2 Makabee 14 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Alkimus kasa tia Yuda

1Mfeɛ mmiɛnsa akyi no, Yuda ne ne mmarima no tee sɛ, Seleukus ba Demetrius de asraafoɔ a wɔyɛ den ne ahyɛn nam ɛpo so aba suhyɛngyinabea a ɛwɔ Tripolis,

2na wɔabɛfa ɔman no, na wɔafa Antiokus ne ne hwɛsofoɔ Lisias kɔ.

3Afei obi a wɔfrɛ no Alkimus a akane no na anka ɔyɛ ɔsɔfo panin nanso ɔfiri ne pɛ mu guu ne ho fi wɔ mpaepaemu berɛ no mu, ɔhunuu sɛ ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛtumi afa so anya banbɔ anaasɛ ɔbɛnya kwan wɔ afɔrebukyia no ho bio.

4Na ɔkɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn wɔ bɛyɛ afe ɔha ne aduonum baako no mu, kɔmaa no sika abotire ne mmerɛkɛnson, na deɛ ɛka yeinom ho yɛ amammerɛ ngodua mman a ɛfiri asɔredan mu no bi. Saa da no deɛ, ɔyɛɛ komm.

5Nanso ɔnyaa kwan a ɔnam so yɛɛ n’abɔdam adeɛ no wɔ berɛ a Demetrius too nsa frɛɛ no wɔ abadwafoɔ no nhyiamu ase. Wɔbisaa no sɛdeɛ Yudafoɔ no nneyɛɛ ne wɔn nsusuiɛ teɛ. Ɔbuaa sɛ:

6Yudafoɔ a wɔfrɛ wɔn sɛ Hasideafoɔ a wɔn kannifoɔ ne Yuda Makabeus no repere sɛ wɔbɛtu sa, na wɔrepiapia nkurɔfoɔ ama wɔate atua, na wɔremma ahemman no nya amannwoeɛ.

7Saa nti, mede me nananom animuonyam no ato nkyɛn, mekyerɛ ɔsɔfo panin dibea no, na afei maba ha yi.

8Deɛ ɛdi kan ne sɛ, deɛ ɔhene pɛ no ne deɛ ɛhia me kɛse, na deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, ɛsiane sɛ mewɔ obuo de ma me man mufoɔ. Sɛ nti ne sɛ, ɛnam wɔn mabobɔ wɔn din yi nkwaseasɛm so na ama seesei ara yɛn man akɔgyina mmusuo kɛseɛ mu yi.

9O ɔhene, ɛsiane sɛ wo ara wonim deɛ ɛwɔ nsɛm yi mu nyinaa nti, ma no nsɔ w’ani sɛ, wobɛfa yɛn man yi ne nnipa a wɔredi amia yi ho adwene, sɛdeɛ w’adom ayamyie a wokyerɛ no wɔ nnipa nyinaa so no teɛ.

10Na sɛ Yuda yi da so ara te ase yi, ɛbɛyɛ den sɛ aban no bɛnya asomdwoeɛ.

11Na ɛberɛ a ɔkaa yei no, ɔhene Nnamfonom nkaeɛ no tanee Yuda, na ntɛm ara wɔhuruu Demetrius bo kɛse.

12Ntɛm ara na ɔyii Nikanor a na ɔhwɛ asono no soɔ no, na ɔyɛɛ no amrado wɔ Yudea so, na ɔsomaa no

13de ahyɛdeɛ yi maa no sɛ ɔnkɔkum Yuda na ɔmmɔ n’akofoɔ no nhwete, na ɔmfa Alkimus nsi hɔ sɛ ɔsɔfo panin wɔ asɔredan kɛseɛ no mu.

14Na amanaman mufoɔ a wɔwɔ Yudea no a anka wɔadwane Yuda anim da no baeɛ bɛkaa Nikanor ho, na wɔredwene sɛ, mmusuo ne atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba Yudafoɔ no soɔ yɛ deɛ ɛde yiedie bɛbrɛ wɔn.

Nikanor yɛ Yuda n’adamfo

15 1 Mak 7.27-28 Ɛberɛ a Yudafoɔ no tee sɛ Nikanor reba no na amanaman mufoɔ no reboaboa wɔn ano no, wɔde dɔteɛ guu wɔn tirim na wɔbɔɔ ne mpaeɛ sɛ ɔmfa ne nkurɔfoɔ ntim hɔ daa, na da biara ɔnyi ne ho adi mfa nkora ɔno ara n’agyapadeɛ.

