Yesaia 39 - Twer? Kronkron(ASWDC)

Hesekia ahokyerɛ

1 2 Ah 20.12-19; 2 Be 32.25-31 Ɛberɛ no mu no, Babelhene Merodak-Baladan a ɔyɛ Baladan ba soma maa wɔde nwoma ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ Hesekia, ɛfiri sɛ ɔtee sɛ ɔyaree na ne ho ayɛ no den.

2Na Hesekia nyaa wɔn ho anigyeɛ, na ɔkyerɛɛ wɔn n’adekoradan, dwetɛ ne sika, ne nnuhwam ne ngo pa, ne n’akodeɛdan nyinaa ne deɛ wɔhunu no n’adekora adan mu nyinaa; biribiara nni ne fie ne n’ahemman mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3Ɛnna Odiyifoɔ Yesaia baa Ɔhene Hesekia nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛn na nnipa yi seɛ, na ɛhe na wɔfiri baa wo nkyɛn yi? Na Hesekia se: Wɔfiri akyirikyiri asase bi so na wɔbaa me nkyɛn, wɔfiri Babel.

4Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na wɔahu no wo fie? Na Hesekia se: Deɛ ɛwɔ me fie nyinaa, wɔahunu, biribiara nni m’adekoradan mu a mamfa mankyerɛ wɔn.

5Ɛnna Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ: Tie asafo AWURADE asɛm:

6Hwɛ, nna bi reba a wɔbɛsoa deɛ ɛwɔ wo fie nyinaa ne deɛ w’agyanom akora de abɛduru nnɛ yi akɔ Babel; biribiara renka, AWURADE na ɔseɛ.

7Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.

8Ɛnna Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: AWURADE asɛm a woaka no, ɛyɛ. Ɛfiri sɛ ɔtee aseɛ sɛ, asomdwoeɛ ne ɔmannwoeɛ bɛba me berɛ so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help