1Saulo bɛdii hene na wadi bɛboro mfirinhyia aduasa. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu no,
2ɔyii Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saulo nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔ so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea-benyamin; na ɔman a aka no, ɔgyaa wɔn kwan maa wɔkɔɔ wɔn ntomadan mu.
31 Sa 14.49 Na Yonatan kaa Filistifoɔ bansifoɔ a wɔwɔ Geba no gui; na Filistifoɔ teeɛ. Ɛnna Saulo hyɛnee totorobɛnto asase no nyinaa soɔ sɛ: Momma Hebrifoɔ nte!
4Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.
5Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.
6Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.
7Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.
Saulo afɔrebɔ a ɛmfata8 1 Sa 10.8 Na ɔtwɛnee nnanson a ɛne berɛ a Samuel hyɛeɛ no; nanso Samuel amma Gilgal, na ɔman no firii ne ho hwetee.
9Ɛnna Saulo kaa sɛ: Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.
10Na hwɛ, ɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, na Samuel baeɛ; na Saulo firii adi sɛ ɔrekɔhyia no akyea no.
11Ɛnna Samuel kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Na Saulo se: Mehunuu sɛ ɔman no refiri me ho ahwete, na wo nso woamma berɛ a wohyɛeɛ no, na Filistifoɔ aboa wɔn ano Mikmas,
12ɛnna mese: Afei Filistifoɔ bɛsiane aba me so Gilgal, nso mennya menyii AWURADE mpaeɛ, enti na mehyɛɛ me ho mebɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.
13Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Woadi nkwaseasɛm, woanni AWURADE wo Nyankopɔn mmara asɛm a ɔhyɛɛ woɔ no so. Na anka afei na AWURADE rebɛma w’ahennie atim Israel so daa:
14Aso 13.22 Na afei w’ahennie rennyina. AWURADE bɛhwehwɛ n’akoma so barima afa, na AWURADE asi ne man so hene, ɛfiri sɛ woanni deɛ AWURADE hyɛɛ woɔ no so.
15Na Samuel sɔre firii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saulo kan ɛdɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.
16Na Saulo ne ne ba Yonatan ne ɛdɔm a wɔne wɔn wɔ hɔ no tenaa Gibea-benyamin, nso na Filistifoɔ akyere nsraban wɔ Mikmas.
17Na afomfafoɔ akuo mmiɛnsa firi Filistifoɔ nsram bae: Asafokuo baako te faa Ofra kwan so kɔɔ Sual asase so;
18na asafokuo baako te faa Bet-horon kwan so, na asafokuo baako nso te faa ɛhyeɛ a ɛkyerɛ Seboim bonhwa no kwan so kɔɔ ɛserɛ so fam.
19 Ate 5.8 Nanso na ɔtomfoɔ biara nni Israel asase no so baabiara, ɛfiri sɛ Filistifoɔ kaa sɛ: Anyɛ saa a, Hebrifoɔ bɛbɔ nkrantɛ ne mpea.
20Na na Israel nyinaa siane kɔ Filistifoɔ nkyɛn kɔse wɔn funtum nnadeɛ ne wɔn nsɔ ne wɔn nkuma ne wɔn kantankrankyi;
21na wɔgye funtum nnadeɛ ne nsɔsɔ no biara ho dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako, na wɔse nkuma anaa wɔsiesie nnadeɛ a wɔde ka mmoa nso a, wɔgye dwetɛbena abupɛn mmiɛnsa mu baako mmɔho.
22Na koda no, wɔanhunu nkrantɛ anaa pea ɛdɔm a wɔne Saulo ne Yonatan wɔ hɔ no mu biara nsam gye Saulo ne ne ba Yonatan nsam na wɔhunuu bie.
23Na Filistifoɔ bansifoɔ no firii adi kɔɔ Mikmas afaeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.