16Na deɛ wɔn kannifoɔ no hyɛeɛ no, wɔsii mu firii hɔ ne wɔn de kɔbɔɔ ani wɔ akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Desau.

17Na Simon a ɔyɛ Yuda nua no ne Nikanor akɔhyiam wɔ akono ama wɔapem wɔn kɔ akyire kakraa bi, ɛfiri sɛ na ɔtamfo no abɔ wɔn hu mpofirim.

18Nanso ɛberɛ a Nikanor tee Yuda mmaninneɛ ne n’akofoɔ no wɔn akokoɔduro wɔ ɔsa a wɔtu ma wɔn man no, ɔtwe sanee sɛ ɔde mogyahwieguo na ɛbɛkyerɛ asɛm no bɔberɛ.

19Saa nti ɔsomaa Posidonius, Teodotus ne Matatias sɛ wɔnkɔma na wɔnnye anohoba ne ayɔnkofa.

20Na ɛberɛ a wɔkekaa nhyehyɛɛ no nyinaa wieeɛ no, na ɔkannifoɔ no ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ no, ɛbaa sɛ wɔnyaa adwene koro, na wɔpenee apam no so.

21Akannifoɔ no hyɛɛ ɛda bi a wɔn ara ankasa bɛhyiam. Teaseɛnam baako baako firii asraafoɔ afanu no hɔ baeɛ; na wɔde mpanimfoɔ adwa sisii mu.

22Na Yuda de akofoɔ a wɔamia gyinagyinaa mmeaeɛ a ɛho hia sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔasi ɔtamfo no nkontompo a ɔbɛtwa no mpofirim nkontompo; enti wɔkasae.

23Nikanor tenaa Yerusalem na wanyɛ biribiara a ɛmfata, na mmom ɔpamoo nnipa a na wɔatwa ahyia no.

24Na ɔmaa Yuda tenaa n’anim daa; na n’ani ka onipa no ho.

25Ɔtuu ne fo sɛ ɔnware na ɔnwo mma; ɛno nti Yuda waree na ɔtenaa ase bɔɔ bra sɛdeɛ wɔyɛ no.

Nikanor dane tia Yuda

26Nanso ɛberɛ a Alkimus hunuu adwempa a wɔwɔ wɔ ma wɔn ho no, ɔfaa apam a na wɔayɛ no de kɔɔ Demetrius nkyɛn. Ɔbɔɔ ne amanneɛ sɛ, Nikanor nni nokorɛ mma aban no, ɛsiane sɛ wayi Yuda a ɔyɛ ɔmammɔni no sɛ n’adedifoɔ, na atia ahemman no.

27Ɔhene akoma sɔree, na ne bo fui wɔ saa onipa huhuni no, ne ntwatosoɔ no, na ɔtwerɛ kɔmaa Nikanor, kyerɛɛ sɛ n’ani nnye apam a wayɛ no ho, enti ma ɔnkyɛre ho koraa, na mmom ɔnsoma ma wɔmfa Makabeus mmra Antiokia sɛ ɔdeduani.

28Ɛberɛ Nikanor nsa kaa nkra yi no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoe sɛ ɛsɛ sɛ ɔtwa wɔn nhyehyɛɛ no mu wɔ berɛ a onipa no nyɛɛ bɔne biara.

29Na ɛsiane sɛ ɔntumi nsɔre ntia ɔhene no nti, ɔhwehwɛɛ ɛberɛ pa bi a ɔbɛtumi adi dwuma yi wɔ aniteɛ mu.

30Nanso Makabeus, hunuu sɛ Nikanor ayɛ katee wɔ ɔno ne Makabeus nkitahodie mu, na ɔne no nkasa wɔ anidie kwan so sɛdeɛ na ɔteɛ kane no, enti ɔbuae sɛ, saa kateeyɛ yi mfiri adwempa mu. Enti ɔboaboaa ne nkurɔfoɔ dodoɔ no ara ano a na wɔdɔɔ so, na wɔdwane firii Nikanor anim kɔsumaeɛ.

