1 Berɛsosɛm 12 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Dawid akyidifoɔ a wɔdi kan

1 1 Sa 27.6 Na yeinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag berɛ a na ɔntumi nkɔ baabiara a ɔpɛ ɛsiane Kis ba Saulo nti; na wɔn nso wɔ nnɔmmarima a wɔboaa no akodie mu no mu;

21 Be 8.40 taduakurafoɔ a wɔtumi de nifa ne benkum to aboɔ ne agyan tadua soɔ.

3Saulo nuanom a wɔfiri Benyamin mu: Gibeani Semaa mma Ahieser a ɔdi tire ne Yoas ne Asmawet mma Yesiel ne Pelet ne Beraka ne Anatotni Yehu,

4ne Gibeonni Ismaia, aduasa no mu dɔmmarima, na ɔdi aduasa no so, ne Yeremia ne Yahasiel ne Yohanan ne Gederani Yosabad,

5Elusai ne Yerimot ne Bealia ne Semaria ne Harifini Sefatia.

61 Be 25.18 Elkana ne Yesia ne Asarel ne Yoeser ne Yasobeam, Korafoɔ,

7ne Yoela ne Sebadia, Yeroham mma a wɔfiri Gedor.

8 2 Sa 2.18 Na Gadfoɔ mu nnipa a wɔtee wɔn ho baa Dawid nkyɛn ɛserɛ so atenaeɛ no mu, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, na wɔyɛ akofoɔ a wɔkura kyɛm ne pea, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔ so adowa nie:

9Eser di wɔn panin, Obadia di hɔ, Eliab tɔ so mmiɛnsa,

10Mismana tɔ so nnan, Yeremia tɔ so nnum,

11Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson,

12Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron,

13Yeremia tɔ so du, Makbanai tɔ so dubaako.

14Yeinom firi Gad mma mu, wɔyɛ dɔm no mu atitire. Ɔbaako, akumaa koraa bɛtumi ɔha, na ɔkɛseɛ bɛtumi apem.

15Yeinom ne wɔn a wɔtwaa Yordan, bosome a ɛdi kan no mu, berɛ a na ayiri asram ne nsunoa nyinaa so no, na wɔkaa mmonhwa no mufoɔ nyinaa guiɛ, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam.

16Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ.

17Na Dawid firii adi baa wɔn anim na ɔbua see wɔn sɛ: Sɛ asomdwoeɛ so na moreba me nkyɛn, sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ mɛnya mo ho akoma pa sɛ yɛbɛyɛ baako. Na sɛ moreba abɛyi me ama m’atamfoɔ, nanso amumuyɛ biara nni me nsam yi, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn.

18Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ:

Yɛyɛ wo dea, O Dawid;

na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba!

Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo,

na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ,

ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo.

Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire.

19 1 Sa 29.4 Na Manasefoɔ mu binom nso wae bɛdɔmm Dawid berɛ a na ɔne Filistifoɔ rebɛne Saulo ako no. (Na wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ Filistifoɔ mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn tiri na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saulo nkyɛn.)

20Na ɔsii mu kɔɔ Siklag no, Manase mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem mpem so atitire.

21Na wɔn na wɔboaa Dawid ne afomfafoɔ asafo no dii asie. Na wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima akatakyie, na wɔyeyɛɛ ɛdɔm no mu asafohene.

22Na daa nyinaa na wɔde Dawid nkyɛn ba ara, sɛ wɔrebɛboa no, kɔsii sɛ wɔyɛɛ ɛdɔm kɛseɛ sɛ Nyankopɔn dɔm.

23Na yeinom ne nnipa a na wɔamia ama akodie a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔbɛdane Saulo ahennie ama no, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no dodoɔ:

24Yuda mma a wɔkura akyɛm ne mpea a wɔamia ama akodie, mpemnsia ahanwɔtwe,

25Simeon mma mu nnɔmmarima a wɔtumi akodie, mpemnson ne ɔha,

26Lewi mma mu, mpemnan ahansia,

27ne Yehoiada, Aaron bapɔmma, na nnipa mpensa ahanson ka ne ho,

282 Sa 15.24; 1 Be 6.8 ne Sadok, aberanteɛ dɔmmarima katakyie, ne n’agya fie asafohene aduonu mmienu

29ne Benyamin mma, Saulo nuanom, mu mpensa; na ɛde bɛsi berɛ no mu na wɔn mu dodoɔ ara adi Saulo fie nokorɛ;

30ne Efraim mma mu, mpemaduonu ahanwɔtwe, nnɔmmarima akatakyie, nnipa a wɔwɔ din wɔn mpanimfie mu:

31Manase abusuakuo fa no mu, mpemdunwɔtwe na wɔbɔɔ wɔn din sɛ wɔmmra mmɛsi Dawid hene.

32Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn.

33Sebulon mu nnipa mpem aduonu a wɔawedare wɔ akodie a wɔde akodeɛ nyinaa amia ama ɔsakorɔ sɛ wɔde akoma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid.

34Naftali mu asafohene apem, na nnipa a wɔkura akyɛm ne mpea mpemaduasa nson ka wɔn ho.

35Danfoɔ mu nnipa a wɔamia ama ɔko mpemaduonu nwɔtwe ne ahansia na wɔbaeɛ.

36Aser mu nnipa a wɔtumi kɔ akono mpemaduanan na wɔbaeɛ.

37Na wɔn a wɔfiri Yordan agya a wɔfiri Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no mu nnipa a wɔkura akodeɛ ahodoɔ nyinaa, mpemha ne mpemaduonu.

38Mmarima akofoɔ a wɔde akoma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua soɔ yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebɛsi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkaeɛ no nyinaa nso nyaa Dawid ahensie ho akoma korɔ.

39Na wɔne Dawid dii hɔ nnansa didi nomee ɛfiri sɛ na wɔn nuanom ahyɛ wɔn akyi.

40Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kɔsi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduane bae, mfunumu ne yoma ne mfunumupɔnkɔ ne anantwie so, esiam aduane ne borɔdɔma taterɛ ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwie ne nnwan pii pa, na anigyeɛ baa Israel.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help