1 Wɔde Yesu kɔgyina Ɔsɔfo panin anim(Mateo 26.57-75; Marko 14.53-72; Luka 22.54-71)
12Ɛnna asraafokuo no ne wɔn safohene ne Yudafoɔ asomfoɔ no sɔɔ Yesu mu, na wɔkyekyeree no,
13na wɔde no kɔɔ Hana nkyɛn kane; na Kaiafa a ɔdi afe no mu sɔfo panin ase ne no.
14Yoh 11.49-50 Nso Kaiafa no ne deɛ ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ: Ɛyɛ sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.
Petro pa n’Awurade15Na Simon Petro ne osuani baako bi dii Yesu akyi; nso ɔsɔfo panin no nim osuani no, na ɔne Yesu hyɛnee ɔsɔfo panin no aban mu hɔ.
16Na Petro deɛ, ɔgyinaa mfikyire pono no ano. Ɛnna osuani baako a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi bɛka kyerɛɛ ɔbaa a ɔhwɛ pono no ano no, na ɔde Petro baa mu.
17Ɛnna abaawa a ɔhwɛ pono no ano no see Petro sɛ: Wo nso womfiri onipa yi asuafoɔ mu bi anaa? Petro buaa sɛ: Dabi.
18Nso na nkoa ne asomfoɔ no gyinagyina hɔ asɔ gya, ɛfiri sɛ awɔ aba, na wɔretoɔ; na Petro nso ne wɔn gyina hɔ na ɔreto bie.
Ɔsɔfo panin no asɛmmisa19Ɛnna ɔsɔfo panin no bisaa Yesu n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm.
20Yoh 7.14; 7.26 Yesu buaa no sɛ: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee.
21Adɛn na wobisa me? Bisa wɔn a wɔteeɛ no, ne deɛ mesee wɔn; hwɛ, wɔn na wɔnim deɛ mekaeɛ.
22Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie?
23Yesu buaa no sɛ: Sɛ maka no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ ɛyɛ a, adɛn nti na wobɔɔ me?
24Hana maa wɔde homa kyekyeree no kɔmaa Ɔsɔfopanin Kaiafa.
Petro pa n’Awurade bio25Na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔsee no sɛ: Wo nso, womfiri n’asuafoɔ no mu anaa? Ɔsanee sɛ: Dabi!
26Ɔsɔfo panin no nkoa no mu baako a ɔyɛ deɛ Petro twaa n’aso no busuani kaa sɛ: Manhu wo ne no turom hɔ?
27Ɛnna Petro sanee bio, na ntɛm ara akokɔ bɔnee.
Wɔde Yesu kɔma amrado(Mateo 27.1-2, 11-14; Marko 15.1-5; Luka 23.1-5)28Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no.
29Ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: Kwaadu bɛn na mobɔ tia saa onipa yi?
30Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.
31Yoh 19.6-7 Ɛnna Pilato see wɔn sɛ: Mo ara momfa no, na monkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ. Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Yɛn deɛ, yɛnni ho kwan sɛ yɛkum obiara.
32Yoh 12.32-33; Mat 20.19 (Ɛbaa saa na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)
33Ɛnna Pilato hyɛnee amrado aban no mu bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa?
34Yesu buaa no sɛ: Ɛfiri wo ara wo tirim na woka yei, anaasɛ nnipa bi na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ?
35Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ?
36Yesu buaa sɛ: M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me anhyɛ Yudafoɔ no nsa; nanso m’ahennie mfiri ha.
371 Ti 6.13 Ɛnna Pilato see no sɛ: Na woyɛ ɔhene ne no? Yesu buaa sɛ: Wo na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Me deɛ, yei nti na wɔwoo me, na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ; obiara a ɔfiri nokorɛ no mu no tie me nne.
38Pilato see no sɛ: Ɛdeɛn ne nokorɛ?
Wɔbua Yesu kumfɔNa ɔkaa yei no, ɔfirii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn bio na ɔsee wɔn sɛ: Me deɛ, menhunu ne mu afobusɛm biara.
39Nso mowɔ amanneɛ sɛ megyaa ɔbaako mema mo Twam da mu; enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no mema mo anaa?
40Ɛnna wɔn nyinaa teaa mu bio sɛ: Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba! Nso Baraba yɛ odwotwafoɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.