Asomafoɔ NHYƐNMU - Twer? Kronkron(ASWDC)

NHYƐNMUAsomafoɔ No Nnwuma yɛ Luka Asɛmpa no ntoasoɔ. Ne botaeɛ titire ne sɛ ɛbɛka sɛdeɛ Honhom Kronkron dii Yesu akyidifoɔ a wɔdii kan no akyi, ma wɔkaa ne ho Asɛmpa no wɔ Yerusalem, Yudea ne Samaria mu de kɔsii asase ano nohoa (1.8). Ɛyɛ nsɛm a ɛfa Kristofoɔ anammɔntuo sɛdeɛ ɛhyɛɛ aseɛ wɔ Yudafoɔ mu na ɛkɔɔ so ara bɛyɛɛ wiase nyinaa gyidie. Na ɛhia ɔtwerɛfoɔ no sɛ ɔbɛma n’akenkanfoɔ ate aseɛ sɛ na Akristofoɔ no nnyɛ amammɔfoɔ wɔ Romafoɔ ahemman no mu, na mmom sɛ Akristofoɔ gyidie no yɛ deɛ ɛbɛhyɛ Yudasom no ma.Wɔtumi kyɛ Asomafoɔ no Nnwuma no mu akuonini mmiɛnsa de kyerɛ sɛdeɛ wɔkaa Asɛmpa a ɛfa Yesu ho maa no trɛɛ wɔ mmeaeɛ ahodoɔ, de asafo no sii hɔ: (1) Kristofoɔ anammɔntuo a ɛhyɛɛ aseɛ Yerusalem wɔ Yesu sorokorɔ akyiri; (2) Wɔtrɛɛ mu wɔ Palestina; (3) Wɔsane trɛɛ mu kɔɔ wiase fa a ɛwɔ po agya, de kɔduruu Roma.Adeɛ a ɛho hia baako wɔ Asomafoɔ No Nnwuma mu ne Honhom Kronkron dwumadie a ɔde tumi baa agyidifoɔ no so wɔ Yerusalem berɛ a Pentekoste da no tɔeɛ no. Ɔkɔɔ so ara de mmoa ne ahoɔden maa Asafo no ne n’akannifoɔ wɔ nsɛm a ɛsisiiɛ a ɔka ho asɛm wɔ nwoma no mu. Ɔbɔ Akristofoɔ a wɔdii kan no nsɛm mua wɔ asɛnka ahodoɔ mu, na nsɛm a wɔatwerɛ no wɔ Asomafoɔ No Nnwuma mu no de kyerɛ tumi a ɛwɔ nsɛm yi mu wɔ agyidifoɔ abrabɔ ne Asafo no ayɔnkofa mu.EMU NSƐMAdansedie ho ahosiesie 1.1-261. Yesu ahyɛdeɛ ne bɔhyɛ a ɛdi akyire 1.1-142. Yuda ananmusini 1.15-26Adansefoɔ wɔ Yerusalem 2.1—8.3Adansedie wɔ Yudea ne Samaria 8.4—12.25Paulo som adwuma 13.1—28.311. N’asɛnka akwantuo a ɛdi kan 13.1—14.282. Yerusalem nhyiamu no 15.1-353. N’asɛnka akwantuo a ɛtɔ so mmienu 15.36—18.224. N’asɛnka akwantuo a ɛtɔ so mmiɛnsa 18.23—21.165. Paulo yɛ ɔdeduani wɔ Yerusalem, Kaesarea ne Roma 21.17—28.31
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help