Yudit 7 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Ɛsa a wɔtu no wɔ Betulia so

1Adeɛ kyeeɛ no, Holoferne hyɛɛ n’asraafoɔ no nyinaa, ne wɔn a wɔne no apam no nyinaa sɛ wɔntu wɔn nsraban no na wɔnto nhyɛ Betulia so, na wɔnnye akwan a ɛkɔ nkokoɔ nkuro so no mfa, na wɔne Israelfoɔ nkɔko.

2Ɛno nti wɔn akofoɔ nyinaa kɔe ɛda no ara. Na wɔn akofoɔ no yɛ mpem ɔha aduɔson; asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, ne apɔnkɔsotefoɔ mpem dummienu, ne wɔn nnesoa a anammɔn mu asraafoɔ a wɔsoa nka ho, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

3Wɔkyeree nsra wɔ bɔnhwa a ɛbɛn Betulia no mu, wɔ nsuwa no nkyɛn hɔ, na wɔtrɛɛ wɔn mu wɔ Dotan so, de kɔe ara kɔsii Balbaim, na wɔn tentene firi Betulia kɔsi Siamon a ɛne Esdraelon hwɛ anim no.

4Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu wɔn dɔm kɛseɛ no, wɔsuroe kɛseɛ pa ara, na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Saa dɔm yi bɛpepa asase no nyinaa so kokwakokwa. Mmepɔ atenten anaa mmɔnhwa no anaa nkokoɔ no rentumi nnyina wɔn mu duro ano.

51 Mak 12.28-29 Nanso wɔn nyinaa miaeɛ wɔn akodeɛ, na ɛberɛ a wɔsosɔɔ gya wɔ wɔn abantenten no soɔ no, wɔgyinaa hɔ wɛnee anadwo mu no nyinaa.

6Na ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Holoferne de n’apɔnkɔsotefoɔ nyinaa firii adi a Israelfoɔ no ani tua wɔ Betulia.

7Ɔkɔhwɛɛ akwan a ɛde kɔ wɔn kuro no mu, na ɔkɔhwɛɛ nsuwa a wɔnya wɔn nsuo firi hɔ, na wɔgye faeɛ na ɔde asraafoɔ awɛmfoɔ gyinagyinaa hɔ, na ɔsane kɔɔ n’asraafoɔ no nkyɛn.

8Afei Edomfoɔ mpanimfoɔ nyinaa ne Moabfoɔ akannifoɔ ne mpoano asafohene no nyinaa baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ:

9Me wura, tie deɛ yɛwɔ ka kyerɛ woɔ yi, na amma w’asraafoɔ no anwuwu.

10Saa nkurɔfoɔ yi, Israelfoɔ yi mmfa wɔn ho nnto wɔn pea so na mmom mmepɔ atenten so a wɔteɛ hɔ, ɛfiri sɛ ɛnyɛ adeɛ a ɛyɛ mmerɛ sɛ wɔtumi kɔ wɔn mmepɔ no atifi hɔ.

11Yei nti, me wura, nkɔto nhyɛ wɔn so, na saa na ɛremma w’asraafoɔ no mu baako mpo nwu.

12Tena wo nsraban mu, na ma w’asraadɔm mmarima no nyinaa nka wo ho; w’asomfoɔ no nko na ma wɔnkɔfa nsuwa a ɛtene firi bepɔ n’ase hɔ,

13na ɛhɔ na nnipa a wɔwɔ Betulia nyinaa nya wɔn nsuo firie. Afei sukɔm bɛku wɔn, na wɔbɛgya wɔn kuro no ama. Na ansa na no, yɛn ne yɛn nkurɔfoɔ bɛkɔ mmepɔ a ɛbɛn no atifi na yɛakyere nsra wɔ hɔ de ahwɛ sɛ obiara mfiri kuro no mu mfiri.

14Ɛkɔm bɛkunkum wɔn ne wɔn yerenom ne wɔn mma, na ansa na yɛbɛtwe nkrantɛ akɔ wɔn soɔ no, na wɔawuwu deda mmɔntene so, faako a wɔtete no.

15Ɛno nti wode bɔne bɛtua wɔn ka, ɛfiri sɛ wɔtee atua na wɔannye wo asomdwoeɛ mu.

16Saa nsɛm yi sɔɔ Holoferne ne n’asomfoɔ nyinaa ani, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ sɛdeɛ wɔaka no.

17Yei nti, asraafoɔ a wɔfiri Amon no kɔɔ wɔn anim, wɔne Asiriafoɔ mpem nnum, na wɔkyeree nsra wɔ bɔnhwa no mu, na wɔgyee nsuwa a na Israelfoɔ no nya nsuo firie no faeɛ.

