Nnwom 101 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɔhene bɔhyɛDawid dwom.

1Mɛto adɔeɛ ne atemmuo ho dwom,

wo, AWURADE, na mɛto dwom yi mama woɔ.

2Mede nimdeɛ bɛfa pɛyɛ kwan so.

Da bɛn na wobɛba me nkyɛn?

Mede m’akoma pɛyɛ bɛnante

me fie.

3 Mmb 20.8, 28 Meremma ahuhusɛm

biara nsi m’ani so,

mekyiri ahohwisɛmdie,

ɛremfam me ho.

4Akoma kontonkyi mpare me,

bɔne rensɔ m’ani.

5Deɛ ɔhunta twiri ne yɔnko no,

ɔno na mɛtwa no;

ahantan ani ne akoma a ɛhoran

merempene no.

6 Mmb 22.11 M’ani wɔ asase so nokwafoɔ so,

sɛ wɔmmɛtena me ho;

deɛ ɔnam pɛyɛ kwan soɔ no,

ɔno na ɔmmɛsom me.

7Deɛ ɔtwa nkontompo

rentena me dan mu,

deɛ ɔkeka atorosɛm

rennyina m’anim.

8 Mmb 20.26 Daa anɔpa mɛtwitwa asase so

abɔnefoɔ nyinaa,

na matu amumuyɛfoɔ nyinaa

mafiri AWURADE kuro mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help