1 Lew 9.24; 1 Ah 18.38; Eks 40.34 Na Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya firi soro ba bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ no, na AWURADE animuonyam bɛyɛɛ asɔredan no ma.
2Na asɔfoɔ no antumi anhyɛne AWURADE dan no mu, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam no ayɛ AWURADE dan no ma.
32 Be 5.13; Dwom 136 Na Israel mma no nyinaa hunuu sɛ ogya ne AWURADE animuonyam aba efie no soɔ no, wɔde wɔn anim butubutuu fam aboɔ nsɛeɛ no so sɔree, na wɔdaa AWURADE ase sɛ,
“ɔyɛ na n’adɔeɛ
wɔ hɔ daa”.
4 1 Ah 8.62-66 Na ɔhene ne ɔman no nyinaa bɔɔ okum afɔdeɛ AWURADE anim.
5Na Ɔhene Salomo de anantwie mpemaduonu mmienu ne nnwan mpemha aduonu bɔɔ okum afɔdeɛ, na ɔhene ne ɔman no nyinaa dwiraa Nyankopɔn fie no ho.
6Na asɔfoɔ no gyinagyina hɔ, wɔn som nnwuma so, na Lewifoɔ no nso kurakura AWURADE nsankuo a Ɔhene Dawid yɛeɛ sɛ wɔmfa nna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, berɛ a Dawid nam wɔn so yii AWURADE ayɛ no. Na asɔfoɔ no hyenhyɛnee ntotorobɛnto, wɔn ntentensoɔ, na Israel nyinaa gyinagyina hɔ.
7Na Salomo yɛɛ abannwa a ɛwɔ AWURADE dan no anim no kronkron, na ɛhɔ na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɔhyee asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a Salomo yɛeɛ no, na ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne sradeɛ nam no nsene so.
8Ɛberɛ no mu no, Salomo dii nnapɔnna no nnanson, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ pa ara a wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat kɔsi Misraim subonhwa ano.
9Num 7.10 Na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔyɛɛ afahyɛ nhyiamu, na afɔrebukyia no dwira, wɔdii no nnanson, ne nnapɔnna no nso, nnanson.
10Na bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so aduonu mmiɛnsa no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie. Na wɔn ani gyee na wɔn bo tɔɔ wɔn yam, adepa a AWURADE ayɛ Dawid ne Salomo ne ne man Israel no nti.
Nyankopɔn ahoyie a ɛtɔ so mmienu(1 Ahemfo 9.1-9)11 1 Ah 9.1-9 Na Salomo wiee AWURADE fie ne ɔhene fie no. Na deɛ ɛbaa Salomo akoma mu sɛ ɔbɛyɛ AWURADE fie ne ne fie mu no nyinaa wiee yie.
12Deut 12.5 Na AWURADE bɛyii ne ho kyerɛɛ Salomo anadwo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mate wo mpaebɔ, na mayi ha afa sɛ afɔrebɔ fie.
13Hwɛ, sɛ meto ɔsoro mu na osuo ntɔ, na sɛ mehyɛ ntutummɛ sɛ wɔmmɛdi asase no, na sɛ mede ɔyaredɔm ba me man mu,
14na sɛ me man a wɔabɔ me din wɔ wɔn soɔ no brɛ wɔn ho ase na wɔbɔ mpaeɛ, na wɔhwehwɛ m’anim, na wɔsane firi wɔn akwammɔne no so a, me nso mɛfiri ɔsoro matie, na mede wɔn bɔne akyɛ, na masa wɔn asase no yadeɛ.
152 Be 6.40 Afei m’ani bɛbue na mayɛ aso mama ɛha yi mpaebɔ.
16Na afei mafa efie yi ayɛ no kronkronbea, sɛ me din ntena hɔ nkɔsi daa, na m’ani ne m’akoma bɛtena hɔ nna nyinaa.
17Na wo deɛ, sɛ wonante m’anim sɛdeɛ w’agya Dawid nanteeɛ, sɛ wobɛyɛ deɛ mahyɛ woɔ nyinaa na woadi m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ so a,
182 Sa 7.12, 16 ɛnneɛ mɛma w’ahennie adwa atim, sɛdeɛ me ne w’agya Dawid pam sɛ meremma onipa a ɔbɛdi Israel soɔ mmɔ no no.
19Na sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ sane na mogya m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede magu mo anim yi, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ, na mosɔre wɔn a,
20Deut 28.37 ɛnneɛ mɛtu mo afiri m’asase a mede memaa mo no so, na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na mede ayɛ ɛbɛ ne ɛfene aman nyinaa mu.
21Deut 29.24-27; Yer 22.8-9 Na ɛdan a ɛkorɔn kɔ soro yi, obiara a ɔtwam ho no ho bɛdwiri no na waka sɛ: Ɛnam deɛn so nti na AWURADE ayɛ asase yi ne efie yi saa?
22Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE, wɔn agyanom Nyankopɔn a ɔyii wɔn firii Misraim asase soɔ no, na wɔakɔsosɔ anyame foforɔ mu asɔre wɔn asom wɔn, enti na ɔde mmusuo yi nyinaa aba wɔn soɔ yi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.