18Ɛnna Edomfoɔ ne Amonfoɔ no foro kɔɔ mmepɔ no atifi na wɔkyeree nsraban hɔ a na ɛhwɛ Dotan kuro no anim. Wɔsomaa wɔn mmarima no bi kɔɔ anafoɔ-apueeɛ fam a ɛkɔ Egrebe, a ɛbɛn Kusi a ɛda Asubɔnten Mokmur ho no. Na Asiria asraafoɔ nkaeɛ no kyeree nsra wɔ petee no mu hɔ, na wɔhyɛɛ asase no so ma. Wɔn ntomadan ne wɔn nnoɔma a wɔde nam trɛ yɛɛ hɔ ma, na wɔyɛɛ ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

Israelfoɔ ahohiahia

19Ɛnna Israelfoɔ su frɛɛ Awurade wɔn Nyankopɔn, ɛsiane sɛ na wɔn akokoɔduro asa, ɛfiri sɛ wɔn atamfoɔ nyinaa abɛtwa wɔn ho ahyia, na ɔkwan a wɔde bɛdwane biara nni hɔ.

20Asiria asraafoɔ nyinaa, wɔn asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ twaa wɔn ho hyiaa nna aduasa nnan, kɔsii sɛ onipa biara a ɔte Betulia no ahina mu nsuo saeɛ;

21na wɔn mmura mu rewe, na da biara nni hɔ a na wɔnya nsuo a ɛso wɔn, ɛfiri sɛ na wɔsusu nsuo de ma wɔn nom.

22Wɔn mma werɛ hoeɛ, na sukɔm no maa mmaa ne mmeranteɛ totɔɔ baha na wɔtwitwa hwee wɔ kuro mmɔntene so ne aboboano; na ahoɔden biara nni wɔn mu bio.

23Afei nnipa no nyinaa, mmeranteɛ, mmaa, ne nkwadaa boaa wɔn ano hyiaa Ussia ne kuro no mu mpanimfoɔ na wɔde ɛnne a ɛgyegyeɛ sui, na wɔkaa wɔ mpanimfoɔ no anim sɛ:

24Ma Onyankopɔn nni yɛn ntam asɛm! Moadi yɛn awu pa ara sɛ mone Asiriafoɔ anyɛ asomdwoeɛ apam.

25Na afei yɛnni obi a ɔbɛboa yɛn; Onyankopɔn de yɛn ahyɛ wɔn nsa, sɛ ɔde yɛn bɛgu fam wɔn anim wɔ sukɔm ne ɔsɛeɛ mu.

26Afei momfrɛ wɔn mmra na monyaa kuro yi nyinaa mfa mma Holoferne ne n’asraafoɔ no nyinaa sɛ fom adeɛ.

27Na ɛbɛyɛ ama yɛn sɛ wɔbɛfa yɛn nnommum. Ɛwom sɛ yɛbɛyɛ nkoa deɛ, nanso yɛbɛnya yɛn ti adidi mu, na yɛrenhunu nkumaa a wɔwɔ yɛn mu no sɛ wɔrewuwuo, ne yɛn yerenom ne yɛn mma sɛ wɔrehome ɔhome a ɛdi akyire.

28Yɛfrɛ ɔsoro ne asase ne yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ yɛn nananom Awurade, deɛ ɔtwe yɛn aso wɔ yɛne yɛn nananom bɔne ho no sɛ adansefoɔ tia mo; na yɛ ɛnnɛ da yi nnoɔma a yɛakyerɛkyerɛ mu no nyinaa.

29Yei nti wɔn nyinaa maa kwadwom kɛseɛ so wɔ dɔm no mu, na wɔde nne kɛseɛ su frɛɛ Awurade Nyankopɔn.

30Nanso Ussia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mommmɔ hu, me nuammarima ne me nuammaa! Momma yɛntwɛn nna nnum nka ho; na sɛ nna no so a, Awurade yɛn Nyankopɔn bɛhu yɛn mmɔbɔ bio, na ɔrennyaa yɛn saa koraa.

31Na mmom, sɛ saa nna yi twam, na sɛ mmoa biara amma a, ɛnneɛ mɛyɛ sɛdeɛ moreka no.

32Ɛnna ɔgyaa nkurɔfoɔ no kwan maa wɔkɔɔ faako a wɔwɛn no, na wɔkɔgyinagyinaa wɔn kuro afasuo ne abantenten so. Na mmaa ne nkwadaa no deɛ, wɔgyaa wɔn kwan kɔɔ fie. Na awerɛhoɔ kɛseɛ baa kuro no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help