1 Lew 25.43; 25.53 Awuranom, momfa deɛ ɛtene, na ɛyɛ pɛ mma nkoa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo nso mowɔ owura wɔ ɔsoro.
Mpaebɔ ho mmɔdemmɔ2 1 Te 5.17 Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.
3Rom 15.30; Efe 6.19; 2 Te 3.1; 1 Ko 16.9 Na mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso bi, na Onyankopɔn nhini asɛm no pono mma yɛn, na yɛaka Kristo ahuntasɛm a enti meda afiase yi,
4na mayi no adi, sɛdeɛ ɛsɛ me sɛ mekasa.
5Efe 5.15-16; 1 Te 4.12 Monnante nyansam wɔ ananafoɔ mu, na monnsɛe mo berɛ kwa.
6Efe 4.29; Mar 9.50 Momma mo kasa ho mmra nyam daa a nkyene wɔ mu, na moahunu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mobua obiara.
Tihiko ne Onesimo7Tihiko, onua dɔfo a ɔyɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ ne m’awurakwaa Awurade mu no bɛba abɛka mo me ho nsɛm nyinaa.
8Efe 6.22 Yei ara nti na masoma no mo nkyɛn, na moate yɛn ho asɛm, na wakyekyere mo werɛ,
9Flm 10 na mede Onesimo, onua nokwafoɔ dɔfo a ɔfiri mo mu no, mekaa ne ho; wɔn na wɔbɛma moate ɛha nsɛm nyinaa.
Marko ne Yusto10 Aso 19.29; 27.2 Aristarko, me yɔnko dommum ne Barnaba wɔfase Marko a monyaa ne ho nkra no, (sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so).
11Na afei, Yesu a wɔfrɛ no Yusto, wɔn a wɔfiri twetiatwa mu no, kyea mo. Yeinom nko ne me yɔnko adwumayɛfoɔ Nyankopɔn ahennie no fam, na wɔayɛ me awerɛkyekyerɛ.
Epafra, Luka ne Dema12 Kol 1.7 Kristo Yesu akoa Epafra a ɔfiri mo mu no kyea mo. Daa odima ma mo dendeenden wɔ mpaebɔ mu, sɛ monnyina hɔ pɛpɛɛpɛ, na moayɛ ma Nyankopɔn apɛdeɛ nyinaa mu.
13Na medi no ho adanseɛ sɛ ɔbɔ mmɔden pii ma mo ne wɔn a wɔwɔ Laodikea ne wɔn a wɔwɔ Hierapoli.
142 Ti 4.10-11; Flm 24 Luka, oduyɛfoɔ dɔfo no, ne Dema kyea mo.
Laodikea asafo15Monkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a ɛwɔ ne fie no.
16Na sɛ wɔkenkan nwoma yi wɔ mo mu wie a, momma wɔnkɔkenkan no Laodikeafoɔ asafo no mu bi, na mo nso monkenkan deɛ ɛfiri Laodikea no.
17Flm 2 Na monka nkyerɛ Arkipo sɛ: Hwɛ ɔsom a woanya no Awurade mu no so na woayɛ no pɛpɛɛpɛ.
Awieeɛ18 1 Ko 16.21; 2 Te 3.17 Me nkyea a me Paulo mede me nsa metwerɛ nie. Monkae me mpokyerɛ no. Adom nka mo nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
