1Na wɔbɛnn Yerusalem, Betfage ne Betania a ɛwɔ Ngo Bepɔ ho no, ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu,
2na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ akuraa a ɛda mo anim no ase. Na moduru hɔ pɛ a, mobɛhunu afunumu ba bi a wɔasa no homa a onipa biara ntenaa ne so da. Monsane no mfa no mmra.
3
Wɔbɛfrɛ me fie asɔrefie ama amanaman nyinaa?
Na mo deɛ, mode ayɛ adwotwafoɔ bɔn.
18Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no teeɛ, na wɔhwehwɛɛ sɛdeɛ wɔbɛkum no; nso na wɔsuro no, ɛfiri sɛ na ne nkyerɛkyerɛ yɛ nkurɔfokuo no nyinaa nwanwa.
19Na adeɛ saeɛ no, ɔfirii kurom hɔ.
Borɔdɔma no wuo ne ho adesua20Na anɔpatutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma no awu firi ne nhini ase.
21Na Petro kaee, see no sɛ: Rabi, hwɛ borɔdɔma a wodomee no no awu!
22Na Yesu bua see wɔn sɛ: Monnya Nyankopɔn mu gyidie!
23Yesu tumi ho asɛmmisa(Mateo 21.23-27; Luka 20.1-8)
27Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn,
28na wɔbisaa no sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi? Anaasɛ hwan na ɔmaa wo tumi sɛ yɛ yeinom?
29Na Yesu see wɔn sɛ: Mɛbisa mo asɛm baako, na mommua me, na mɛkyerɛ mo tumi ko a mede meyɛ yeinom:
30Yohane asubɔ no, ɛfiri soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Mommua me!
31Na wɔdwendwenee kekaa wɔn mu sɛ: Sɛ yɛka sɛ ɛfiri soro a, ɔbɛka sɛ: Ɛnneɛ ɛdeɛn nti na moannye no annie?
32Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.
33Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
