1O Israel, sɛ wosane w’akyiri a,
AWURADE asɛm nie,
me nkyɛn na sane bra.
Na sɛ woyi w’akyiwadeɛ firi m’anim a,
worenhinhim,
2 Yer 12.16; Yes 65.16 na sɛ woka ntam sɛ: AWURADE teasefoɔ
nokorɛ mu, atemmuo ne tenenee mu a,
amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu,
na ɔno mu wɔahyehyɛ wɔn ho.
3 Hos 10.12 Na sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛ Yudafoɔ ne Yerusalemfoɔ nie:
Monnɔ asase foforɔ mfa,
na monngu nwerɛ wɔ mu.
4 Yer 9.26; Deut 10.16 Montwitwa mo ho twetia mma AWURADE,
na monyi mo akoma momonoto,
Yuda mmarima ne Yerusalemfoɔ,
anyɛ saa a, m’abufuo bɛfiri sɛ ogya
abɛhye a obiara nni hɔ
a ɔbɛdum no, mo nneyɛɛ mu bɔne ntira.
Nyankopɔn atemmuo abɛn5Monka wɔ Yuda, momma wɔnte wɔ Yerusalem,
mommɔ din, monhyɛne totorobɛnto asase no so,
monteam mma no nyɛ den, na monka sɛ:
Mommoaboa mo ano mma yɛnkɔ
nkuro a ɛyɛ den mu.
6 Yer 1.14 Monsi frankaa nkyerɛ Sion fam,
mommɔ mo ho adwaa,
monnnyina hɔ, na adebɔne na merema no afiri atifi fam
aba ne ɔsɛeɛ kɛseɛ.
7Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba,
na amanaman sɛefoɔ afiri adi;
watu afiri ne tenabea reba,
sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo,
na wo nkuro abobɔ
a obi nte mu bio.
8Yei nti momfira ayitoma,
montwa agyaadwo na mommɔ bena denden,
ɛfiri sɛ AWURADE abufuhyeɛ no
nnane mfirii yɛn so!
9Na ɛbɛba sɛ da no, AWURADE asɛm nie, ɔhene ne asafohene akoma bɛtu, na asɔfoɔ no ho adwiri wɔn, na adiyifoɔ ani so ayɛ wɔn yaa.
10Yer 6.14 Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, ampa ara woadi ɔman yi ne Yerusalem hwammɔ sɛ woka sɛ: Asomdwoeɛ bɛba ama mo, nanso afena da mene mu!
11Ɛberɛ no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛfiri anwea pradada so mpampa so afa me man ababaa kwan so aba, ɛnyɛ deɛ ɛbɛpo soɔ anaa deɛ ɛbɛhu soɔ,
12mframa a emu yɛ den sene saa firi hɔnom ara bɛba ama me. Afei me na meka atemmusɛm gu wɔn soɔ.
13Hwɛ! Ɔreforo aba sɛ mununkum,
na ne nteaseɛnam te sɛ mframa a ɛdi kyinhyia;
n’apɔnkɔ ho yɛ hare sene akɔdeɛ.
Yɛnnue! Na yɛawie sɛe!
14 Yes 1.16 Hohoro w’akoma ho firi bɔne mu,
O Yerusalem, na wɔagye wo.
Da bɛn na w’abusudwene
ntena wo mu nkɔsie?
15Na obi nne team firi Dan,
na ɔma wɔte mmusuo nka firi Efraim bepɔ so.
16Mommɔ amanaman no kɔkɔ sɛ ɔreba;
momma wɔnte wɔ Yerusalem.
Atɛfoɔ firi akyirikyiri asase so reba,
na wɔrebɛma wɔn nne so Yuda nkuro so.
17 Yer 1.15; 6.3 Wɔasɔre atia no atwa ne ho ahyia sɛ mfuo awɛmfoɔ,
ɛfiri sɛ wate me so atua, AWURADE asɛm nie.
18Wo kwan ne wo nneyɛɛ
na ama yeinom aba wo soɔ,
yei ne w’atemmuo na ɛyɛ nwono
na ɛduru w’akoma mu pɛɛ.
Yeremia di ne nkurɔfoɔ ho abooboo19 Yes 16.9 Me yam hyehye me, me yam hyehye me!
Merebrɛ yea mu!
O m’akoma afasuo mu!
M’akoma pere me,
mentumi memmua m’ano.
Ɛfiri sɛ mete totorobɛntohyɛn,
ɔko mu sebɔ.
20Abuo bɔ abuo so,
asase no nyinaa asɛe.
Mpofirim na me ntomadan asɛe,
me ntwamutam asɛe amonom.
21Ɛnkɔsi da bɛn na menhunu frankaa
na mente totorobɛntohyɛn?
22Ɛfiri sɛ me man agyimi.
Wɔnnim me,
wɔyɛ mma nkwaseafoɔ,
na wɔnni nhunumu.
Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ,
na papayɛ deɛ, wɔnnim.
23Mehwɛɛ asase, na hwɛ, na ɛyɛ sakasaka ne amamfo.
Na mehwɛɛ ɔsoro, na ne hann nni hɔ.
24Mehwɛɛ mmepɔ, na hwɛ, na ɛrewoso,
na nkokoɔ nyinaa rehinhim.
25Mehwɛe, na hwɛ, na onipa biara nni hɔ,
na ewiem nnomaa nyinaa atutu kɔ.
26Mehwɛe, na hwɛ, na mfuo adanedane anwea pradada,
na ɛso nkuro nyinaa abubu,
AWURADE anim, n’abufuo a emu yɛ hyeɛ no anim.
27 Yer 5.10, 18 Na sɛ AWURADE seɛ nie: Asase no nyinaa bɛdane amamfo, nso wie deɛ, merenwie no sɛe.
28Ɛno nti na asase di abooboo
na ɔsoro biri tumm wɔ soɔ,
ɛfiri sɛ maka, mabɔ me tirim, na merennu me ho,
na merensane memfiri ho.
29Apɔnkɔfoɔ ne agyantofoɔ kitikitiyɛ nti
kuro no nyinaa dwane.
Wɔhyɛnehyɛne adɔtɔ mu, na wɔforo abotan.
Nkuro nyinaa adeda mpan,
na obiara nte mu bio.
30Na wo nso, wo a wɔasɛe woɔ yi,
worekyerɛ sɛn ni na wofira tam kɔkɔɔ,
na wode sika ahyehyɛdeɛ hyehyɛ wo ho,
na wode adubire keka w’ani yi?
Ɔkwa ara kwa na wohyehyɛ wo ho fɛfɛɛfɛ.
Adɔfo apo wo,
wɔrepɛ wo aku wo.
31Na metee nne a ɛte sɛ ɔbaa a ɔreko awoɔ deɛ,
ahohiahia a ɛte sɛ ɔbaa a ɔrebone awoɔ deɛ,
Sion babaa nne, ɔsi apini,
ɔtrɛ ne nsam sɛ:
Mennue! Na me kra atɔ awudifoɔ nsam piti.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.