Romafoɔ 9 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Onyankopɔn yi Israelfoɔ

1Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu

2sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu.

3Eks 32.32 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ,

4Eks 4.22; Deut 7.6; 14.1 na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea;

5Mat 1; Luk 3.23-34; Yoh 1.1 na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.

6 Num 23.19; Rom 2.28 Na ɛnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm no mu atu. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfoɔ,

7Gye 21.12 nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.

8Gal 4.23 Ɛne sɛ, ɛnyɛ honam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wɔbu wɔn asefoɔ.

9Gye 18.10 Ɛfiri sɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afeda sɛsɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba.

10Gye 25.21 Na ɛnyɛ yei nko, na Rebeka nso ne ɔbaakofoɔ a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛneeɛ,

11na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,

12Gye 25.23 wɔsee no sɛ: Ɔpanin no bɛsom akumaa no;

13Mal 1.2-3 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Medɔɔ Yakob,

na metanee Esau.

14 Deut 32.4 Enti afei yɛbɛka sɛn? Adeɛ a ɛntene wɔ Nyankopɔn hɔ anaa? Dabi da!

15Eks 33.19 Na ɔsee Mose sɛ:

Deɛ mehu no mmɔbɔ no ara na mɛhu no mmɔbɔ,

na deɛ me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no.

16 Efe 2.8 Ɛnneɛ na ɛmfiri deɛ ɔpɛ anaa deɛ ɔtu mmirika no, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔhunu mmɔborɔ no.

17Eks 9.16 Na atwerɛ no see Farao sɛ: Yei ara nti na mama wo so sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.

18Eks 4.21 Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.

Onyankopɔn abufuo ne n’ahummɔborɔ

19Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Adɛn na ɔda so nunu onipa? Na hwan na ɔbɛtumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asie?

20Yes 45.9 Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?

21Okukunwomfoɔ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara nwono kukuo baako ma no yɛ fɛ na ɔnwono foforɔ nso a ɛnyɛ fɛ?

22Rom 2.4 Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu,

23Efe 1.3-12; Rom 8.29 sɛ ɔbɛma wɔahunu n’animuonyam ahonya nso mmɔborɔhunu adeɛ a wɔasiesie ama animuonyam no so a, wobɛka sɛn?

24Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafoɔ nko ara mu, na amanaman mufoɔ nso.

25 Hos 2.23 Sɛdeɛ ɔka no Hosea nwoma mu nso sɛ:

Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man,”

ne deɛ mannɔ no no ɔdɔfo;

26 Hos 1.10 na ɛbɛba sɛ faako a wɔsee wɔn sɛ: Monyɛ me man no,

ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn Teasefoɔ no mma.

27 Yes 10.22-23; Rom 11.5 Yesaia nso tea mu wɔ Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, emu nkaeɛ no na wɔbɛgye wɔn nkwa;

28ɛfiri sɛ Awurade bɛdi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa.

29Yes 1.9 Na sɛdeɛ Yesaia aka asie no:

Sɛ asafo Awurade annya mma amma yɛn a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom, na wɔama yɛasɛ Gomora.

Paulo mpaeɛ a ɔbɔ ma Israel

30 Rom 10.20 Enti afei yɛbɛka sɛn? Amanaman mufoɔ a wɔanti tenenee no anya tenenee, nanso ɛyɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu;

31Rom 10.2-3 na Israel a wɔtii tenenee mmara no deɛ, wɔanto tenenee mmara no.

32Ɛdeɛn ntira? Ɛfiri sɛ wɔtii no sɛ ɛmfiri gyidie mu, na mmom ɛfiri nnwuma mu; ɛfiri sɛ wɔsuntii suntiboɔ no,

33Yes 8.14; 28.16; Mat 21.42; 21.44 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ;

na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help