Yosua 2 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Rahab gye akwansrafoɔ no

1 Yak 2.25; Heb 11.31 Na Nun ba Yosua somaa mmarima asrafoɔ baanu firi Sitim ahuntaeɛ mu sɛ: Monkɔ nkɔhwɛ asase no ne Yeriko. Na wɔsii mu kɔe, na wɔduruu ɔbaa dwamamfoɔ bi a wɔfrɛ no Rahab fie, na wɔdaa hɔ.

2Na obi kɔka kyerɛɛ Yeriko hene no sɛ: Hwɛ, mmarima bi a wɔfiri Israelfoɔ no mu aba ha anadwo yi rebɛsra asase yi.

3Na Yeriko hene no soma maa wɔkɔɔ Rahab nkyɛn sɛ: Yi mmarima a wɔaba wo nkyɛn na wɔabɛhyɛne wo fie no firi adi, na wɔbaa asase yi nyinaa nsra.

4Na ɔbaa no faa mmarima baanu no de wɔn huntae; na ɔkaa sɛ: Ɛwom, mmarima no baa me nkyɛn deɛ, nanso mennim deɛ wɔfire;

5na esum duruiɛ a wɔrebɛto kuro pono no mu no, na mmarima no firii adie; mennim deɛ wɔkorɔ. Monti wɔn ntɛm, na mobɛto wɔn.

6Na ɔno deɛ, na ɔde wɔn akɔ ɛdan atifi na ɔde wɔn akɔhunta ɛsowa a ɔde aboa ɛdan no atifi no ase.

7Na mmarima no tii wɔn faa Yordan kwan so de kɔɔ atwaeɛ; na wɔn a wɔtii wɔn no firii adie ara pɛ, na wɔtoo kuro pono no mu.

8Na wɔn deɛ, wɔnnya nkɔdaeɛ no, ɔbaa no foro kɔɔ wɔn nkyɛn ɛdan no atifi

9Eks 23.27 kɔka kyerɛɛ mmarima no sɛ: Menim sɛ AWURADE de asase yi ama mo, na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefoɔ nyinaa akoma tu mo anim.

10Eks 14.21; Num 21.24, 35 Na yɛate sɛdeɛ mo Misraim fire mu no AWURADE maa Mmɛwa Po mu nsuo wee wɔ mo anim ne deɛ moyɛɛ Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasapasa no.

11Eks 15.14-15; Deut 4.39 Na yɛteeɛ no, yɛn akoma tuiɛ, na home bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno ne Onyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.

12Yos 6.23, 25 Na afei monka me AWURADE ntam sɛ, sɛ mayɛ mo yie yi, mo nso mobɛyɛ m’agya fie yie, na momma me nokorɛ nsɛnkyerɛnneɛ,

13na momma m’agya ne me na ne me nuammarimanom ne me nuammaanom ne deɛ wɔwɔ nyinaa nnya nkwa, na monyi yɛn mfiri owuo mu.

14Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛn kra nsi mo ananmu nwu, sɛ woanka yɛn asɛm yi ankyerɛ, na ɛba sɛ AWURADE de asase yi ma yɛn a, yɛne wo bɛdi no adɔeɛ ne nokorɛ so.

15Ɛnna ɔbaa no de ntampehoma twetwee wɔn faa mpomma mu sisii fam, na na ne dan si kuro no ho fasuo so, na ɔfasuo no so na ɔteɛ.

16Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Bepɔ so na monkorɔ, na atifoɔ no anto mo, na monhunta hɔ nnansa nkɔsi sɛ atifoɔ no bɛsane, na ɛno akyiri no moakɔ mo kwan.

17Na mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ yi ho.

18Hwɛ, sɛ yɛreba asase yi so a, fa asaawa kɔkɔɔ homa yi kyekyere mpomma a wode yɛn faa mu sii fam no mu. Na boa w’agya ne wo na ne wo nuanom ne w’agya fiefoɔ nyinaa ano wo nkyɛn wɔ efie ha,

19na obiara a ɔbɛfiri adi afiri wo fie pono ano akɔ abɔntene soɔ no, ne mogya bɛgu n’atifi, na yɛn deɛ, yɛadi bem; na obiara a ɔwɔ wo nkyɛn efie no, sɛ obi de ne nsa ka no a, ne mogya ngu yɛn atifi.

20Na sɛ woka yɛn asɛm yi kyerɛ a, ɛno nso yɛbɛdi bem afiri ntam a womaa yɛkaeɛ no ho.

21Na ɔkaa sɛ: Ɛnyɛ sɛdeɛ mo nsɛm yi teɛ. Na ɔgyaa wɔn kwan na wɔkɔe; na ɔde homa kɔkɔɔ no kyekyeree mpomma no mu.

22Ɛnna wɔsii mu kɔduruu bepɔ no soɔ, na wɔdii hɔ nnansa kɔsii sɛ atifoɔ no saneeɛ. Na atifoɔ no hwehwɛɛ wɔn ɔkwan no so nyinaa, nanso wɔanhu wɔn.

23Na mmarima baanu no siane firii bepɔ no so, na wɔtwa baa Nun ba Yosua nkyɛn, na wɔkaa deɛ ɛyɛɛ wɔn nyinaa kyerɛɛ no,

24Yos 2.9 na wɔka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ampa ara, AWURADE de asase no nyinaa ahyɛ yɛn nsa, na afei nso asase no sofoɔ nyinaa akoma atu wɔ yɛn anim.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help