1 Berɛsosɛm 16 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Dawid aseda ne ayeyie dwom

1 2 Sa 6.17-19 Na wɔde Nyankopɔn adaka no baa mu, de bɛsii ntomadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ Nyankopɔn anim.

2Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no.

3Na ɔkyekyɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mmarima ne mmaa, obiara, paanoo mua ne nankum ne bobe aba taterɛ.

4Na ɔyeyɛɛ Lewifoɔ no mu bi asomfoɔ wɔ AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ.

5Asaf ne panin, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-Edom ne Yeiel, wɔkurakura mmɛnta ne nsankutene, na Asaf deɛ, ɔbɔ nnawuro a ɛgyegyeɛ.

6Na Benaia ne Yahasiel, asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto daa daa Nyankopɔn apam adaka no anim.

7Da no ara na Dawid maa wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kane.

8 Dwom 105.1-15 O monna AWURADE ase, mommɔ ne din,

momma wɔnhunu ne nneyɛɛ aman mu.

9Monto no dwom, monto no ayeyie dwom,

monka n’anwanwadeɛ nyinaa.

10Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho,

ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam.

11Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan,

monhwehwɛ n’anim daa daa.

12Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ,

n’ahodwirideɛ ne n’anomu atemmusɛm.

13O ne somfoɔ Abraham asefoɔ,

Yakob a ɔfaa no no mma.

14Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn,

n’atemmudeɛ wɔ asase nyinaa so.

15Wɔnkae n’apam no nkɔsi daa,

asɛm a ɔhyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ apem no,

16sɛdeɛ ɔne Abraham pameeɛ no

ne ne ntam a ɔkaa Isak no.

17Na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ,

ne Israel sɛ daa apam

18kaa sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma woɔ,

sɛ wo agyapadeɛ a wɔakyɛ no susuhoma soɔ.

19Berɛ a na wɔsua,

na wɔmmu wɔn ho akonta wɔ akyinkyinakyinkyin mu,

20na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu,

wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no,

21 Gye 12.17; 20.3; 26.9 wamma obi anhom wɔn so,

na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim:

22Sɛ monnka wɔn a wɔasra wɔn no,

na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne biara.

23 Dwom 96 Monto AWURADE dwom, asase nyinaa so!

Mompae ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu.

24Monka n’animuonyam wiase aman mu,

ne n’anwanwadeɛ aman nyinaa mu.

25Na AWURADE yɛ ɔkɛseɛ na ɔsɛ ayeyie sɛ,

na ne ho yɛ hu anyame nyinaa mu.

26Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo,

na AWURADE deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.

27Anidie ne animuonyam wɔ n’anim,

tumi ne anika wɔ ne tenabea.

28 Dwom 29.1-2 Aman mmusuakuo, momma AWURADE,

momma AWURADE animuonyam ne tumi.

29Momfa AWURADE din no animuonyam mma no,

monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’anim.

Monsɔre AWURADE wɔ ahokeka kronkron mu.

30Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim.

Wiase tim hɔ pintinn, ɛrenhinhim da.

31Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsane no;

wɔnka no amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene.

32Ɛpo ne ne mayɛ bɛworo.

Mfofowa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɛdi ahurisie.

33Ɛno na kwaeɛ mu nnua bɛto ahosan nnwom, AWURADE anim,

ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu asase atɛn.

34 Dwom 106.1, 47-48 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

35Na monka sɛ:

Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn,

na boaboa yɛn ano, na yi yɛn firi amanaman mu,

na yɛnna wo din kronkron no ase,

na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.

36 Dwom 41.13 Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn,

firi daa kɔsi daa.

Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ Amen, de yii AWURADE ayɛ.

Onyamesom no ho nsiesieeɛ

37Ɛnna ɔgyaa Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa, sɛdeɛ ɛhia da biara;

38na Obed-Edom ne wɔn nuanom yɛ aduosia nwɔtwe, na Yedutun ba Obed-Edom ne Hosa yɛɛ apono ano ahwɛfoɔ.

391 Be 21.29 Na ɔgyaa Ɔsɔfoɔ Sadok ne ne nuanom asɔfoɔ hɔ AWURADE tenabea no anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no,

40Eks 29.38-39 sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, mma AWURADE daa daa anɔpa ne anwummerɛ nyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa.

41Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔyii wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkaeɛ, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

42Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.

43Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie, na Dawid nso sane kɔ kɔhyiraa ne fiefoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help