1 Ahemfo 15 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Abiam di Yuda so hene

1 2 Be 13 Na Nebat ba Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu na Abiam bɛdii Yuda so hene.

2Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.

3Na ɔnantee n’agya bɔne a ɔyɛ dii n’anim nyinaa mu, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn anim sɛ n’agya Dawid akoma.

41 Ah 11.36 Nanso Dawid nti, AWURADE ne Nyankopɔn maa no kanea wɔ Yerusalem, sɛ ɔbɛma ne ba so asi n’akyire, na wama Yerusalem agyina,

52 Sa 11.27; 12.9 ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.

61 Ah 14.30 Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa.

7Na Abiam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na akodie daa Abiam ne Yeroboam ntam.

8Na Abiam toaa n’agyanom wɔ asamando; na wɔsiee no Dawid kuro mu; na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ.

Asa di Yuda so hene

9Na Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu soɔ na Asa bɛdii Yuda so hene.

101 Ah 15.2 Na ɔdii hene mfirinhyia aduanan baako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.

112 Be 14.2-5; 15.16-18 Na Asa yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.

121 Ah 14.24; 22.46 Na ɔtutuu mmarima nnwamamfoɔ no firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a n’agyanom yɛeɛ no nyinaa.

13Na ne na Maaka nso, ɔtuu no firii ahemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyee no Kidron subonhwa mu.

141 Ah 22.43 Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, nanso Asa akoma dii mu AWURADE anim ne nna nyinaa.

15Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa AWURADE fie: Dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ.

16 2 Be 16.1-6, 11-14 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.

17Na Israelhene Baasa foro baa Yuda so, na ɔbɛkyekyeree Rama, sɛ ɔremma obi nni Yudahene Asa nkyɛn ahyɛmfire.

182 Ah 12.18; 16.8 Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na Ɔhene Asa de somaa wɔn maa wɔkɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siriahene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:

19Ma apam nna me ne wo ntam, te sɛ m’agya ne w’agya ntam: Hwɛ, merebrɛ wo dwetɛ ne sika ayɛyɛdeɛ, na kɔ kɔbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.

202 Ah 15.29 Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no maa wɔkɔko tiaa Israel nkuro, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase nyinaa.

21Na Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ, na ɔkɔtenaa Tirsa.

22Ɛnna Ɔhene Asa maa wɔpaee no Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na Ɔhene Asa de kyekyeree Geba-benyamin ne Mispa.

232 Be 14.6 Na Asa ho nsɛm nyinaa nkaeɛ, ne ne mmaninneɛ nyinaa ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro a ɔkyekyereeɛ, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Nanso ne nkɔkoraaberɛ mu no, ɔyaree ne nan.

241 Ah 22.41 Na Asa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ.

Nadab di Israel so hene

25 1 Ah 14.20 Na Yeroboam ba Nadab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmienu mu. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu.

261 Ah 12.30 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee n’agya kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.

27 1 Ah 16.9 Na Ahia ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no pam ne tiri so; na Baasa bɔɔ no wɔ Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ dea hɔ; nso na Nadab ne Israel nyinaa retua Gibeton.

28Na Baasa kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔdii n’adeɛ.

291 Ah 14.10-11 Na ɔbɛdii hene no pɛ, ɔbɔɔ Yeroboam fie nyinaa, wannya obiara a ɔhome amma Yeroboam de kɔsii sɛ ɔsɛee no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahia so kaeɛ

30wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti.

31Na Nadab ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

321 Ah 15.16 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.

Baasa di Israel so hene

33 1 Ah 15.28 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Ahia ba Baasa bɛdii Israel nyinaa so hene Tirsa. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nnan.

341 Ah 15.26 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee Yeroboam kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help