1 Dwom 38.1; Yer 10.24 AWURADE, mfa w’abufuo nka m’anim,
na mfa w’abufuhyeɛ ntwe m’aso.
2 Dwom 51.8 AWURADE, hu me mmɔbɔ, ɛfiri sɛ meyɛ hodwoo;
AWURADE, sa me yadeɛ, na me nnompe abɔ huboaa,
3 Dwom 13.1-2 na me kra nso abɔ huboaa sɛ.
Na wo, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn?
4Sane bra, AWURADE, bɛgye me kra,
gye me nkwa w’adɔeɛ nti.
5 Dwom 30.9; 88.10; 115.17 Na wo ho nkaeɛ nni owuo mu.
Hwan na ɔbɛyi wo ayɛ Asamandoɔ?
6M’apinisie ama mabrɛ,
anadwo biara, me mpa fɔ,
mede me nisuo mefɔ me nnaeɛ.
7 Dwom 31.9; Hiob 17.7 Awerɛhoɔ ama m’ani ayɛ samoo,
ɛso ayɛ wisiwisi, m’ahohiahiafoɔ nyinaa nti.
8Mo amumuyɛfoɔ nyinaa, momfiri me so mfi!
Na AWURADE ate me su.
9AWURADE ate me nkotosrɛ,
AWURADE bɛgye me mpaebɔ so.
10 Dwom 35.4, 26; 40.14 M’atamfoɔ nyinaa ani bɛwu, na wɔn ho adwiri wɔn sɛ,
na wɔapatu de fɛreɛ asane.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