311 Mak 7.29-30 Na Nikanor hunuu sɛ Makabeus nam nyansa kwan so abu no kwasea no, ɔkɔɔ asɔredan kronkron no mu, ɛberɛ a na asɔfoɔ no rebɔ amammerɛ afɔdeɛ no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyi onipa no mma no.

32Ɛberɛ a wɔdii nse sɛ wɔnnim onipa a wɔrehwehwɛ no no,

33ɔtenee ne nsa nifa kyerɛɛ kronkronbea hɔ dii nse sɛ: Sɛ woanyi Yuda amma me sɛ deduani a, mɛdwiri Onyankopɔn dan gu fam, na mabubu afɔrebukyia no, na masi abosonnan a ɛyɛ fɛ de ama Dionisus.

34Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔfiri hɔ kɔe. Afei asɔfoɔ no tenee wɔn nsa kyerɛɛ ɔsoro na wɔfrɛɛ wɔn man no Kamafoɔ a ɔte hɔ daa no wɔ nsɛm yi mu sɛ:

35O, nnipa nyinaa Awurade, ɛwom sɛ wonhia biribiara deɛ, nanso ɛsɔɔ w’ani sɛ wɔnsi asɔredan mma wo tenabea wɔ yɛn mu;

36enti afei, O Ɔkronkronni, kronkron nyinaa mu Awurade, bɔ saa fie yi a nansa yi ara wɔadwira ho no ban firi figuo ho daa.

Rasis wu ma ne man

37Onipa bi a na wɔfrɛ no Rasis, Yerusalem mpanimfoɔ no mu baako kasa tiaa Nikanor sɛ ɔyɛ onipa a ɔdɔ ne man mufoɔ na wɔka ne ho asɛm papa, na din pa a ɛno nti wɔfrɛ no Yudafoɔ agya.

38Ɛberɛ bi a atwam no, ɛberɛ a na wɔamfa wɔn ho mfra amanaman mufoɔ, na wɔabɔ no soboɔ sɛ ɔyɛ Yudasom mu ni, na ɔde ne nkwa too hɔ wɔ ne mmɔdemmɔ wɔ Yudasom ho.

39Nikanor pɛɛ sɛ ɔbɛda ɔtane a ɔwɔ ma Yudafoɔ no adi no, ɔsoma maa wɔde asraafoɔ bɛboro ahanum kɔɔ sɛ wɔnkɔkye no;

40ɛfiri sɛ ɔdwenee sɛ, sɛ wɔkye no ara, na wayɛ wɔn ade kɛse.

41Ɛberɛ a na akofoɔ no rebɛgye abantenten no afa no, na wɔrepia adihɔ pono no, wɔhyɛɛ sɛ wɔmfa ogya mmra na wɔnhye ɛpono no. Ɛberɛ a na wɔretwa ne ho hyia no, Rasis butuu ne nkrantɛ so,

42na na ɔpɛ sɛ ɔbɛwu wɔ animuonyam mu sene sɛ ɔbɛtɔ wɔ abɔnefoɔ nsam, na wabrɛ mmusubɔ a ɛmfata n’animuonyam awoɔ no.

43Nanso ɔko no mu yɛɛ bagyabagya no nti, wantumi ammɔ so pɛpɛɛpɛ, na afei ɛdɔm no retwi fa ɛpono no mu. Ɔde aboɔduro tuu mmirika wɔ fasuo no so, na ɔde akokoɔduro too ne ho kɔhwee nnipa no so.

44Na wɔtwe pinii wɔn akyi ntɛm ara, na ɔkwan bɛdaa hɔ maa ɔhwee mfimfini wɔ petee mu.

45Na ahome da so wɔ ne mu no, ɔsɔree mpo berɛ a mogya retu no na n’apirakuro ayɛ kɛseɛ no, ɔtuu mmirika faa ɛdɔm no mu; na ɔkɔgyinaa botan kuronkuron bi so.

46Na mogya a ɛwɔ ne mu nyinaa asa no, ɔtuu ne nsono de guu ne nsa mmienu mu na ɔto guu nkurɔfoɔ no so, na ɔfrɛɛ nkwa ne honhom Awurade no sɛ ɔnsane mfa mma no bio. Sɛdeɛ ne wuo si yɛeɛ nie.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help