1 Yer 52.4-27; 39 Na n’ahennie afe a ɛtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so du, da a ɛtɔ so du no, Babelhene Nebukadnessar ne ne dɔm nyinaa baa Yerusalem so bɛkyeree so nsraban, na wɔtotoo ho pie hyiae.
2Na wɔtuaa kuro no kɔsii Ɔhene Sedekia afe a ɛtɔ so dubaako no mu.
3Bosome a ɛtɔ so nnan da a ɛtɔ so nkron no, na ɛkɔm no mu ayɛ den kuro no mu, na aduane biara nni hɔ mma asase no so nkurɔfoɔ no.
4Ɛnna wɔtuu kuro no fasuo mu tokuro, na ɔhene ne mmarima akofoɔ no nyinaa dwanee anadwo faa afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene turo ho no ntam pono mu kɔe; nso na Kaldeafoɔ no atwa kuro no ho ahyia; na wɔfaa Yordan bonhwa kwan so kɔe.
5Na Kaldeafoɔ dɔm tii ɔhene no, na wɔkɔtoo no Yeriko mpaperɛ so, na ne dɔm nyinaa firii ne ho hwetee.
6Na wɔkyeree ɔhene no de no kɔmaa Babel hene wɔ Ribla, na ɔbuu no atɛn.
7Na wɔkunkumm Sedekia mmammarima n’anim, na wɔbɔɔ Sedekia ani, na wɔguu no nkɔnsɔnkɔnsɔn na wɔde no kɔɔ Babel.
Wɔsɛe Asɔredan no(Yeremia 52.12-23)8Na bosome a ɛtɔ so nnum da a ɛtɔ so nson a ɛne Babelhene Nebukadnessar afe a ɛtɔ so dunkron mu no, ankɔbeahene Nebusaradan, Babelhene akoa no baa Yerusalem,
9na ɔbɛhyee AWURADE fie ne ɔhene fie ne Yerusalem afie nyinaa, na ɔde ogya hyee afie akɛseɛ nyinaa.
10Na Kaldeafoɔ dɔm a wɔka ankɔbeahene no ho no dwirii Yerusalem afasuo no hyiae.
11Na nkurɔfoɔ no nkaeɛ a wɔkaa kuro no mu, ne awaefoɔ a wɔwae kɔɔ Babel hene nkyɛn, ne nkurɔfoɔ yuu no mu nkaeɛ no, ankɔbeahene Nebusaradan tuu wɔn kɔe.
12Na asase no so ahiafoɔ no bi deɛ, ankɔbeahene no gyaa wɔn hɔ, sɛ wɔnyɛ bobeyɛfoɔ ne akuafoɔ.
13 Yer 27.19-22 Na kɔbere mfrafraeɛ adum a ɛwɔ AWURADE fie no ne nsugyeɛ nnaka ne kɔbere mfrafraeɛ po a ɛwɔ AWURADE fie no, Kaldeafoɔ bubui, na wɔsoaa kɔbere mfrafraeɛ no kɔɔ Babel.
14Na nkukuo ne sesa adeɛ ne adumgya ne nyowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nnoɔma a wɔde yɛɛ ɔsom adwuma no nyinaa, wɔfae.
15Saa nsramma kukuwa ne nkoraa no, deɛ ɛyɛ sika no, sika, ne deɛ ɛyɛ dwetɛ no dwetɛ na ankɔbeahene no fa kɔeɛ.
161 Ah 7.15, 23, 27 Adum mmienu no, ɛpo baako no ne nsugyeɛ nnaka a Salomo yɛ maa AWURADE fie no, nnoɔma yi nyinaa kɔbere mfrafraeɛ no, wɔankari.
17Adum no baako korɔn yɛ basafa dunwɔtwe, na ɛso duntire no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, na duntire no korɔn yɛ basafa mmiɛnsa na ntentan ne atoaa aba nsɛsoɔ wowɔ duntire no ho hyia, ne nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Na saa na odum a ɛtɔ so mmienu no nso teɛ, ntentan no ho.
Wɔfa nnipa a wɔwɔ Yuda kɔ Babel(Yeremia 52.24-27)18Na awɛmfoɔ panin no faa Ɔsɔfoɔ panin Seraia ne ɔsɔfoɔ a ɔdi soɔ, Sefania, ne apono ano hwɛfoɔ baasa,
19na kuro no mu nso ɔfaa opiani baako a wɔde no sii akofoɔ no soɔ, ne ɔhene afotufoɔ mu mmarima baanum a wɔhunuu wɔn kuro no mu, ne ɔtwerɛfoɔ, ɔsahene a ɔpɔn asase no so nkurɔfoɔ kɔ ɔsa no, ne asase no so nkurɔfoɔ mu mmarima aduosia a wɔhunuu wɔn kuro no mu,
20na ankɔbeahene Nebusaradan faa wɔn de wɔn kɔɔ Babel hene anim wɔ Ribla.
212 Ah 23.33 Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wɔtuu Yuda firii wɔn asase soɔ.
Wɔdi Gedalia awu(Yeremia 40.7-9; 41.1-3)22 Yer 40.5, 7-9; 41.1-7; 43.5-7 Na nkurɔfoɔ a wɔkaa Yuda asase soɔ a Babelhene Nebukadnessar maa wɔkaeɛ no, ɔde Safan ba Ahikam ba Gedalia sii wɔn so amrado.
23Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfoɔ no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa, Netania ba Ismael ne Karea ba Yohanan ne Netofani Tanhumet ba Seraia ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.
24Na Gedalia kaa wɔn ne wɔn mmarima ntam, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsuro Kaldeafoɔ nkoa no, montena asase yi so, na monsom Babel hene, na ɛbɛwie mo yie.
25Na bosome a ɛtɔ so nson no, Elisama ba Netania ba Ismael a ɔfiri ahemfo abusua mu bae, na mmarima du ka ne ho, na wɔbɛkum Gedalia ne Yudafoɔ ne Kaldeafoɔ a wɔka ne ho Mispa no nso.
26Ɛnna nkurɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ soɔ, ne dɔm so asafohene no, sɔre kɔɔ Misraim, ɛfiri sɛ na wɔsuro Kaldeafoɔ no.
Adom a wɔde dom Yehoiakyin(Yeremia 52.31-34)27 Yer 52.31-34 Na ɛbaa sɛ Yuda hene tukorɔ afe a ɛtɔ so aduasa nson bosome a ɛtɔ so dummienu da a ɛtɔ so aduonu nson, ɛne afe a Babelhene Ewil-merodak dii mu hene no, nam adom so yii Yudahene Yehoiakyin firii nneduadan mu,
28na ɔne no kasaa kasa pa, na ɔmaa n’adwa so maa no kyɛnee ahemfo a wɔne no wɔ Babel no adwa,
29na ɔmaa no yii n’afiase ntadeɛ, na ɔdidii n’anim daa ne nkwa nna nyinaa.
30Na nnoɔma a ɛfiri ɔhene nkyɛn a wɔde ma no no, da biara no, wɔde maa no ne nkwa nna nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.