.

13Na yeinom na wode siee w’akomam;

na mahunu sɛ yei na wowɔ tia me.

14Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me,

na woremmu me bem me mfomsoɔ ho.

15Sɛ medi abɔnefosɛm a, mennue,

na sɛ metene nso a, meremma me tiri so;

ɛfiri sɛ ahohora ahyɛ me ma,

na mehwɛ m’amanehunu.

16 Yes 38.13 Na sɛ mema me ho so a, wobɛti me sɛ gyata

na woasane ne me adi anwanwasɛm.

17Na wode w’adansefoɔ afoforɔ ara abɛgyina m’anim,

na woama w’abufuo adɔɔso me so,

na ɛdɔm a ɛto dɔm agu me so.

18 Hiob 3.3, 11; Yer 20.14 Adɛn nti na woyii me firii yafunu mu?

Anka menya megyaa mu na ani biara anhu me ɛ!

19Sɛ menya meyɛɛ sɛ adeɛ a ɛnni hɔ ɛ!

Mefirii yafunu mu no, ɛnna anka wɔkɔgyaa me ɛda mu ɛ!

20Me nna nyɛ kakraa bi?

Ma no nnyaa me, ɔnyi n’ani mfiri me so, na me ho nsane me kakra,

21 Hiob 7.10 ansa na makɔ deɛ merensane memma,

na makɔ sum ne sunsum asase so,

22esum kabii a ɛte sɛ ɔdasuom tumm asase,

sunsum ne sakasaka asase a hann te sɛ ɔdasuom tumm no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help